Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu

A B D E Ɛ F G H I K L M N O Ɔ P R S T U W Y

A

  • Aaron mma.

    Wɔyɛ Lewi nanankansowa Aaron asefo. Aaron na wodii kan paw no ɔsɔfo panyin bere a na Mose Mmara no yɛ adwuma no. Aaron mma no na na wɔyɛ asɔfodwuma wɔ ɔsom ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ.​—1Be 23:28.

  • Ab.

    Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, Ab na na ɛyɛ bosome a ɛto so anum wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so 11 wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase July bosome no mpaemu kosi August bosome no mpaemu. Edin Ab nni Bible mu. Mmom Bible ka ho asɛm sɛ “bosome a ɛto so anum.” (Nu 33:38; Esr 7:9)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Aba a edi kan.

    Ɛyɛ aba a edi kan a wotwa wɔ twabere mu. Ɛsan yɛ biribiara a wodi kan yɛ anaa ade a edi kan a efi biribi mu ba biara. Yehowa kae sɛ Israelfo mfa wɔn aba a edi kan mma no. Onipa oo, aboa oo, asaase so nnɔbae oo, ɔkae sɛ wɔmfa nea edi kan mma no. Edu Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ ne Pentekoste Afahyɛ a, na Israel man no de aba a edi kan ma Onyankopɔn. Afei nso, wɔde “aba a edi kan” gyina hɔ ma Kristo ne n’akyidifo a wɔasra wɔn no.​—1Ko 15:23; Nu 15:21; Mme 3:9; Adi 14:4.

  • Abakan.

    Wɔka abakan a, nea ɛkyerɛ paa ne agya babarima panyin (ɛnyɛ ɛna ba a odi kan). Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, na ɔbabarima panyin wɔ nidi paa wɔ n’abusua mu. Sɛ ne papa wu a, ɔno na na wɔde no yɛ abusua ti ma ɔhwɛ fie. Wɔka abakan a, ɛsan nso kyerɛ mmoa mma anini a wodi kan. Ɛtɔ da a, wɔfrɛ wɔn ‘nyɛmmoa a wodi kan.’​—Ex 11:5; 13:12; Ge 25:33; Kol 1:15.

  • Aban Awɛmfo.

    Wɔyɛ Roma asraafokuw bi a na wɔbɔ Roma ɔhempɔn no ho ban. Aban awɛmfo no benyaa tumi kɛse wɔ amanyɔsɛm mu, efisɛ na wotumi taa ɔhempɔn bi akyi anaa wɔboa ma wotu no.​—Flp 1:13.

  • Abasam.

    Ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so susuw sɛnea nsu mu dɔ. Abasam baako yɛ mita 1.8 (anm. 6). (Aso 27:28)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Abɛn.

    Ɛyɛ mmoa mmɛn. Ná wotumi de nom nsu ne nsã. Ná wotumi de ngo gu mu. Ná wotumi de adubiri ne sradehuam nso gu mu, na na wotumi de bɔ nnwom. Ná wotumi nso bɔ de frɛ ɔmanfo. (1Sa 16:1, 13; 1Ah 1:39; Hes 9:2) Wɔka “abɛn” wɔ Bible mu a, wɔtaa de kyerɛ ahoɔden ne nkonimdi.​—De 33:17; Mik 4:13; Sak 1:19.

  • Abib.

    Ɛyɛ edin a mfiase no na wɔde frɛ bosome a edi kan wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so ason wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Ɛkyerɛ “Mmɛtem Mono (Hwiit Mmɛtem Mono).” Efi ase March bosome no mpaemu kosi April bosome no mpaemu. Bere a Yudafo no fi Babilon bae no, wɔsesaa bosome Abib din frɛɛ no Nisan. (De 16:1)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Aboa nhoma.

    Ɛyɛ oguan, apɔnkye, anaa nantwi ba nhoma a wɔayɛ no kama sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛw so. Ná etumi kyɛ sen ade a wɔkyerɛw so a wɔde demmire ayɛ. Nhoma mmobɔwee a wɔkyerɛw Bible wɔ so no, ebi wɔ hɔ a aboa nhoma na wɔde yɛe. Aboa nhoma a Paul ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmfa mmrɛ no no, ɛbɛyɛ sɛ na Hebri Kyerɛwnsɛm no afã ahorow bi na ɛwɔ so. Ɛpo a Awu Nhoma Mmobɔwee no, ebi wɔ hɔ a wɔde aboa nhoma na ɛyɛe.​—2Ti 4:13.

  • Abohene tuntum.

    Ɛyɛ aboɔden abo bi. Ɛyɛ omununkumbo denneennen bi a ne kɔla adi afra. Abohene tuntum no, wohwɛ a wubehu sɛ ɛyɛ fitaa, ɛnna tuntum, brawn, kɔkɔɔ, nsõnsõ, ne ahabammono nenam mu. Ná wɔde abohene tuntum bobɔ ɔsɔfo panyin no asɔfotaade mu.​—Ex 28:9, 12; 1Be 29:2; Hio 28:16.

  • Abosonnua.

    Hebri asɛmfua (ʼashe·rahʹ) a wɔkyerɛ ase ‘ɔbosom dua’ no, ɛkyerɛ (1) ɔbosom dua a egyina hɔ ma Kaananfo nyamebea a ɔma awo a wɔfrɛ no Asera, anaa (2) onyamebea Asera ankasa honi. Abosom nnua no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔde sisi ntenten. Ebi wɔ hɔ a, ne fã pɛ na na ɛyɛ dua. Ebetumi aba sɛ na ɛyɛ adum a wɔnsenee, na ebi mpo a na ɛyɛ nnua a esisi hɔ.​—De 16:21; Ate 6:26; 1Ah 15:13.

  • Abosonsom.​—

    Hwɛ AHONI.

  • Abotiri.

    Ɛyɛ ntama a obi de kyekyere ne ti sɛ ahemmotiri. Ná ɔsɔfo panyin no bɔ abotiri bi a wɔde nwera pa ayɛ, na na wɔde ahama bruu akyekyere ade tratraa bi a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ abɔ abotiri no anim. Ná ɔhene bɔ abotiri ansa na wahyɛ n’ahenkyɛw asi so. Hiob nso kaa abotiri ho asɛm de kyerɛɛ biribi foforo; ɔde n’atɛntrenee totoo abotiri ho.​—Ex 28:36, 37; Hio 29:14; Hes 21:26.

  • Abɔfo.

    Efi Hebri asɛmfua mal·ʼakhʹ ne Greek asɛmfua agʹge·los mu. Nsɛmfua abien no nyinaa, ne nkyerɛase tee ne ‘ɔsomafo,’ nanso sɛ wɔde reka ahonhom a wɔasoma wɔn ho asɛm a, wɔkyerɛ ase “ɔbɔfo.” (Ge 16:7; 32:3; Yak 2:25; Adi 22:8) Abɔfo yɛ abɔde a wɔyɛ honhom a wɔwɔ tumi paa. Onyankopɔn bɔɔ wɔn koraa ansa na ɔrebɔ nnipa. Bible mu no, wɔsan frɛ wɔn “ahotefo mpempem pii,” “Onyankopɔn mma,” anaa “adekyee nsoromma.” (De 33:2; Hio 1:6; 38:7) Wɔammɔ abɔfo sɛ wɔnwo na wɔnyɛ bebree, mmom wɔhyɛɛ da bɔɔ ɔbɔfo biara. Wɔn dodow boro ɔpepem ɔha. (Da 7:10) Bible ma yehu sɛ, ɔbɔfo biara wɔ ne din ne sɛnea ɔte, nanso wɔn ahobrɛase nti, wɔmpɛ sɛ obiara som wɔn, na dodow no ara mpo mpɛ sɛ wɔbɔ wɔn din kyerɛ nkurɔfo. (Ge 32:29; Lu 1:26; Adi 22:8, 9) Abɔfo no dibea gu ahorow, na adwuma a wɔde ama wɔn nso gu ahorow. Ebinom som wɔ Yehowa ahengua anim, ebinom nso, Yehowa soma wɔn ma wɔkɔka n’asɛm kyerɛ nkurɔfo, ebinom twitwa gye Yehowa asomfo a wɔwɔ asaase so, ebinom twe nkurɔfo aso ma Onyankopɔn, ɛnna ebinom nso boa ma wɔka asɛmpa no. (2Ah 19:35; Dw 34:7; Lu 1:30, 31; Adi 5:11; 14:6) Daakye wɔbɛka Yesu ho ama wɔako Armagedon ko no.​—Adi 19:14, 15.

  • Adanse Abopon.

    Sɛ wɔka “Adanse Abopon” a, mpɛn pii no ɛkyerɛ Mmara Nsɛm Du a wɔkyerɛw guu abopon abien so de maa Mose no.​—Ex 31:18.

  • Adar.

    Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, Adar na na ɛyɛ bosome a ɛto so 12 wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so asia wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase February bosome no mpaemu kosi March bosome no mpaemu. (Est 3:7)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Adekyee nsoromma.

    Ɛno ne nsoromma a etwa to a epue wɔ Apuei fam ansa na owia ayi ne ti. Ɛno na ɛma yehu sɛ yɛawura da foforo mu.​—Adi 22:16; 2Pe 1:19.

  • Adiwo.

    Ɛyɛ asaase a ɛda petee mu. Ná ɛda ɔsom ntamadan no ho nyinaa, na na wɔagye ho ban. Akyiri yi, nsaase a ɛda petee mu a wɔato ho ɔfasu a na ɛdeda asɔrefi no ho no, na wɔfrɛ emu biara adiwo. Ná afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no si ɔsom ntamadan no adiwo. Asɔrefi hɔ nso, adiwo a ɛwɔ mfinimfini no, ɛhɔ na na afɔremuka no si. (Hwɛ Nkh. B5, B8, B11.) Bible san ka sɛ, na afie ne ahemfi bi nso wowɔ adiwo.​—Ex 8:13; 27:9; 1Ah 7:12; Est 4:11; Mt 26:3.

  • Adom.

    Efi Greek asɛmfua bi mu, na nea ɛkyerɛ ne biribi a ɛsɔ ani anaa ɛyɛ fɛ. Wɔtaa de saa asɛm no yɛ adwuma de kyerɛ akyɛde a obi yi ne yam de ma obi anaa sɛnea obi bue ne nsam kyɛ ade. Sɛ wɔka Onyankopɔn adom a, ɛkyerɛ akyɛde bi a Onyankopɔn yi ne yam de ma obi kwa a ɔnhwɛ kwan sɛ onipa no betua no ka. Enti Onyankopɔn adom kyerɛ akyɛde bebree a Onyankopɔn de ma nnipa ne ɔdɔ ne ayamye bebrebe a oyi no adi kyerɛ wɔn no. Greek asɛmfua a wɔkyerɛ ase adom no, wotumi nso kyerɛ ase sɛ “akyɛde a obi yi ne yam de ma.” Ɛnyɛ biribi a obi ayɛ nti na onya saa akyɛde no, mmom nea ɔrekyɛ ade no ayamye nti na ɔde ma no.​—2Ko 6:1; Efe 1:7.

  • Adɔe.

    Nea ɛkyerɛ ne sɛ obi de biribi bɛkyɛ obi a ahia no. Hebri Kyerɛwnsɛm no nhyɛ da nka adɔe ho asɛm, nanso Mmara no maa Israelfo akwankyerɛ pɔtee sɛ wɔmmoa ahiafo.​—Mt 6:2.

  • Aduhuam.

    Ɛyɛ nnua mu nsu a ɛyɛ huam a akyenkyen ne sradehuam a wɔde afra. Sɛ ɛrehyew a, ɛhyew nkakrankakra, na ɛyɛ huam paa. Aduhuam soronko bi wɔ hɔ a na wɔhyew wɔ ɔsom ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ. Nneɛma anan na na wɔde fra yɛ saa aduhuam no. Ná wɔhyew saa aduhuam no anɔpa ne anadwo wɔ aduhuam afɔremuka a ɛwɔ Kronkronbea hɔ no so. Sɛ edu Mpata Da no a, na wɔhyew wɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Ná egyina hɔ ma Onyankopɔn asomfo anokwafo mpae a ogye tom. Kristofo de, Onyankopɔn nka sɛ wɔnhyew aduhuam wɔ wɔn som mu.​—Ex 30:34, 35; Le 16:13; Adi 5:8.

  • Adumgya.

    Ɛyɛ nneɛma bi a na wɔde yɛ adwuma wɔ ɔsom ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ. Ná wɔde sika kɔkɔɔ anaa kɔbere na ɛyɛ adumgya no. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛte sɛ apaso anaa akapɛ a wɔde twitwa nkanea no ntamaban so.​—2Ah 25:14.

  • Afodi afɔre.

    Ɛyɛ afɔre a obi bɔ de srɛ bɔnefakyɛ wɔ n’ankasa bɔne ho. Saa afɔre yi yɛ soronko kakra; ɛnte sɛ bɔne ho afɔre a aka no. Nea ɛma ɛyɛ soronko ne sɛ, na Mose Mmara no ma nkurɔfo nya hokwan ahorow bi, na sɛ obi yɛ bɔne a, na etumi fi ne nsa. Nanso sɛ onu ne ho na ɔbɔ afodi afɔre no a, ɛkyerɛ sɛ wagye atom sɛ wayɛ bɔne atia Onyankopɔn na wama hokwan a obi nso wɔ abɔ no. Ɛno nti, na nea wayɛ bɔne no san nya hokwan a efii ne nsa no bio, na asotwe a wɔde maa no no nso, na wɔtew so.​—Le 7:37; 19:22; Yes 53:10.

  • Afɔre.

    Ɛyɛ biribi kakra a yɛde kyɛ Onyankopɔn de da no ase. Afei nso yɛde kyerɛ sɛ yɛayɛ bɔne, na yɛde hwehwɛ asomdwoe wɔ yɛne no ntam. Habel yii ne yam bɔɔ afɔre, na ɛno akyi no nnipa pii nso yii wɔn yam bɔɔ afɔre; ebi de mmoa na ɛbɔe. Eyi kɔɔ so kosii sɛ afɔrebɔ bɛyɛɛ mmara wɔ Mose Mmara apam no mu. Bere a Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre a edi mu no, na enhia sɛ wɔde mmoa bɔ afɔre bio. Kristofo de, wɔda so ara bɔ honhom fam afɔre ma Onyankopɔn.​—Ge 4:4; Heb 13:15, 16; 1Yo 4:10.

  • Afɔremuka.

    Ɛyɛ bamma bi a wɔde dɔte, abo, anaa ɔbo kɛse baako asi; wotumi nso de nnua a wɔde dade afa ho si. Ná nkurɔfo bɔ afɔre wɔ so anaa wɔhyew aduhuam wɔ so de som Onyankopɔn anaa abosom. Ɔdan a edi kan wɔ ɔsom ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ no, na “sika kɔkɔɔ afɔremuka” ketewa bi si hɔ a wɔhyew aduhuam wɔ so. Dua a wɔde sika kɔkɔɔ afa ho na wɔde yɛe. Ná “kɔbere afɔremuka” kɛse bi a wɔde bɔ ɔhyew afɔre si petee mu wɔ adiwo hɔ. (Ex 27:1; 39:38, 39; Ge 8:20; 1Ah 6:20; 2Be 4:1; Lu 1:11)​—Hwɛ Nkh. B5 ne B8.

  • Afɔremuka mmɛn.

    Ɛyɛ biribi a ɛte sɛ mmɛn. Afɔremuka bi wɔ hɔ a, na ebi tuatua ne ntwea so. (Le 8:15; 1Ah 2:28)​—Hwɛ Nkh. B5 ne B8.

  • Aguamammɔ.

    Efi Greek asɛmfua por·neiʹa mu. Ɛyɛ asɛm bi a ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ nna mu nneɛma bi a etia Onyankopɔn mmara. Ebi ne awaresɛe, tuutuusi, nnipa a wɔnyɛ awarefo a wɔda, mmarima a wɔne mmarima da, mmea a wɔne mmea da, ne nnipa a wɔne mmoa da. Adiyisɛm nhoma no ka sɛ, nyamesom mu tuutuuni bi a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse” abɔ aguaman. Nea enti a ɛka sɛ wabɔ aguaman ne sɛ, ɔne wiase atumfo ayɛ baako sɛnea ɛbɛyɛ a obenya tumi ne ahonyade. (Adi 14:8; 17:2; 18:3; Mt 5:32; Aso 15:29; Ga 5:19)​—Hwɛ TUUTUUNI.

  • Agyede.

    Ɛyɛ biribi a wotua de gye obi fi nkoasom, asotwe, amanehunu, bɔne, anaa adwuma bi mu. Ɛtɔ da a, na ɛyɛ sika, ɛtɔ da nso a, ɛyɛ biribi foforo. (Yes 43:3) Ná wotua agyede wɔ nneɛma bebree ho. Ebi na edidi so yi: Sɛ wɔwo ɔbarima wɔ Israel na ɔyɛ abakan a, na ɔyɛ Yehowa dea. Sɛ wɔwo aboa bi nso wɔ Israel na ɔyɛ onini na ɔsan yɛ abakan a, na ɔyɛ Yehowa dea. Esiane sɛ na wɔahyira wɔn so korakora ama Yehowa som nti, sɛ wobetumi agye wɔn a, na ehia sɛ wotua wɔn ho agyede. (Nu 3:45, 46; 18:15, 16) Sɛ obi wɔ nantwi a ɔtaa pempem nkurɔfo, na ne wura amma n’ani ankɔ ne ho, na ɔpem obi kum no a, na ɛsɛ sɛ wokum ne wura no. Sɛ ɔbɛfa ne ho adi a, na ɛsɛ sɛ otua agyede a wɔbɛka sɛ ontua no. (Ex 21:29, 30) Nanso, obi a ɔbɛhyɛ da akum obi de, na wɔrennye agyede biara mfa nnye no nkwa. (Nu 35:31) Agyede a ɛsom bo paa a Bible ka ho asɛm ne Kristo agyede no. Kristo de ne ho bɔɔ afɔre wui sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde betua agyede na ama wɔagye nnipa a wɔn aso yɛ mmerɛw afi bɔne ne owu mu.​—Dw 49:7, 8; Mt 20:28; Efe 1:7.

  • Ahempoma.

    Ɛyɛ biribi a ɛte sɛ aporibaa anaa poma. Ɔhene kura de kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi.​—Ge 49:10; Heb 1:8.

  • Ahintasɛm kronkron.

    Ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw no bi. Onyankopɔn de sie kosi sɛ ne bere bɛso. Ne bere so a, oyi no adi kyerɛ obiara a ɔno ara pɛ sɛ oyi no adi kyerɛ no.​—Mr 4:11; Kol 1:26.

  • Ahoboaboa Da.

    Ɛyɛ ɛda a edi Homeda anim. Saa da no na na Yudafo no yɛ ntotoe ma Homeda no. Ná Ahoboaboa Da no ba awiei ɛda a ɛnnɛ yɛfrɛ no Fida no, bere a owia akɔtɔ. Saa bere no ara nso na na Homeda fi ase. Yudafo no ka ɛda a, na efi ase fi anwummere kosi anwummere.​—Mr 15:42; Lu 23:54.

  • Ahofadi Afe.

    Bere a Israelfo kɔɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, na mfe 50 biara yɛ Ahofadi Afe. Edu Ahofadi Afe no a, na ɛnsɛ sɛ wodua hwee wɔ asaase no so, na na ɛsɛ sɛ wogyaa nkoa a wɔyɛ Hebrifo ma wɔfa wɔn ho di. Abusua asaase biara a wɔatɔ no, na wɔsan de ne wura ade ma no. Yɛbɛka a, na Ahofadi Afe no yɛ afahyɛ a wodi no afe no nyinaa. Ná ɛyɛ afe a ɛma Israel man no nya ahofadi na wɔsan si wɔn dedaw mu te sɛ bere a Onyankopɔn yɛɛ wɔn ɔman no.​—Le 25:10.

  • Ahohiahia kɛse.

    Greek kasa a wɔkyerɛ ase “ahohiahia” no, nea ɛkyerɛ ne sɛ biribi ama obi reteetee anaa ama ɔrehu amane. Yesu kae sɛ, “ahohiahia kɛse” bi a ebi mmae da bɛba Yerusalemfo so. Ɔsan kae sɛ, sɛ daakye ɔde ‘anuonyam ba’ a, “ahohiahia kɛse” bi nso bɛba nnipa so, na ɛno paa na ɔkaa ho asɛm. (Mt 24:21, 29-​31) Paul kae sɛ, saa ahohiahia no yɛ adetrenee a Onyankopɔn bɛyɛ atia ‘wɔn a wonnim Onyankopɔn ne wɔn a wontie asɛmpa’ a ɛfa Yesu Kristo ho no. Adiyisɛm ti 19 ka sɛ Yesu na obedi ɔsoro asraafodɔm no anim ama wɔako atia “akekaboa no ne asaase so ahemfo ne wɔn asraafodɔm” no. (2Te 1:6-8; Adi 19:11-21) Bible ka sɛ “nnipakuw kɛse” bi benya nkwa wɔ saa ahohiahia no mu. (Adi 7:9, 14)​—Hwɛ ARMAGEDON.

  • Ahohwibra.

    Efi Greek asɛmfua a·selʹgei·a mu. Ɛkyerɛ biribiara a obi yɛ a ɛto Onyankopɔn mmara paa. Ɛyɛ nneyɛe a ɛkyerɛ sɛ onipa no atoto n’ani awe, na wasi ne bo sɛ ɔremfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee. Suban a saa onipa no da no adi no ma wuhu sɛ onni obu ketekete sɛɛ mpo mma tumidi ne mmara, na nea ɛnsɛ mfata na ɔyɛ. Wɔka ahohwibra a, ɛnkyerɛ bɔne nketenkete.​—Ga 5:19; 2Pe 2:7.

  • Ahonhommɔne.

    Wɔyɛ abɔfo bɔne a wɔwɔ tumi kyɛn nnipa. Genesis 6:2 frɛ wɔn “nokware Nyankopɔn mma,” na Yuda nkyekyɛm 6 frɛ wɔn “abɔfo.” Ne nyinaa ma yehu sɛ wɔbɔɔ wɔn no, na wɔnyɛ abɔfo bɔne. Mmom, wɔyɛ abɔfo a wɔyɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn wɔ Noa bere so. Wɔkɔkaa Satan ho ma wɔtew atua tiaa Yehowa. Nea wɔyɛe no nti, wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn atamfo.​—De 32:17; Lu 8:30; Aso 16:16; Yak 2:19.

  • Ahonhonsɛm.

    Ɛyɛ gyidi a ebinom wɔ sɛ onipa wu a, honhom bi fi ne nipadua mu pue, na etumi ne ateasefo di nkitaho. Wɔkyerɛ sɛ, honhom no taa tew si obi so, na wɔnam saa nipa no so ne ateasefo kasa. Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahonhonsɛm” ne phar·ma·kiʹa, na ne nkyerɛase tee ne “nnurusɛm.” Nea enti a wɔde asɛmfua “nnurusɛm” bata ahonhonsɛm ho ne sɛ, tete no, nnipa a na wɔpɛ sɛ wɔkankye frɛ ahonhommɔne no, na wɔde nnuru yɛ adwuma.​—Ga 5:20; Adi 21:8.

  • Ahoni; Abosonsom.

    Ohoni yɛ biribi sɛso anaa biribi mfoni a nkurɔfo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu. Ebetumi ayɛ biribi a ɛwɔ hɔ sɛso, anaa biribi a obi abɔ ne tirim ayɛ. Sɛ obi ani gye ahoni ho, ɔde nidi ma wɔn, ɔsom wɔn, anaa ɔde wɔn yɛ nyame a, ɛyɛ abosonsom.​—Dw 115:4; Yes 48:5; Aso 17:16; 1Ko 10:14.

  • Ahonu.

    Bible ka sɛ obi anu ne ho a, ɛkyerɛ sɛ wasesa n’adwene na ɛyɛ ne yaw paa sɛ wammɔ ne bra yiye, anaa ɛyɛ no yaw paa sɛ ɔyɛɛ nneɛma bɔne bi. Afei nso, ɛyɛ ne yaw sɛ wanyɛ nea anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ obi anu ne ho ampa a, ne nneyɛe na ɛbɛkyerɛ. Ɔkwan a ɔnam so no, ɔbɛsesa.​—Mt 3:8; Aso 3:19; 2Pe 3:9.

  • Ahosohyira sɛnkyerɛnne kronkron.

    Ɛyɛ ade tratraa hyɛnn bi a na wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ. Ná wɔde Hebri kasa akyerɛw so sɛ: “Yehowa ne Ɔkronkronni No.” Ná wɔde bɔ ɔsɔfo panyin no abotiri no anim. (Ex 39:30)​—Hwɛ Nkh. B5.

  • Ahotew.

    Sɛ Bible ka sɛ obi ho tew anaa biribi ho tew a, ɛkyerɛ sɛ onipa no di ne ho ni na efĩ nni ne ho, anaa ade ko no nso, efĩ biara nni ho. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɛsan kyerɛ sɛ, ɛdɛm ne nkekae nni onipa no ho anaa ade ko no ho. Na sɛ efĩ aba onipa no ho anaa ade no ho a, ɔbɛhwɛ ama ne ho atew anaa ade ko no ho atew. Afei nso ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ebetumi asɛe onipa no abrabɔ anaa biribiara a ebetumi asɛe ɔne Onyankopɔn ntam no, ɔbɛtwe ne ho afi ho. Bere a Mose Mmara no yɛ adwuma no, sɛ wɔka ahotew a, nea na ɛkyerɛ ne sɛ wobedwira biribi ho anaa wobedwira obi ho ama ne ho atew wɔ Onyankopɔn ani so.​—Le 10:10; Dw 51:7; Mt 8:2; 1Ko 6:11.

  • Ahyɛnsode.

    Ɛyɛ ade bi a wɔde tim biribi so (titiriw dɔte anaa ɛwokyɛm) de kyerɛ ade ko no wura. Wɔsan de tim biribi so de kyerɛ sɛ ade ko no di mu. Wotumi nso de tim biribi so de kyerɛ sɛ wɔayɛ apam. Tete ahyɛnsode no, na ɛyɛ biribi a wɔkyerɛw anaa mfoni a wɔyɛ gu nneɛma a ɛyɛ den (te sɛ abo, asonse, anaa dua) so. Ná wɔdan nkyerɛwee anaa mfoni no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde tim so a, ɛbɛba yiye. Sɛ wɔka sɛ wɔde ahyɛnsode atim biribi so a, ɛkyerɛ sɛ saa ade no di mu, anaa ɛyɛ obi dea, anaa wɔde asie anaa wɔde ahintaw.​—Ex 28:11; Ne 9:38; Adi 5:1; 9:4.

  • Ahyɛnsode kawa.

    Ɛyɛ ahyɛnsode bi a na wɔde hyɛ nsateaa. Ɛtɔ da nso a, na wɔde sã ahama so de to wɔn kɔn mu. Ná ɔhene anaa otumfo ahyɛnsode kawa kyerɛ tumi a ɔwɔ. (Ge 41:42)​—Hwɛ AHYƐNSODE.

  • Ahyiae ntamadan.

    Ɛyɛ din a wɔde frɛ Mose ntamadan no ne ɔsom ntamadan kronkron a wosii wɔ sare so no.​—Ex 33:7; 39:32.

  • Akaia.

    Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, na ɛyɛ Romafo mantam a ɛwɔ Greece anaafo fam. Ná n’ahenkurow ne Korinto. Peloponnese hɔ nyinaa ne Greece mfinimfini na ɛka bom yɛ Akaia. (Aso 18:12)​—Hwɛ Nkh. B13.

  • Akotaade.

    Ɛyɛ ataade a asraafo hyɛ de bɔ wɔn ho ban kɔ ɔko. Nneɛma a ɛka bom yɛ akotaade no ne dade kyɛw, dade ataade, abɔso anaa bɛlt, dade a asraafo de kata wɔn nan anim, ne ɔkyɛm.​—1Sa 31:9; Efe 6:13-17.

  • Akɔnkyen.

    Nea ɛkyerɛ ne sɛ obi bɛtwe ne ho afi aduan biara ho bere tiaa bi. Ná Israelfo no yɛ akɔnkyen Mpata Da no, mmere a wɔwɔ ahokyere mu, ne bere a wɔrehwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. Ná Yudafo no wɔ akɔnkyen anan bi a wɔyɛ no afe biara de kae amanehunu bi a ɛtotoo wɔn. Mmara biara nni hɔ a ɛhwehwɛ sɛ Kristofo yɛ akɔnkyen.​—Esr 8:21; Yes 58:6; Lu 18:12.

  • Alabasta.

    Ɛyɛ ntoa nketenkete bi a wɔde ngo huamhuam gu mu. Kan no, abo bi a ɛwɔ Alabastron mpɔtam wɔ Egypt na na wɔde yɛ. Ná wɔtaa yɛ saa ntoa no kɔn nteaanteaa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atua ano yiye na ngo huamhuam a ɛsom bo no annwini angu. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ ɔbo a wɔde yɛ ntoa no nso alabasta.​—Mr 14:3.

  • Alamot.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwonto mu. Ɛkyerɛ “Mmaabun” anaa “Mmabaa.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nne a ɛwɔ soro a mmabaa de to dwom. Ebetumi aba sɛ, sɛ wɔde Alamot yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ wɔnto nnwom no anaa wɔmmɔ ɛho sanku mma nnyigyei no nkɔ soro.​—1Be 15:20; Dw 46:Atf.

  • Alfa ne Omega.

    Greek nkyerɛwde no, Alfa na edi kan, ɛnna Omega twa to. Alfa ne Omega pue mprɛnsa wɔ Adiyisɛm nhoma no mu; wɔde yɛ adwuma wɔ hɔ sɛ Onyankopɔn abodin. Mprɛnsa no nyinaa, Alfa ne Omega kyerɛ “odikanfo ne okyikafo” anaa “mfiase ne awiei.”​—Adi 1:8; 21:6; 22:13.

  • Amen.

    Ɛkyerɛ “ɛnyɛ hɔ,” anaa “ɛmmra mu.” Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase amen no, efi Hebri asɛmfua ʼa·manʹ mu, na ɛkyerɛ sɛ “obi bɛyɛ ɔnokwafo, anaasɛ ɔbɛyɛ obi a yebetumi agye no adi.” Ná nkurɔfo ka “amen” de kyerɛ sɛ wɔpene ntam, mpaebɔ, anaa asɛm a obi aka so. Adiyisɛm nhoma no mu no, amen yɛ abodin a wɔde frɛ Yesu.​—De 27:26; 1Be 16:36; Adi 3:14.

  • Amoa a wokyĩ nsã wom.

    Mpɛn pii no, na ɛyɛ amoa abien a wɔatu wɔ akado abotan mu. Amoa baako wɔ soro, ɛnna baako nso wɔ fam, ɛnna wɔatu tokuru fi soro de no mu abepue ase de no mu. Ná wɔde bobe gu soro de no mu, na afei wɔawɔw ama emu nsu no atene abegu amoa a ɛwɔ fam no mu. Wɔka amoa a wokyĩ nsã wom a, wotumi de kyerɛ Onyankopɔn atemmu nso.​—Yes 5:2; Adi 19:15.

  • Amoa donkudonku.

    Efi Greek asɛmfua aʹbys·sos mu, na ɛkyerɛ “nea emu dɔ paa” anaa “nea ɛboro adwene ne ntease so; nea enni ɔhye.” Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, ɛkyerɛ baabi a wɔaka obi ahyɛ anaa tebea a obi kɔ mu a ɛte sɛ nea wɔaka no ahyɛ baabi. Asɛmfua no tumi kyerɛ ɔdamoa, na etumi kyerɛ nneɛma foforo nso.​—Lu 8:31; Ro 10:7; Adi 20:3.

  • Anwonwade; Anwonwadwuma.

    Ɛyɛ nneɛma a obi yɛ anaa nneɛma bi a esisi a ɛboro nnipa tumi biara so. Tumi a wɔde yɛ saa nneɛma no fi tumi a ɛkyɛn nnipa tumi koraa. Ɛtɔ da a, Bible de nsɛmfua foforo gyina hɔ ma “anwonwade” anaa “anwonwadwuma.” Ebi ne, “nsɛnkyerɛnne,” “ahoɔdenne,” ne “ahoɔden nnwuma.”​—Ex 4:21; Aso 4:22; Heb 2:4; 2Ko 12:12.

  • Apam.

    Ɛyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ne nnipa yɛ, anaa onipa ne ne yɔnko nipa yɛ, sɛ wɔbɛyɛ biribi anaasɛ wɔrenyɛ biribi. Wɔn a wɔyɛ apam no, ɛtɔ da a, ɔbaako pɛ na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ biribi de di apam no so (ɛno na wɔfrɛ no ɔbaakofo apam; wohwɛ mu a, ɛyɛ bɔhyɛ). Ɛtɔ da nso a, ɛsɛ sɛ afanu no nyinaa yɛ biribi de di apam no so (ɛno na wɔfrɛ no baanu ntam apam). Apam a Onyankopɔn ne nnipa yɛe no da nkyɛn a, Bible ka apam a obi ne obi yɛ, mmusuakuw ntam apam, aman ntam apam, ne nnipakuw ntam apam nso ho asɛm. Apam a nnipa pii nya so mfaso no, ebi ne nea Onyankopɔn ne Abraham yɛe, nea Onyankopɔn ne Dawid yɛe, nea Onyankopɔn ne Israel man no yɛe (Mmara apam), ne nea Onyankopɔn ne Onyankopɔn Israel yɛe (apam foforo) no.​—Ge 9:11; 15:18; 21:27; Ex 24:7; 2Be 21:7.

  • Apam adaka.

    Ɛyɛ adaka a na wɔde ɔkanto dua ayɛ a wɔde sika kɔkɔɔ adura ho. Wɔde sii ɔsom ntamadan no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, na akyiri yi, wɔde kosii asɔrefi a Solomon sii no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Ná ɛwɔ mmuaso a wɔde sika kɔkɔɔ nko ara na ayɛ, na na Kerubim abien a wodi nhwɛanim sisi so. Abopon abien a na wɔakyerɛw Mmara Nsɛm Du no wɔ so no, ɛno ne ade titiriw a na ɛwɔ apam adaka no mu. (De 31:26; 1Ah 6:19; Heb 9:4)​—Hwɛ Nkh. B5 ne B8.

  • Apata Afahyɛ.

    Wɔsan frɛ no Asese Afahyɛ, anaa Anoboaboa Afahyɛ. Ná wodi no bosome Etanim da a ɛto so 15 kosi da a ɛto so 21. Sɛ Israelfo kuayɛ afe no ba awiei na wotwa wɔn nnɔbae a ɛnna na wodi saa afahyɛ no. Ná ɛyɛ anigye bere, na na wɔda Yehowa ase sɛ wahyira wɔn nnɔbae so. Sɛ Israelfo no redi afahyɛ no a, na wɔtenatena apata ase anaa asese mu. Ná wɔyɛ de kae nea ɛkɔɔ so bere a na wɔrefi Egypt no. Afahyɛ abiɛsa a na ɛsɛ sɛ mmarima kɔ Yerusalem kodi no, na Apata Afahyɛ no ka ho.​—Le 23:34; Esr 3:4.

  • Aram; Aramfo.

    Aramfo yɛ Sem babarima Aram asefo. Baabi a wɔtenae paa ne Lebanon Mmepɔw no so kosi Mesopotamia, ne Taurus Mmepɔw a ɛwɔ atifi fam no so kosi Damasko na ɛtra Damasko wɔ anaafo fam. Hebri mu no, wɔfrɛ saa mpɔtam hɔ Aram. Akyiri yi wɔfrɛɛ hɔ Siria, na wɔfrɛɛ wɔn a wɔtete hɔ no Siriafo.​—Ge 25:20; De 26:5; Ho 12:12.

  • Aram kasa.

    Ɛyɛ Sem asefo kasa. Ɛne Hebri kasa sɛ paa. Kasa abien no nyinaa nkyerɛwde yɛ baako. Kan no, Aramfo na na ɛka saa kasa no, nanso akyiri yi ɛbɛyɛɛ kasa a wɔde di gua ne kasa a wɔde di nkitaho wɔ Asiria ahemman no ne Babilon ahemman no mu. Ɛno ara nso ne kasa a na wɔde kyerɛw nkrataa ne ade wɔ Persia Ahemman no mu. (Esr 4:7) Wɔkyerɛw Esra, Yeremia, ne Daniel nhoma no afã bi wɔ Aram kasa mu.​—Esr 4:8–6:18; 7:12-26; Yer 10:11; Da 2:4b–7:28.

  • Areopago.

    Ɛyɛ bepɔw bi a ɛwɔ Atene. Ɛwɔ ɔdan kɛse bi a esi bepɔw so wɔ Atene a wɔfrɛ no Acropolis no atifi fam atɔe. Bagua a na ehyia wɔ Areopago anaa asɛnnibea a na ɛwɔ hɔ no nso, na wɔfrɛ no Areopago. Epikurofo ne Stoafo nyansapɛfo bi de Paul kɔɔ Areopago hɔ ma ɔkɔkyerɛkyerɛɛ ne gyidi mu.​—Aso 17:19.

  • Armagedon.

    Efi Hebri asɛm Har Meghid·dohnʹ mu. Ɛkyerɛ “Megido Bepɔw.” Wɔka “Armagedon” ho asɛm de bata “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko” no ho. Ɛyɛ bere a “asaase nyinaa so ahemfo” bɛboaboa wɔn ano ne Yehowa akɔko. (Adi 16:14, 16; 19:11-21)​—Hwɛ AHOHIAHIA KƐSE.

  • Asade; Nneɛma a wonya wɔ ɔko mu.

    Ɛyɛ nneɛma te sɛ ntaade, mmoa, ne nneɛma foforo a ɛsom bo a nkurɔfo fom bere a wɔadi wɔn atamfo so nkonim.​—Yos 7:21; 22:8; Heb 7:4.

  • Asafo.

    Ɛyɛ nnipakuw bi a wɔahyiam reyɛ biribi, anaa wɔahyiam reyɛ adwuma pɔtee bi. Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka asafo a, ɛtaa kyerɛ Israelfo. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka asafo a, ɛkyerɛ Kristofo asafo mmaako mmaako, nanso mpɛn pii no, egyina hɔ ma Kristofo asafo no nyinaa.​—1Ah 8:5, 22; Aso 9:31; Ro 16:5.

  • Asafo mu asomfo.

    Efi Greek asɛmfua di·aʹko·nos mu, na wɔtaa kyerɛ ase “ɔsomfo” anaa “akoa.” “Asafo mu somfo” yɛ obi a ɔboa mpanyimfo kuw no wɔ asafo no mu. Nea Bible ka sɛ wonnyina so mpaw asafo mu asomfo no, ɛsɛ sɛ obi tumi yɛ saa nneɛma no ansa na wɔde saa ɔsom hokwan no ama no.​—1Ti 3:8-10, 12.

  • Asasel.

    Ɛyɛ Hebri din, na ebetumi akyerɛ “Apɔnkye a Wonhu N’akyi Kwan Bio.” Edu Mpata Da no a, na wogyaa apɔnkye a wɔayi no sɛ Asasel apɔnkye no ma ɔkɔ sare so. Wogyaa apɔnkye no saa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, wasoa bɔne a ɔman no yɛe afe a etwaam no kɔ.​—Le 16:8, 10.

  • Aseda afɔre.

    Ɛyɛ asomdwoe afɔre a na wɔbɔ de da Onyankopɔn ase wɔ nneɛma pa a wayɛ ama wɔn ne ne dɔ a enni huammɔ no ho. Ná wɔwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no, na na wodi paanoo a mmɔkaw wom ne nea mmɔkaw nnim nso. Ná ɛsɛ sɛ wɔwe aboa a wɔde no bɔɔ afɔre no saa da no ara.​—2Be 29:31.

  • Aselgeia.​—

    Hwɛ AHOHWIBRA.

  • Asɛmpa no.

    Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm mu no, ɛyɛ asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho. Bio nso ɛyɛ asɛmpa a ɛne sɛ, sɛ yenya Yesu Kristo mu gyidi a, yebenya nkwa.​—Lu 4:18, 43; Aso 5:42; Adi 14:6.

  • Asɛndua.

    Wɔkyerɛ Greek asɛmfua stau·rosʹ ase asɛndua, na ɛkyerɛ dua a wɔde asi ntenten te sɛ nea wokum Yesu wɔ so no. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Greek asɛmfua no kyerɛ krɔɔs anaa mmeamudua te sɛ nea abosonsomfo de yɛɛ wɔn som ahyɛnsode mfe bebree ansa na Kristo reba no. Greek asɛmfua stau·rosʹ no, asɛmfua “asɛndua” paa na ɛkyerɛkyerɛ mu yiye, efisɛ Bible ka stau·rosʹ de kyerɛ ayayade, amanehunu, ne animguase a Yesu akyidifo bɛfa mu no nso. (Mt 16:24; Heb 12:2)​—Hwɛ DUA.

  • Asɛnnifo; Ɔman mpanyimfo.

    Bere a Babilon di tumi no, na asɛnnifo yɛ aban mpanyimfo a wɔwɔ amantam ahorow no mu. Ná wonim mmara, na na wɔama wɔn tumi sɛ wonni nsɛm bi. Amantam a na ɛhyɛ Romafo ase no, na asɛnnifo anaa ɔman mpanyimfo no na wɔyɛ aban no ananmusifo wɔ hɔ. Nnwuma a na wɔyɛ no bi ne sɛ, na wɔhwɛ ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ, wɔhwɛ sika so, wobu wɔn a wɔto mmara no atɛn, na na wɔhwɛ ma wɔtwe nkurɔfo aso.​—Da 3:2; Aso 16:20.

  • Asia.

    Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, na ɛyɛ Romafo mantam. Baabi a ɛnnɛ ɛyɛ Turkey atɔe fam ne nsuano aman bi te sɛ Samo ne Patmo no, na ne nyinaa ka saa mantam no ho. Ná n’ahenkurow ne Efeso. (Aso 20:16; Adi 1:4)​—Hwɛ Nkh. B13.

  • Asomdwoe afɔre.

    Ɛyɛ afɔre a na obi bɔ de hwehwɛ asomdwoe wɔ ɔne Yehowa ntam. Nea ɔrekɔbɔ afɔre no, ne fifo, ɔsɔfo a ɔbɛbɔ afɔre no, ne asɔfo a adu wɔn so sɛ wɔsom saa bere no nyinaa, na wodi bi. Sɛ wɔhyew srade no a, wusiw huamhuam a efi mu ba no, sɛ yɛbɛka a, ɛno na na ɛyɛ Yehowa kyɛfa. Mogya a egyina hɔ ma nkwa no, na wɔde ɛno nso ma Yehowa. Ná ɛte sɛ nea asɔfo no ne wɔn a wɔrekɔbɔ afɔre no ne Yehowa nyinaa ato nsa redidi, na na ɛno kyerɛ sɛ asomdwoe wɔ wɔn ntam.​—Le 7:29, 32; De 27:7.

  • Asɔrefi.

    Ɛyɛ ɔdan a wosi sii Yerusalem. Ebesii ɔsom ntamadan a na wotumi tutu no anan. Ɛhɔ na na Israelfo no kɔsom. Solomon na osii asɔrefi a edi kan no, nanso Babilonfo sɛee saa asɔrefi no. Serubabel na osii asɔrefi a ɛto so abien no. Osii no bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no. Ɛnna akyiri yi, Herode Ɔkɛse no sii asɔrefi a ɛto so abien no bio. Bible taa frɛ asɔrefi no ‘Yehowa fi.’ (Esr 1:3; 6:14, 15; 1Be 29:1; 2Be 2:4; Mt 24:1)​—Hwɛ B8 ne B11.

  • Asɔrefi-So-Hyira Afahyɛ.

    Ɛyɛ da bi a na wɔde kae asɔrefi a wɔtew ho bere a Antiochus Epiphanes guu ho fĩ no. Ná wodi no afe biara. Ná wɔhyɛ afahyɛ no ase bosome Kislew da a ɛto so 25, na na wodi no nnafua awotwe.​—Yoh 10:22.

  • Astoret.

    Ɔyɛ ɔko nyamebea a Kaananfo som no. Ɔsan nso yɛ wɔn nyamebea a ɔma awo; ɔyɛ Baal yere.​—1Sa 7:3.

  • Asubɔ; Bɔ asu.

    Wɔka sɛ “bɔ asu” a, ɛkyerɛ “fa nu nsu mu,” anaa fa hyɛ nsu ase. Yesu kae sɛ, sɛ obi pɛ sɛ odi n’akyi a, gye sɛ ɔbɔ asu. Kyerɛwnsɛm no ka Yohane asubɔ nso ho asɛm. Ɛsan nso ka honhom kronkron asubɔ, ogya asubɔ, ne asubɔ afoforo ho asɛm.​—Mt 3:11, 16; 28:19; Yoh 3:23; 1Pe 3:21.

  • Asumansɛm.

    Ɛyɛ ahonhommɔne tumi a obi de yɛ adwuma.​—Yes 47:12.

  • Ataabo.

    Ɛyɛ ade bi a wɔde aboa nhoma a wɔatwa no teaa ayɛ. Wotumi nso nwene aboa ntini, sare atenten, anaa nwi de yɛ. Mfinimfini no yɛ tɛtrɛɛ, na ɛhɔ na wɔde ade a wɔpɛ sɛ wɔtow no hyɛ. Ɔbo na wɔtaa de hyem tow. Wode ne fã baako kyekyere wo nsa anaa w’abakɔn a, na wode wo nsa aso ɔfã a aka no. Afei wuhim ara a na woagyaa mu ama ɔbo anaa ade a ɛhyɛ mu no afi mu kɔ. Tete no, na aman de wɔn a wɔtow ataabo ka wɔn asraafo ho.​—Ate 20:16; 1Sa 17:50.

  • Atemmu agua.

    Ɛtaa yɛ bamma bi a ɛwɔ abɔnten a aban mpanyimfo tena so de nsɛm to ɔmanfo anim. Ɛhɔ ara nso na na wɔtaa tena de gyinae a wɔasi to gua. Esiane sɛ na atemmu agua no wɔ soro nti, na wɔforo stɛps na ɛkɔ hɔ. Bible ka “Onyankopɔn atemmu agua” ne “Kristo atemmu agua” a, ɛkyerɛ nhyehyɛe a Yehowa ayɛ a ɔde bebu nnipa atɛn.​—Ro 14:10; 2Ko 5:10; Yoh 19:13.

  • Atemmu Da.

    Ɛyɛ ɛda pɔtee, anaa bere pɔtee a Onyankopɔn ma nnipa bi, aman bi, anaa adasamma nyinaa bu akontaa. Etumi yɛ bere a wokunkum wɔn a wobu wɔn atɛn sɛ wɔfata owu no, na etumi nso yɛ atemmu a ɛma wogye ebinom ma wonya daa nkwa. Yesu Kristo ne n’asomafo no kae sɛ, “Atemmu Da” bi bɛba daakye. Saa atemmu da no fa ateasefo ne wɔn a wɔawuwu dedaadaw no nyinaa ho.​—Mt 12:36.

  • Atemmufo.

    Wɔyɛ mmarima a Yehowa nam wɔn so gyee ne nkurɔfo ansa na nnipa refi ase adi hene wɔ Israel.​—Ate 2:16.

  • Atifi asɛm.

    Ɛyɛ asɛm bi a ɛwɔ Nnwom nhoma no ti no bi atifi. Ɛkyerɛ onipa a ɔkyerɛw saa dwom no, nea ɛyɛe a ɔkyerɛwee, sɛnea ɛsɛ sɛ wɔto no, nea wɔde saa dwom no yɛ, ne nea enti a wɔkyerɛwee.​—Hwɛ Nnwom 3, 4, 5, 6, 7, 30, 38, 60, 92, ne 102 atifi nsɛm no.

  • Awaresɛe.

    Nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔbarima anaa ɔbea a waware bɛpene so ama obi a ɔnyɛ ne yere anaa ne kunu ne no ada.​—Ex 20:14; Mt 5:27; 19:9.

  • Awerɛhow.

    Ɛyɛ ɛyaw a obi di bere a ne biribi awu anaa asɛm ato no. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na nkurɔfo taa di awerɛhow kyɛ. Sɛ nkurɔfo redi awerɛhow anaa wɔregyam obi a, na wosu teɛteɛm, na wɔwɔ ntama pɔtee a wofura, na wɔde nsõ gu wɔn tirim, na wosunsuan wɔn ntaade mu, na na wɔbobɔ wɔn koko. Ɛtɔ da a, na wɔhyɛ da frɛ nkurɔfo a wonim su yiye ma wɔba ayi ase.​—Ge 23:2; Est 4:3; Adi 21:4.

  • Awerɛhow dwom.

    Ɛyɛ anwensɛm anaa dwom a wɔahyehyɛ a emu nsɛm no yɛ awerɛhow paa. Awerɛhow no te sɛ awerɛhow a obi di bere a n’adamfo anaa ne ho nipa bi awu. Ɛyɛ kwadwom.​—2Sa 1:17; Dw 7:Atf.

  • Awerɛhow ntama (atweaatam).

    Ɛyɛ ntama bawee bi a wɔde yɛ kotoku anaa bɔtɔ te sɛ nea wɔde aburow gu mu no. Ná wɔtaa de apɔnkye nwi tuntum na ɛyɛ. Ɛno ne ntama a na nkurɔfo fura de di awerɛhow.​—Ge 37:34; Lu 10:13.

  • Awiei mmere.

    Bible nkɔmhyɛ mu no, wɔde “awiei mmere” ne nsɛm bi te sɛ “awiei nna” yɛ adwuma de kyerɛ bere a nneɛma bi a ɛresisi bedu ne mpɔmpɔnso. (Hes 38:16; Da 10:14; Aso 2:17) Awiei nna betumi ayɛ mfe kakraa bi anaa mfe bebree; nkɔmhyɛ ko na ɛbɛkyerɛ. “Awiei mmere” a Bible ka ho asɛm paa ne wiase a yɛwom yi awiei mmere, kyerɛ sɛ, bere a Yesu redi tumi wɔ soro a yɛmfa yɛn ani nhu no no.​—2Ti 3:1; Yak 5:3; 2Pe 3:3.

  • Awiporow; Awiporowbea.

    Awiporow yɛ ɔkwan a wɔfa so porow awi, baali, hwiit, ne ade fi ne nnua so na wohuw so ma ntɛtɛwa no fi ho. Baabi a wɔyɛ saa adwuma no, wɔfrɛ hɔ awiporowbea. Ná wɔde abaa na ɛporow saa nnɔbae no, nanso sɛ ɛdɔɔso a, ɛnde afiri a mmoa twe na na wɔde porow. Ná wɔde afiri no fa hwiit a wɔatrɛtrɛw mu no so. Ná wɔtrɛtrɛw hwiit no mu gu awiporowbea hɔ. Awiporowbea no, na ɛhɔ atwa kanko. Ná ɛtaa yɛ baabi a ɛwɔ soro, na na mframa bɔ fa hɔ hoohoo.​—Le 26:5; Yes 41:15; Mt 3:12.

  • Awowa.

    Ɛyɛ obi agyapade a ɔde ama obi a wagye ne hɔ bosea. Ɔde di adanse sɛ obetua bosea no. Wɔsan nso frɛ no awowaside. Mose Mmara no de awowasi ho akwankyerɛ mae sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ ahiafo ne mmɔborɔwafo a ɛwɔ ɔman no mu ho ban.​—Ex 22:26; Hes 18:7.

  • Awɔnwene.

    Ɛyɛ afifide ahorow bi a ɛyɛ nwene paa, na ɛwɔ pampan. Nsunsuanso bɔne a aguamammɔ, nkoasom, ntɛnkyea, ne ɔwae de ba no, Bible de toto awɔnwene ho. “Awɔnwene” (anaa Greek, aʹpsin·thos) a Adiyisɛm 8:11 ka ho asɛm no, ɛyɛ awuduru bi a ɛyɛ nwene.​—De 29:18; Mme 5:4; Yer 9:15; Am 5:7.

  • Awurade Anwummere Aduan.

    Ɛyɛ aduan ankasa. Ɛyɛ paanoo a mmɔkaw nnim ne bobesa. Paanoo a mmɔkaw nnim no gyina hɔ ma Kristo nipadua, ɛnna bobesa no gyina hɔ ma ne mogya. Wɔde kae Yesu wu. Esiane sɛ Bible ka sɛ Kristofo nhyɛ ho fã mfa nkae nti, ɛyɛ ne kwan so sɛ wɔsan frɛ no “Nkaedi.”​—1Ko 11:20, 23-26.

B

  • Baal.

    Ɔyɛ Kaananfo nyame bi a na wɔkyerɛ sɛ ɔno ne ewim wura, ɔno na ɔma osu tɔ, na ɔno na ɔma awo. Wɔn anyame nketewa nso, na wɔfrɛ wɔn “Baal.” Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “Baal” no kyerɛ “Owura.”​—1Ah 18:21; Ro 11:4.

  • Basafa.

    Wɔde susuw biribi tenten. Efi abatwɔw kosi nsateaa tenten no ano na ɛyɛ basafa. Basafa a na Israelfo taa de susuw ade no, na ne tenten bɛyɛ sɛntimita 44.5 (nsateakwaa 17.5). Ná wɔwɔ basafa kɛse bi nso a wɔde susuw ade. Ɛno de, na wosusuw nsateaa ano anan de ka basafa no ho. Ne tenten bɛyɛ sɛntimita 51.8 (nsateakwaa 20.4). (Ge 6:15; Lu 12:25)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Bat.

    Ɛyɛ susuhina bi a wɔde susuw nneɛma a ɛyɛ nsunsu. Saa ahina no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu asinasin bi, na wɔkyerɛ sɛ nneɛma a ɛyɛ nsunsu bɛyɛ lita 22 (anaa gal. 5.81) na na ɛkɔ bat biara mu. Nneɛma foforo a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu sɛ na wɔde susuw nneɛma a ɛyɛ nsunsu ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no, na bat susude no na wɔde susuw dodow no ara. (1Ah 7:38; Hes 45:14)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Beelsebub.

    Ɛyɛ din bi a wɔde frɛ Satan a ɔyɛ ahonhommɔne hene anaa ahonhommɔne panyin no. Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Baal a na Filistifo som no wɔ Ekron no din Baal-Sebub na wɔdan no yɛɛ no Beelsebub.​—2Ah 1:3; Mt 12:24.

  • Bɛnnaa.

    Wɔsan frɛ no “mane” wɔ Hesekiel nhoma no mu. Ɛyɛ sɛnea wosusuw biribi mu duru anaa sɛnea wobu ade bi bo. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu nneɛma bi a edi adanse sɛ na bɛnnaa baako ne nnwetɛbona 50 yɛ pɛ, ɛnna dwetɛbona baako mu duru yɛ gram 11.4. Ɛno nti, Hebri Kyerɛwnsɛm no ka bɛnnaa a, emu duru yɛ gram 570. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔsan wɔ bɛnnaa a wɔde yɛ adwuma wɔ ahemfi, sɛnea na basafa nso te no. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, na bɛnnaa baako yɛ drakma 100. Ná emu duru yɛ gram 340. Mmɛnnaa 60 yɛ dwetikɛse baako. (Esr 2:69; Lu 19:13)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Bɔhyɛ.

    Ɛyɛ ɛbɔ bi a emu yɛ duru a obi hyɛ Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ biribi, ɔbɛbɔ afɔre ama no anaa ɔbɛkyɛ no ade, anaa ɔbɛyɛ adwuma bi, anaasɛ ɔbɛtwe ne ho afi nneɛma bi a mmara nhyɛ da nkasa ntia ho. Emu yɛ duru te sɛ ntam pɛpɛɛpɛ.​—Nu 6:2; Ɔsɛ 5:4; Mt 5:33.

  • Bɔhyɛ afɔre.

    Ɛyɛ afɔre a obi yi ne yam bɔ de ka ɛbɔ ahorow bi a ɔrehyɛ ho.​—Le 23:38; 1Sa 1:21.

  • Bɔne ho afɔre.

    Sɛ obi ani nna ne ho so, na ɔyɛ bɔne esiane bɔne a ɛwɔ yɛn ho no nti a, na ɔbɔ bɔne ho afɔre. Wɔde mmoa ahorow na na ɛbɔ saa afɔre no, efi nantwi so kosi aborɔnoma so. Onipa a na wɔrebɔ ne bɔne ho afɔre ama no no, ne dibea ne ne nsɛm tebea na ɛbɛkyerɛ aboa a ɔde bɛbɔ afɔre no.​—Le 4:27, 29; Heb 10:8.

  • Bul.

    Ɛyɛ bosome a ɛto so awotwe wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so abien wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi asɛmfua bi a ɛkyerɛ “nnɔbae” mu. Bul fi ase October bosome no mpaemu kosi November bosome no mpaemu. (1Ah 6:38)​—Hwɛ Nkh. B15.

D

  • Dagon.

    Ɔyɛ Filistifo nyame. Yennim saa asɛmfua no abɔse anaa baabi a efi, nanso nhomanimfo bi kyerɛ sɛ efi Hebri asɛmfua dagh (anaa apataa) mu.​—Ate 16:23; 1Sa 5:4.

  • Darik.

    Ɛyɛ Persiafo sika a wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ. Emu duru yɛ gram 8.4. (1Be 29:7)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Dawid Ba.

    Ɛyɛ Yesu na wɔtaa frɛ no saa. Ɛno si so dua sɛ, Ahenni apam a wɔkae sɛ obi a ofi Dawid abusua mu na ahenni no bɛba abedi ne nsam no, Yesu ne saa onipa no.​—Mt 12:23; 21:9.

  • Dawid Kurow.

    Ɛyɛ din a wɔde maa Yebus kurow no bere a Dawid ko fae na osii n’ahemfi wɔ hɔ no. Wɔsan nso frɛ no Sion. Ɛyɛ Yerusalem anaafo fam apuei, na ɛno nso ne Yerusalem kurow no fã a akyɛ paa.​—2Sa 5:7; 1Be 11:4, 5.

  • Dekapoli;

    Ɛyɛ Greecefo nkurow bi a na wɔaka wɔn ho abom. Kan no, na ɛyɛ nkurow du (Greek kasa mu no, asɛmfua deʹka kyerɛ “edu,” ɛnna poʹlis kyerɛ “kurow”). Ná nkurow no dodow no ara wɔ Galilea Po no apuei ne Asubɔnten Yordan apuei, na na wɔfrɛ saa mantam no nso Dekapoli. Ɛhɔ paa na na Greecefo amammerɛ ne wɔn aguadi gyina. Yesu kotwaa mu wɔ saa mantam no mu, nanso kyerɛwtohɔ biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔkɔɔ saa nkurow no bi mu. (Mt 4:25; Mr 5:20)​—Hwɛ Nkh. A7 ne B10.

  • Demmire.

    Ɛyɛ afifide bi a ɛtaa wɔ nsu ho. Demmire a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no, ɛtaa yɛ nea wɔfrɛ no Arundo donax no. (Hio 8:11; Yes 42:3; Mt 27:29; Adi 11:1)​—Hwɛ DEMMIRE A WƆDE SUSUW ADE.

  • Demmire a wɔde susuw ade.

    Demmire a wɔde susuw ade no, na ne tenten yɛ basafa asia. Sɛ basafa a obiara nim no na wɔreka ho asɛm a, ɛnde na demmire a wɔde susuw ade no tenten yɛ mita 2.67 (anm. 8.75). Sɛ basafa tenten na wɔreka ho asɛm de a, ɛnde na demmire a wɔde susuw ade no tenten yɛ mita 3.11 (anm. 10.2). (Hes 40:3, 5; Adi 11:1)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Denare.

    Ɛyɛ Romafo sika a wɔde dwetɛ ayɛ. Ná emu duru bɛyɛ gram 3.85, na na Kaesare mfoni da so. Ná ɛyɛ ɔpaani da koro akatua, na ɛno ne “tow” a na Romafo gye fi Yudani biara hɔ. (Mt 22:17; Lu 20:24)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Dome.

    Ɛkyerɛ sɛ obi behunahuna obi anaa ɔbɛfrɛ mmusu anaa bɔne aba onipa bi so anaa biribi so. Sɛ obi hyɛ da ka sɛ bɔne nto obi anaasɛ mmusu mmra onii no so anaa biribi so a, ɛkyerɛ sɛ wadome saa onipa no anaa ade ko no. Sɛ Onyankopɔn dome obi anaa ɔma obi dome obi a, ɛyɛ adwuma, na ɛba mu.​—Ge 12:3; Nu 22:12; Ga 3:10.

  • Drakma.

    Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, drakma yɛ Greecefo sika bi a wɔde dwetɛ ayɛ. Saa bere no, na emu duru yɛ gram 3.4. Hebri Kyerɛwnsɛm no nso ka drakma foforo bi ho asɛm. Ɛno de, na wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ, na na wodi wɔ Persiafo bere so. Ná ɛne darik nyinaa mu duru yɛ pɛ. (Ne 7:70; Mt 17:24)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Dua.

    Ɛyɛ dua a na wɔde si ntenten anaa wɔde si hɔ na wɔde onipa fam ho. Aman bi mu no, na wɔsɛn nnipa wɔ dua so, na na wotumi nso de onipa a wɔakum no sɛn so ma obiara bɛhwɛ bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ wɔn kɔkɔ. Ná wotumi nso de obi sɛn dua so de gu n’anim ase wɔ baguam. Asiriafo no sɛɛ, na wɔn tirim yɛ den paa, enti sɛ wɔko di ɔman bi so nkonim de wɔn yɛ nkoa a, na wɔde dua a ano yɛ feafeaa wura nkoa no ayaase ma epue wɔn koko. Wowie a, na wɔama dua no so asi hɔ. Yudafo mmara mu de, sɛ obi ka abususɛm anaa ɔsom bosom anaa ɔyɛ bɔne kɛse biara a ɛte saa a, na wodi kan siw no abo anaa wɔfa kwan foforo bi so kum no. Sɛ wowie a, na wɔde ne funu no asɛn dua so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ na wɔanyɛ bi. (De 21:22, 23; 2Sa 21:6, 9) Romafo de, ɛtɔ da a, na wɔkyekyere nnipa fam dua ho. Ɛba saa a, na onii no di nna dodow bi wɔ dua no so kosi sɛ ɛyaw, osukɔm, ɔkɔm, ne owia bekum no. Ɛtɔ da nso a, onipa a wɔabu no kumfɔ no, na wɔde nnadewa bobɔ ne nsa ne ne nan fam dua no ho te sɛ nea wɔyɛɛ Yesu no. (Lu 24:20; Yoh 19:14-16; 20:25; Aso 2:23, 36)​—Hwɛ ASƐNDUA.

  • Dua a wɔde obi bɔ mu.

    Ɛyɛ ntaaboo bi a wɔatutu mu ntokuru a wɔde nkurɔfo hyɛ mu de twe wɔn aso. Ɛtɔ da a, onipa no nan nko ara na na wɔde hyɛ dua no mu. Ɛtɔ da nso a, wokuntun onipa no mu, na ebia wɔde ne nan, ne nsa, ne ne kɔn nyinaa ahyɛ dua no mu.​—Yer 20:2; Aso 16:24.

  • Dwetɛbona.

    Ade a Hebrifo gyina so hu biribi mu duru anaa biribi bo no, ketewa a ɛwom paa ne dwetɛbona. Ná dwetɛbona baako mu duru yɛ gram 11.4. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔde asɛm, “sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no” yɛ adwuma de kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ade a wɔresusuw no mu duru yɛ pɛpɛɛpɛ anaasɛ ɛsɛ sɛ ɛne nkaribo bi a wɔde susuw ade wɔ ɔsom ntamadan no mu no yɛ pɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔwɔ dwetɛbona a wɔde yɛ adwuma wɔ ahemfi (ɛnte sɛ dwetɛbona a obiara nim no). Ebetumi nso aba sɛ na wɔwɔ sɛnea wosusuw dwetɛbona mu duru wɔ ahemfi.​—Ex 30:13.

  • Dwetikɛse.

    Ade a Hebrifo gyina so hu biribi mu duru anaa biribi bo no, kɛse a ɛwom paa ne dwetikɛse. Ná dwetikɛse baako mu duru yɛ kilogram 34.2. Greecefo dwetikɛse no de, na emu nyɛ duru saa. Ná emu duru bɛyɛ kilogram 20.4. (1Be 22:14; Mt 18:24)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No.

    Ɛyɛ Dwom 120 kosi 134 atifi nsɛm. Obiara ne sɛnea ɔte saa asɛm no ase, nanso nnipa pii gye di sɛ, sɛ Israelfo no ‘reforo’ akɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda mmepɔw mu no akodi afahyɛ atitiriw abiɛsa no a na na wɔde anigye to saa nnwom mmaako mmaako 15 no.

  • Dwom kyerɛfo.

    Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “dwom kyerɛfo” wɔ Nnwom nhoma no mu no, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ obi a ɔhyehyɛ nnwom, ɔkyerɛ sɛnea wɔnto no, na ɔhwɛ ma wosua nnwom no. Afei nso, na odi anim mpo ma wɔto dwom wɔ dwumadi atitiriw ase. Bible bi kyerɛ saa asɛmfua no ase sɛ, “odwontofo panyin.”​—Dw 4:Atf; 5:Atf.

E

  • Edom.

    Ɛyɛ din foforo a wɔde frɛ Isak ba Esau. Esau (Edom) asefo kɔtenaa Seir, kyerɛ sɛ, mmepɔw a ɛwɔ Ɛpo a Awu no ne ‘Aqaba Faka no ntam. Wɔfrɛɛ hɔ Edom. (Ge 25:30; 36:8)​—Hwɛ Nkh. B3 ne B4.

  • Edum.

    Ɛyɛ biribi a wɔhyɛ da yɛ de si ntenten de kura ɔdan mu, na ɛtɔ da nso a, enkura ɔdan biara mu. Adum no bi wɔ hɔ a, na wɔde sisi hɔ de kae abakɔsɛm mu nneɛma bi. Wosisii adum wɔ asɔrefi hɔ ne adan foforo a Solomon sisii no mu. Abosonsomfo nso sisii abosom adum de som wɔn abosom, na ɛtɔ da a, na Israelfo no nso yɛ bi. (Ate 16:29; 1Ah 7:21; 14:23)​—Hwɛ NTAASO.

  • Efa.

    Nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no, na wosusuw no efa mu, na ade a wɔde susuw no nso, na wɔfrɛ no efa. Ɛno na na wɔde susuw nneɛma bi te sɛ hwiit ne baali. Efa no kɛse ne bat a wɔde susuw nneɛma a ɛyɛ nsunsu no kɛse yɛ pɛ, enti lita 22 (anaa gal. 5.81) na na ɛkɔ mu. (Ex 16:36; Hes 45:10)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Efɔd.

    Ɛyɛ ataade bi a na asɔfo hyɛ gu wɔn ntaade so. Ná ɔsɔfo panyin no hyɛ efɔd soronko bi. Saa efɔd no, na wɔayɛ nkatabo wɔ anim, na na aboɔden abo 12 tetare so. (Ex 28:4, 6)​—Hwɛ Nkh. B5.

  • Efraim.

    Ɛyɛ Yosef babarima a ɔto so abien no din. Akyiri yi, wɔfrɛɛ Israel abusuakuw baako Efraim. Bere a Israel mu kyɛe no, wɔfrɛɛ mmusuakuw du ahemman no nyinaa Efraim, efisɛ ɛno ne abusuakuw a na edi mu akoten paa.​—Ge 41:52; Yer 7:15

  • Elul.

    Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, Elul na na ɛyɛ bosome a ɛto so asia wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so 12 wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase August bosome no mpaemu kosi September bosome no mpaemu. (Ne 6:15)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Epikurofo nyansapɛfo.

    Wɔyɛ nkurɔfo bi a na wodi Greek nyansapɛfo bi a wɔfrɛ no Epikuro (a ɔtenaa ase afe 341 kosi afe 270 A.Y.B.) akyi. Ná wɔn adwene ara ne sɛ, nea ehia sɛ onipa hwehwɛ wɔ wiase ara ne anigye.​—Aso 17:18

  • Esiw.

    Hebri kasa mu no, wɔka no “Milo.” Asɛm a efi mu no, ɛkyerɛ “hyɛ no ma.” Septuagint no kyerɛ ase “abankɛse.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Dawid Kurow no ho biribi a Onyankopɔn bɔɔ no saa anaa biribi a nnipa yɛe. Yɛnhyɛ da nnim ade ko pɔtee anaa n’adeban.​—2Sa 5:9; 1Ah 11:27

  • Etanim.

    Ɛyɛ bosome a ɛto so ason wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a edi kan wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase September bosome no mpaemu kosi October bosome no mpaemu. Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, wɔfrɛɛ saa bosome no Tisri. (1Ah 8:2)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Etiopia.

    Ɛyɛ tete man bi a na ɛda Egypt anaafo fam. Ná tete Etiopia man no kɔfa Egypt a ɛwɔ hɔ nnɛ yi anaafo fam noho, na na ɛsan kɔfa Sudan a ɛwɔ hɔ nnɛ yi. Ɛtɔ da a, wɔde Etiopia gyina hɔ ma ɔman a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ “Kus” no.​—Est 1:1

  • Eufrate.

    Ɛno ne asubɔnten a ɛware paa a na nkurɔfo nya so mfaso paa wɔ Asia anaafo fam atɔe. Ɛyɛ asubɔnten akɛse abien a ɛwɔ Mesopotamia no baako. Wodii kan bɔɔ Eufrate din wɔ Genesis 2:14 sɛ ɛyɛ Eden nsubɔnten anan no baako. Wɔtaa frɛ no “Asubɔnten no.” (Ge 31:21) Asaase a wɔde maa Israel no, Eufrate asubɔnten no na na ɛyɛ ne hye wɔ atifi fam. (Ge 15:18; Adi 16:12)​—Hwɛ Nkh. B2.

Ɛ

  • Ɛbɛ.

    Ɛyɛ nyansakasa anaa asɛm tiawa bi a wɔanwene a aba wom. Ɛsan nso yɛ nsɛm kakraa bi a obi ka de kyerɛ nokwasɛm bi a obiara ntumi nnye ho akyinnye. Bible mu bɛ no bi yɛ aborɔme anaa nsɛm a ɛkyere adwene. Ɛbɛ no bi yɛ kasakoa a ɛkyerɛ yɛn nsɛm bi a obiara ntumi nnye ho akyinnye. Ɛbɛ no bi nso wɔ hɔ a, eduu bere bi no, na wobu de di ebinom ho fɛw anaa wɔde bu wɔn animtiaa.​—Ɔsɛ 12:9; 2Pe 2:22.

  • Ɛhyɛ.

    Ɛyɛ nnua ne afifide bi mu nsu a akyenkyen. Saa nnua ne afifide no ka Boswellia nnua abusua no ho. Sɛ wohyew a, ɛyɛ huam paa. Nneɛma a na wɔde fra yɛ aduhuam kronkron a wɔhyew wɔ ɔsom ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ no, na ɛhyɛ ka ho. Ná wɔsan nso de ka aduan afɔre ho. Paanoo a wɔde kyerɛ a na wɔhyehyɛ wɔ Kronkronbea hɔ no, na wɔde ɛhyɛ to paanoo no biara so.​—Ex 30:34-​36; Le 2:1; 24:7; Mt 2:11.

  • Ɛpo mu abohene.

    Ɛyɛ ɛpo mu mmoa nketenkete a wɔawuwu nnompe a ayɛ denneennen sɛ ɔbo. Ɛwɔ ɛpo mu, na ne kɔla gu ahorow. Ebi yɛ kɔkɔɔ, ebi yɛ fitaa, ɛnna ebi nso yɛ tuntum. Ná abohene pii wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no mu. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na ɛpo mu abohene kɔkɔɔ bo yɛ den paa, na na wɔde yɛ nhene ne agude afoforo.​—Mme 8:11.

F

  • Farao.

    Ɛyɛ abodin a wɔde ma Egypt ahemfo. Faraofo anum na wɔn din wɔ Bible mu (Sisak, So, Tirhaka, Neko, ne Hofra); wɔn mu bi nso wɔ hɔ a, wɔn din nni Bible mu. Ebi ne Faraofo a wɔne Abraham, Mose, ne Yosef dii nsawɔso no.​—Ex 15:4; Ro 9:17.

  • Farisifo.

    Wɔyɛ nyamesom kuw bi a wɔtew wɔn ho fii Yudasom ho wɔ asomafo no bere so, na na wɔagye din. Ná womfi asɔfo abusua mu, nanso na wodi Mmara no so frenkyemm, na atetesɛm nso, na wodi so frenkyemm saa ara. (Mt 23:23) Ná wɔmpɛ Greecefo amammerɛ koraa. Sɛ ɛba Mmara no ne atetesɛm a, na wɔaben mu paa, enti sɛ wɔkasa a, na ɔmanfo no ntumi nka bi. (Mt 23:2-6) Ná Farisifo no binom nso ka Sanhedrin no ho. Nneɛma bi wɔ hɔ a, na wɔne Yesu ani nhyia wɔ ho koraa. Ebi ne Homeda, atetesɛm, ne sɛnea na Yesu ne abɔnefo ne wɔn a wogyigye tow bɔ no. Farisifo binom bɛyɛɛ Kristofo. Baako ne Saul a ofi Tarso.​—Mt 9:11; 12:14; Mr 7:5; Lu 6:2; Aso 26:5.

  • Filistia; Filistifo.

    Asaase a ɛda Israel mpoano wɔ anaafo fam no, ɛno na akyiri yi wɔbɛfrɛɛ hɔ Filistia. Nnipa a wotu fii Kreta kɔtenaa saa asaase no so no, wɔfrɛɛ wɔn Filistifo. Dawid dii wɔn so nkonim, nanso ɔman biara amfa wɔn anyɛ nkoa. Wɔbɛyɛɛ Israelfo atamfo, na na wɔne wɔn ani nhyia koraa. (Ex 13:17; 1Sa 17:4; Am 9:7)​—Hwɛ Nkh. B4.

  • Fononoo.

    Ɛyɛ biribi a wɔde tõ aduan. Fononoo afoforo nso wɔ hɔ. Wɔde bi nan dade, wɔde bi nso tõ ayowa, kuku, ne nea ɛkeka ho ma ɛyɛ den, ɛnna fononoo a wɔde hyew akado nso wɔ hɔ. Bere a na wɔrekyerɛw Bible no, birikisi anaa abo na na wɔde si fononoo.​—Ge 15:17; Le 2:4; Da 3:17; Adi 9:2.

G

  • Gehenna.

    Ɛyɛ Greek din a wɔde frɛ Hinom Ba Bon a na ɛwɔ tete Yerusalem anaafo fam atɔe no. (Yer 7:31) Bible ka ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ ɛyɛ baabi a nnipa afunu bɛdeda. (Yer 7:32; 19:6) Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔtow mmoa anaa nnipa a wonwui guu Gehenna hyew wɔn anaasɛ wɔyɛɛ wɔn ayayade wɔ hɔ. Eyi kyerɛ sɛ, Gehenna nyɛ baabi a yɛmfa yɛn ani nhu a wɔyɛ nnipa akra ayayade daa wɔ ogya mu. Mmom, Yesu ne n’asuafo no kaa Gehenna ho asɛm de kyerɛɛ daa asotwe a ɛne “owuprenu” no, kyerɛ sɛ, daa ɔsɛe anaa ɔsɛe korakora.​—Adi 20:14; Mt 5:22; 10:28.

  • Gerah.

    Wɔde susuw biribi mu duru. Gerah baako yɛ gram 0.57. Gerah 20 yɛ dwetɛbona baako. (Le 27:25)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Gilead.

    Yɛreka paa a, ɛno ne asaase pa a na ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛkɔfa Yabok Subon no atifi ne n’anaafo fam no. Ɛtɔ da a, na wɔfrɛ Israelfo asaase a ɛda Yordan apuei fam no nyinaa Gilead, na ɛhɔ na na Rubenfo ne Gadfo ne Manase abusuakuw fã no te. (Nu 32:1; Yos 12:2; 2Ah 10:33)​—Hwɛ Nkh. B4.

  • Gitit.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwonto mu. Yennim nea ɛkyerɛ pɔtee, nanso wohwɛ a, ɛbɛyɛ sɛ efi Hebri asɛmfua gath mu. Ebinom kyerɛ sɛ, gath kyerɛ amoa a wokyĩ nsa wom, enti ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nnwom a wɔto bere a wɔreyɛ bobesa.​—Dw 81:Atf.

  • Granate akutu.

    Ɛyɛ aduaba bi a ɛte sɛ aprɛ, na biribi tua to te sɛ ahenkyɛw. Ɛho no yɛ den, na biribi a ɛte sɛ topae nketenkete pii wom. Wopae ade a ɛte sɛ topae no mu a, nsu wom paa, na aba ketekete kɔkɔɔ bi hyɛ mu. Ná wɔanwene granate akutu agu ɔsɔfo panyin no ataade nsasin bruu no ano. Adum abien a wɔfrɛ no Yakin ne Boas a na esisi asɔrefi no anim no, na wɔayɛ granate akutu fɛfɛɛfɛ wɔ ne ntaaso no ho.​—Ex 28:34; Nu 13:23; 1Ah 7:18.

  • Greek; Greeceni.

    Greek yɛ kasa a Greecefo ka. Greeceni kyerɛ obi a ofi Greece anaa obi a n’abusuafo fi hɔ. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm mu no, sɛ wɔka Greeceni a, ɛnkyerɛ Greecefo nko ara. Mmom ɛkyerɛ obiara a ɔnyɛ Yudani ne obiara a wasua Greek kasa ne Greecefo amammerɛ.​—Yoe 3:6; Yoh 12:20.

  • Guankɔbea nkurow.

    Ɛyɛ Lewifo nkurow a sɛ obi anhyɛ da na okum obi a, oguan kɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a onipa a wakum no no busuani rennya no nkum no bi. Ná nkurow no dodow yɛ asia, na na ebi wɔ Bɔhyɛ Asaase no so baabiara. Yehowa maa Mose yii guankɔbea nkurow no bi, na akyiri yi, ɔmaa Yosua nso yii bi kaa ho. Sɛ obi guan kodu guankɔbea kurow bi mu a, na ɔka n’asɛm kyerɛ mpanyimfo a wɔwɔ kurow no pon ano no, na na wɔn nso gye no kama. Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo nhyɛ da nkum nnipa na wonguan nkɔhyɛ guankɔbea nkurow no mu mfa wɔn ho nni nti, sɛ obi kɔbɔ ne ho aguaa wɔ guankɔbea kurow bi mu a, na ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ kurow a awudi no kɔɔ so wom no mu ma wodi n’asɛm hwɛ sɛ odi bem anaa odi fɔ. Sɛ odi bem a, na wɔsan de no kɔ guankɔbea kurow no mu. Ná ɛnsɛ sɛ ɔtra kurow no hye kosi sɛ ɔno anaa ɔsɔfo panyin no bewu.​—Nu 35:6, 11-15, 22-29; Yos 20:2-8.

H

  • Hades.

    Ɛyɛ Greek asɛmfua, na ɛno ara na wɔka no “Sheol” wɔ Hebri kasa mu no. Wɔrekyerɛ ase a, wɔde nkyerɛwde kɛse ‘Ɔ’ di anim, na wɔkyerɛw no “Ɔdamoa.” Ɛno ma yehu sɛ wɔreka adasamma damoa ho asɛm, na ɛnyɛ amoa a wosie obi wom kɛkɛ.​—Hwɛ ƆDAMOA.

  • Hebrini.

    Abram (anaa Abraham) na wodii kan frɛɛ no Hebrini, na ɛno maa nsonsonoe baa ɔno ne Amorifo a na wɔte bɛn no no ntam. Akyiri yi, wɔfrɛɛ Abraham asefo a wofi ne banana Yakob mu no nso Hebrifo, na wɔn kasa nso, wɔfrɛɛ no Hebri. Yesu bere so no, na Aram kasa mu nsɛmfua pii abewurawura Hebri kasa no mu, na na saa kasa no na Kristo ne n’asuafo no ka.​—Ge 14:13; Ex 5:3; Aso 26:14.

  • Hermes.

    Ɔyɛ Greecefo nyame, na ɔyɛ Seus babarima. Bere a Paul wɔ Listra no, nkurɔfo no frɛɛ no Hermes, efisɛ na ɛyɛ wɔn sɛ gyama anyame no na asoma no, na ɔno ne onyame a onim kasa anaa onyame anoteewa.​—Aso 14:12.

  • Herode.

    Ɛyɛ abusua bi din. Saa abusua no, aban a na ɛwɔ Roma no na na eyi emufo ma wodi Yudafo so. Herode Ɔkɛse gyee din paa, efisɛ ɔsan sii Yerusalem asɔrefi no, na esiane sɛ na ɔpɛ sɛ okum Yesu nti, ɔma wokunkum mmofra pii. (Mt 2:16; Lu 1:5) Wɔde Herode Arkelao ne Herode Antipa a wɔyɛ Herode Ɔkɛse no mma no mu biara dii wɔn papa ahemman no fã bi so. (Mt 2:22) Ná Antipa yɛ Roma ahemman no fã bi so hene, na na ɔyɛ Roma ɔhempɔn no nanmusini. Ná wɔtaa frɛ no “ɔhene.” Mfe abiɛsa ne fã a Kristo de yɛɛ ne som adwuma no nyinaa, na Antipa di tumi, na bere a wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma ti 1 kosi ti 12 no nyinaa, na ɔda so di tumi. (Mr 6:14-17; Lu 3:1, 19, 20; 13:31, 32; 23:6-15; Aso 4:27; 13:1) Ɛno akyi no, Herode Ɔkɛse no banana Herode Agripa I bedii ade, nanso ankyɛ koraa na Onyankopɔn bɔfo kum no. (Aso 12:1-6, 18-23) Herode Agripa II a ɔyɛ Herode Agripa I ba no bedii ade, na odii tumi kosii bere a Yudafo no tew atua tiaa Romafo no.​—Aso 23:35; 25:13, 22-27; 26:1, 2, 19-32.

  • Herode akyidifo.

    Wɔsan frɛ wɔn Herodefo. Ná wɔyɛ kuw bi a wɔtaa Herode abusua no akyi wɔ amanyɔsɛm mu bere a na Romafo ma Herode abusua di tumi no. Ɛbɛyɛ sɛ na Sadukifo no bi nso ka saa kuw yi ho. Herodefo no ne Farisifo no yɛɛ baako, na wɔsɔre tiaa Yesu.​—Mr 3:6.

  • Higayon.

    Ɛyɛ asɛmfua a wɔde kyerɛ sɛnea wɔmfa sanku ne ne nkekaho mmɔ nnwom. Wɔde asɛmfua yi ayɛ adwuma wɔ Dwom 9:16, na ebetumi akyerɛ sɛ wɔmmɔ dwom anaa sanku no bɔkɔɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔretie no betumi ayɛ dinn kakra afa adwene.

  • Hin.

    Wɔde susuw nneɛma a ɛyɛ nsunsu, na ade a wɔde susuw no nso, na wɔfrɛ no hin. Obi a ɔkyerɛw abakɔsɛm a wɔfrɛ no Josephus kae sɛ, ahina bi a na wɔde susuw ade wɔ tete Greece a wɔfrɛ no Atenefo choe no, abien na na ɛyɛ hin baako. Nneɛma a ɛyɛ nsunsu no, lita 3.67 na na ɛkɔ Atenefo choe abien mu. Enti hin baako biara wom bɛyɛ lita 3.67 (tp. 5 ne kakra). (Ex 29:40)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Homar.

    Wɔde susuw nneɛma a ɛnyɛ nsunsu. Ɛne kor susude no yɛ pɛ. Homar biara wom lita 220 (olonka 73 ne kakra). Bat susude no na wɔhwɛɛ ho de huu homar no dodow. (Le 27:16)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Homeda.

    Efi Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “home anaa gyae” mu. Ɛno ne da a ɛto so ason wɔ Yudafo nnawɔtwe no mu (efi ase Fida bere a owia akɔtɔ kosi Memeneda bere a owia akɔtɔ). Nna foforo bi a na wodi afahyɛ nso, na wɔfrɛ ebiara Homeda. Afei, afe a ɛto so 7 ne nea ɛto so 50 biara nso, na wɔfrɛ no Homeda. Sɛ edu Homeda a, na ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma biara gye asɔfodwuma a wɔyɛ wɔ kronkronbea hɔ no. Sɛ edu Homeda afe a, na ɛnsɛ sɛ wodua hwee wɔ asaase no so, na sɛ Hebrini bi de ne yɔnko ka a, na ɛnsɛ sɛ ɔdan no ka. Homeda ho akwankyerɛ a na ɛwɔ Mose Mmara mu no, na ɛnyɛ kyenkyenee, nanso nyamesom mpanyimfo no de bi kekaa ho nkakrankakra, enti eduu Yesu bere so no, na Homeda no abɛdan adesoa ama nkurɔfo no.​—Ex 20:8; Le 25:4; Lu 13:14-16; Kol 2:16.

  • Honhom.

    Hebri asɛmfua ruʹach ne Greek asɛmfua pneuʹma na wɔtaa kyerɛ ase “honhom,” na ɛkyerɛ nneɛma bebree. Nneɛma a ɛkyerɛ no, emu biara nni hɔ a nnipa de n’ani hu, nanso ɛma wuhu sɛ tumi bi reyɛ adwuma. Wɔde Hebri asɛmfua ruʹach ne Greek asɛmfua pneuʹma kyerɛ (1) mframa, (2) ade a ɛma asaase so abɔde keka wɔn ho, (3) biribi a ɛwɔ onipa koma mu a epusuw no ma ɔka asɛm bi anaa ɔyɛ n’ade wɔ ɔkwan bi so, (4) honhom mu nsɛm a efi baabi a aniwa nhu, (5) abɔde a wɔyɛ ahonhom, ne (6) tumi a Onyankopɔn de yɛ n’ade, anaa honhom kronkron.​—Ex 35:21; Dw 104:29; Mt 12:43; Lu 11:13.

  • Honhom kronkron.

    Ɛyɛ tumi a ano yɛ den a yɛmfa yɛn ani nhu, na ɛno na Onyankopɔn de yɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ biara. Nea enti a ɛyɛ kronkron ne sɛ, efi Yehowa a ne ho tew na ɔyɛ ɔtreneeni sen obiara no hɔ. Ade foforo a enti ɛyɛ kronkron ne sɛ, ɛno na Onyankopɔn nam so yɛ nneɛma kronkron.​—Lu 1:35; Aso 1:8.

  • Horeb; Horeb Bepɔw.

    Horeb yɛ mmepɔmmepɔw a atwa Sinai Bepɔw ho ahyia no. Horeb Bepɔw no ara na wɔfrɛ no Sinai Bepɔw no. (Ex 3:1; De 5:2)​—Hwɛ Nkh. B3.

  • Hyiadan.

    Ɛyɛ asɛmfua a ɛkyerɛ “anoboaboa anaa nhyiam,” nanso kyerɛwnsɛm dodow no ara mu de, ɛkyerɛ ɔdan a na Yudafo hyia wɔ mu anaa baabi a na wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no san gye akwankyerɛ de ka asɛm no na wɔbɔ mpae. Bere a Yesu wɔ asaase so no, Israel kurow a ɛso kakra biara no, na hyiadan baako wɔ hɔ. Nkurow akɛse no de, na hyiadan a ɛwɔ hɔ boro baako.​—Lu 4:16; Aso 13:14, 15.

I

  • Iliriko.

    Ɛyɛ Romafo mantam bi a ɛwɔ Greece atifi atɔe fam. Bere a Paul reyɛ ne som adwuma no, ɔkɔe ara koduu Iliriko, nanso sɛ Paul kɔɔ hɔ kɛkɛ oo, sɛ ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ oo, Bible nka. (Ro 15:19)​—Hwɛ Nkh. B13.

  • Israel.

    Ɛyɛ din a Onyankopɔn de maa Yakob. Eduu baabi no, na wɔfrɛ Yakob asefo nyinaa Israel. Yakob mma mmarima 12 no asefo nso, na wɔtaa frɛ wɔn Israel mma, Israel fi, Israel mmarima, anaa Israelfo. Mmusuakuw du ahemman a na ɛwɔ atifi fam a wɔtew wɔn ho fii anaafo fam ahemman no ho nso, na wɔfrɛ wɔn Israel. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no nso Israel, “Onyankopɔn Israel.”​—Ga 6:16; Ge 32:28; 2Sa 7:23; Ro 9:6.

K

  • Kaanan.

    Ɔyɛ Noa banana, na ɔno ne Ham ba a ɔto so anan. Akyiri yi, mmusuakuw 11 a wɔyɛ Kaanan asefo no tenaa Mediterranea apuei fam mpɔtam hɔ wɔ Egypt ne Siria ntam. Saa mpɔtam hɔ no, na wɔfrɛ hɔ “Kaanan asaase.” (Le 18:3; Ge 9:18; Aso 13:19)​—Hwɛ Nkh. B4.

  • Kab.

    Wɔde susuw nneɛma a ɛnyɛ nsunsu. Kab baako biara wom lita 1.22 (bɛyɛ magyirin konko 2 ne kakra). Bat susude no na wɔhwɛɛ ho de huu kab no dodow. (2Ah 6:25)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Kaesare.

    Ɛyɛ Romafo abusua bi din, ɛnna ɛbɛdan Romafo ahempɔn no abodin. Bible bobɔ Augusto, Tiberio, ne Klaudio din sɛ na wɔn mu biara yɛ Kaesare. Nero de, ne din nni Bible mu, nanso na ɔno nso yɛ Kaesare. Wɔde “Kaesare” yɛ adwuma nso wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu de gyina hɔ ma ɔman mu atumfo anaa Aban.​—Mr 12:17; Aso 25:12.

  • Kaldea; Kaldeafo.

    Kan no, baabi a na Tigris ne Eufrate nsubɔnten no mu paapae ansa na akɔbɔ ɛpo mu no, ɛhɔ na na wɔfrɛ no Kaldea, na nnipa a na wɔte hɔ nso, wɔfrɛɛ wɔn Kaldeafo. Akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ Babilonia nyinaa Kaldea, na nnipa a ɛwɔ hɔ nyinaa nso, wɔbɛfrɛɛ wɔn Kaldeafo. Wɔka “Kaldeafo” a, na etumi nso kyerɛ nhomanimfo a wosua abɔde mu nyansahu, abakɔsɛm, kasa ahorow, ne nsoromma ho ade, na woyi nkonyaa anaa wɔhwɛ nsoromma mu ka ho.​—Esr 5:12; Da 4:7; Aso 7:4.

  • Kasia.

    Ɛyɛ biribi a wonya fi kasia dua a ɛwɔ abona (Cinnamomum cassia) mu. Kasia dua no te sɛ sinamon dua; efi abusua baako mu. Ná wɔde kasia yɛ aduhuam. Afei nso, nneɛma a na wɔde yɛ ɔsrango kronkron no, na kasia ka ho.​—Ex 30:24; Dw 45:8; Hes 27:19.

  • Kɔkɔte.

    Ɛyɛ hwiit bi (Triticum spelta). Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubeyi ɛho ntɛtɛwa no.​—Ex 9:32.

  • Kɔndua.

    Ɛyɛ dua bi a wɔde to obi abati. Wotumi de nneɛma sensɛn ti ne ti. Etumi nso yɛ dua a wɔde to mmoa abien a wɔde wɔn twe nneɛma kɔn mu bere a wɔretwe afiri a wɔde yɛ adwuma wɔ afuw mu anaa teaseɛnam. Anantwi na na wɔtaa de kɔndua to wɔn kɔn ho. Esiane sɛ na nkoa taa de kɔndua soa nneɛma a emu yɛ duru nti, wɔde kɔndua yɛ adwuma de kyerɛ nkoasom, nhyɛso, ateetee, anaa amanehunu. Sɛ wɔka sɛ obi ayi kɔndua no anaa wabubu mu a, ɛkyerɛ sɛ wanya ahofadi afi nkoasom, nhyɛso, ne nsisi mu.​—Le 26:13; Mt 11:29, 30.

  • Kemos.

    Ɔyɛ Moabfo nyame panyin.​—1Ah 11:33.

  • Kerubim.

    Wɔyɛ abɔfo a wɔwɔ dibea kɛse a wɔama wɔn dwumadi soronko. Ɛsono wɔn, ɛnna ɛsono serafim.​—Ge 3:24; Ex 25:20; Yes 37:16; Heb 9:5.

  • Kislew.

    Bere a Yudafo no fi Babilon bae no, Kislew na na ɛyɛ bosome a ɛto so akron wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so abiɛsa wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase fi November bosome no mpaemu kosi December bosome no mpaemu. (Ne 1:1; Sak 7:1)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Kor.

    Wɔde susuw nneɛma a ɛyɛ nsunsu ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu. Kor baako biara wom lita 220 (sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛyɛ nsunsu a, ne dodow yɛ galɔn 58 ne kakra; sɛ ɛyɛ nneɛma a ɛnyɛ nsunsu a, ne dodow yɛ olonka 73 ne kakra). Bat susude no na wɔhwɛɛ ho de huu kor no dodow. (1Ah 5:11)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Kristo.

    Ɛyɛ Yesu abodin. Efi Greek asɛmfua Khri·stosʹ mu. Ɛno na wɔkyerɛ ase wɔ Hebri kasa mu sɛ “Mesia,” anaa “Nea Wɔasra No” no.​—Mt 1:16; Yoh 1:41.

  • Kristofo.

    Ɛyɛ din a Onyankopɔn de ama wɔn a wodi Yesu Kristo akyi.​—Aso 11:26; 26:28.

  • Kronkron; Kronkronyɛ.

    Ɛyɛ Yehowa ho ade; saa ara na ɔte. Ɛkyerɛ sɛ ne ho tew; efĩ ne nkekae biara nni ne ho. (Ex 28:36; 1Sa 2:2; Mme 9:10; Yes 6:3) Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase kronkron no, sɛ wɔde ka nnipa (Ex 19:6; 2Ah 4:9), mmoa (Nu 18:17), nneɛma (Ex 28:38; 30:25; Le 27:14), mmeae (Ex 3:5; Yes 27:13), mmere (Ex 16:23; Le 25:12), ne nnwuma (Ex 36:4) ho asɛm a, ɛkyerɛ sɛ saa ade no, wɔayi asi hɔ anaa wɔatew ho ahyira so ama ɔkronkronni Nyankopɔn no, kyerɛ sɛ, wɔahyira saa ade no so ama Yehowa som. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu nso, nsɛm a wɔkyerɛɛ ase “kronkron” ne “kronkronyɛ” no kyerɛ biribi a wɔayi asi hɔ anaa wɔahyira so ama Onyankopɔn. Wɔsan nso de kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ obi ma n’abrabɔ ho tew.​—Mr 6:20; 2Ko 7:1; 1Pe 1:15, 16.

  • Kronkronbea.

    Ɛno ne ɔdan a edi kan wɔ ɔsom ntamadan no mu anaa asɔrefi hɔ. Ɛhɔ so sen ɔsom ntamadan no ne asɔrefi no pia mu pia, anaa Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Wufi hɔ a, na worekɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Ɔsom ntamadan no mu no, nneɛma a na ɛwɔ Kronkronbea hɔ ne sika kɔkɔɔ kaneadua no, sika kɔkɔɔ aduhuam afɔremuka, ɔpon a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ wɔ so no, ne sika kɔkɔɔ nneɛma. Asɔrefi hɔ nso, nneɛma a na ɛwɔ Kronkronbea hɔ ne sika kɔkɔɔ afɔremuka no, ne sika kɔkɔɔ nkaneadua du, ne apon du a wɔhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ wɔ so no. (Ex 26:33; Heb 9:2)​—Hwɛ Nkh. B5 ne B8.

  • Kronkron Mu Kronkronbea.

    Ɛyɛ ɔsom ntamadan no ne asɔrefi no pia mu pia. Ɛhɔ na na apam adaka no si. Mose Mmara no kae sɛ, ɔsɔfo panyin no nko ara ne onipa a na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Afe afe Mpata Da no nko ara na na otumi kɔ hɔ.​—Ex 26:33; Le 16:2, 17; 1Ah 6:16; Heb 9:3.

  • Kurobow.

    Ɛyɛ nnua mu nsu a ɛyɛ huam a akyenkyen. Wonya fi nsɔensɔe anaa nnua nketenkete a efi Commiphora abusua mu no mu. Ná kurobow ka nneɛma a wɔde yɛ ɔsrango kronkron no ho. Ná ɛma nneɛma bi te sɛ ntaade mu ne mpa so yɛ huam. Afei nso, na wɔde fra ngo a wɔde twetwe nnipa anaa ngo a wɔde miamia nkurɔfo. Ná wotumi nso de fra nku de sra. Bio nso, na wɔde kurobow srasra efunu ansa na wɔakosie.​—Ex 30:23; Mme 7:17; Yoh 19:39.

  • Kwansin; Akwansin.

    Kwansin yɛ sɛnea wosusuw ɔkwan a obi atwa anaa ɔkwan bi tenten. Epue pɛnkoro pɛ wɔ tete Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu wɔ Mateo 5:41, na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Romafo kwansin a ne tenten yɛ mita 1,479.5 (anm. 4,854) no. Asɛmfua “akwansin” san pue mprɛnsa wɔ kyerɛwnsɛm a edidi so yi mu: Luka 24:13, Yohane 6:19, ne Yohane 11:18. Nanso saa kyerɛwnsɛm abiɛsa no mu de, tete nkyerɛwee no de ‘agoprama’ na ɛyɛɛ adwuma, ɛnna wɔasesa kɔ ‘akwansin’ mu.​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Kwata; Ɔkwatani.

    Ɛyɛ honam ani yare bi a ɛyɛ hu paa. Bible ka kwata a, ɛnyɛ daa na ɛkyerɛ kwata a yenim no nnɛ no. Kwata a Bible ka ho asɛm no de, ɛnyɛ nnipa nko ara na etumi yɛ wɔn; na etumi yɛ ntaade ne adan nso. Obi a kwata ayɛ no no, wɔfrɛ no ɔkwatani.​—Le 14:54, 55; Lu 5:12.

  • Kyerɛwnsɛm.

    Ɛyɛ nkyerɛwee kronkron a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu nko ara na saa asɛm no pue.​—Lu 24:27; 2Ti 3:16.

L

  • Lebanon Mmepɔw.

    Ɛyɛ mmepɔw akuw abien a ɛwɔ Lebanon asaase so no baako. Nea wɔfrɛ no Lebanon Mmepɔw no wɔ atɔe fam, ɛnna nea wɔfrɛ no Amana (Mmepɔw a Ɛne Lebanon Mmepɔw Di Nhwɛanim) no nso wɔ apuei. Asaasetraa kɛse bi da mmepɔw abien no ntam. Saa asaase no, wudua ade wɔ so a, ɛyɛ yiye paa. Lebanon Mmepɔw no da Mediterranea mpoano hɔ pɛɛ, na mmepɔw no bi tenten yɛ mita 1,800 (anm. 6,000) kosi mita 2,100 (anm. 7,000). Tete no, na sida nnua akɛseakɛse pii wɔ Lebanon, na na aman a atwa Lebanon ho ahyia no bu saa nnua no sɛ ɛyɛ papa paa. (De 1:7; Dw 29:6; 92:12)​—Hwɛ Nkh. B7.

  • Lepton.

    Bere a na wɔrekyerɛw Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no, Yudafo sika a wɔde kɔbere anaa kɔbere a wɔde dade foforo afra ayɛ no, lepton na na esua wom koraa. Wɔkyerɛ ase wɔ Bible ahorow bi mu sɛ “pɛsewa.” (Mr 12:42 ase hɔ asɛm no; Lu 21:2 ase hɔ asɛm no.)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Lewi; Lewini.

    Lewi yɛ Yakob ne ne yere Lea babarima a ɔto so abiɛsa. Abusuakuw a na ne din da so no nso, na wɔfrɛ no Lewi abusuakuw. Ne mma mmarima baasa no mu na wonyaa Lewifo akuw titiriw abiɛsa no. Wɔka “Lewifo” a, ɛtɔ da a ɛkyerɛ Lewi abusuakuw no mufo nyinaa, nanso mpɛn pii no, sɛ wɔka “Lewifo” a, asɔfo abusua a wofi Aaron mu no nka ho. Bere a wɔkyekyɛɛ asaase wɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, wɔamma Lewi abusuakuw no bi. Mmom, wɔmaa wɔn nkurow 48 wɔ mmusuakuw a aka no nsaase so.​—De 10:8; 1Be 6:1; Heb 7:11.

  • Lewiatan.

    Ɔyɛ aboa bi a mpɛn pii no, wɔbɔ ne din a, na wɔabɔ nsu din. Ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ aboa a ɔte nsu mu. Lewiatan a wɔka ne ho asɛm wɔ Hiob ti 3, nkyekyɛm 8 ne ti 41, nkyekyɛm 1 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ ɔdɛnkyɛm anaa nsu mu aboa kakraka bi a ne ho yɛ den paa. Dwom 104 nkyekyɛm 26 de, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ bonsu bi. Bible no fã bi de, wɔde Lewiatan gyina hɔ ma biribi foforo, na ɛnyɛ aboa pɔtee biara.​—Dw 74:14; Yes 27:1.

  • Lɔg.

    Bible mu no, ɛno ne ade a esua koraa a wɔde susuw nneɛma a ɛyɛ nsunsu. Yudafo Talmud no ka sɛ, sɛ wɔkyɛ hin mu 12 a, emu baako na ɛne lɔg yɛ pɛ. Sɛ yɛfa no saa a, ɛnde na lɔg baako wom lita 0.31 (bɛyɛ tumpan fã ne kakra). (Le 14:10)​—Hwɛ Nkh. B14.

M

  • Mahalat.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a ɛbɛyɛ sɛ wɔde yɛ adwuma wɔ nnwonto mu. Ɛwɔ Dwom 53 ne Dwom 88 atifi nsɛm mu. Ebetumi aba sɛ ɛne Hebri adeyɛ asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ obi “bɛyɛ mmerɛw” anaa obi “bɛyare” na ɛbɔ abusua. Enti ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ awerɛhow nne anaa obi a wabotow nne. Wohwɛ Dwom 53 ne Dwom 88 mu nsɛm a, wuhu sɛ ampa, nnwom no yɛ awerɛhow.

  • Makedonia.

    Ɛyɛ ɔmantam bi a ɛwɔ Greece atifi fam. Egyee din bere a na Alexander Ɔkɛse no di tumi no, na ɔman foforo biara antumi anni so kosii sɛ Romafo bɛko fae. Bere a edi kan a ɔsomafo Paul kɔɔ Europe no, na Makedonia yɛ Romafo mantam. Paul kɔɔ hɔ mprɛnsa. (Aso 16:9)​—Hwɛ Nkh. B13.

  • Malkam.

    Ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara ne Molek a ɔyɛ Ammonfo nyame titiriw no. (Sef 1:5)​—Hwɛ MOLEK.

  • Mana.

    Ɛno paa ne aduan a Israelfo no dii bere a na wɔnam sare so mfe 40 no. Yehowa na ɔde maa wɔn. Anɔpa biara, na mana tɔ fra obosu, enti sɛ obosu no wo a, na aka mana no wɔ asaase no ani. Homeda nko ara na na mana ntɔ. Bere a edi kan a Israelfo no huu mana no, wobisabisaa wɔn ho sɛ: “Dɛn ni?” anaa Hebri kasa mu no, “man huʼ?” (Ex 16:13-15, 35) Edin foforo a wɔde frɛ mana wɔ Bible mu ne, “aduan a efi soro” (Dw 78:24), “ɔsoro aduan” (Dw 105:40), ne “atumfo aduan” (Dw 78:25). Yesu nso kaa mana ho asɛm de kyerɛɛ biribi foforo.​—Yoh 6:49, 50.

  • Maskil.

    Ɛyɛ Hebri asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwom mmaako mmaako 13 atifi nsɛm mu. Yennim nea asɛmfua no kyerɛ pɔtee. Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ “anwensɛm a ɛma obi fa adwene.” Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, asɛmfua bi wɔ hɔ a ne nkyerɛase ne Maskil nkyerɛase reyɛ ayɛ pɛ. Nea saa asɛmfua no kyerɛ ne sɛ ‘obi de adwempa bɛsom.’​—2Be 30:22; Dw 32:Atf.

  • Matew-me-ho kuw.

    Ɛyɛ nnipakuw bi a wɔwɔ gyidi baako anaa wodi onipa bi akyi na wɔwɔ wɔn ankasa gyidi. Wɔtaa de ka Farisifo ne Sadukifo a wɔyɛ Yudasom mu akuw abien a agye din no ho asɛm. Ná wɔn a wɔnyɛ Kristofo ka sɛ Kristosom nso yɛ “matew-me-ho kuw” anaa “matew-me-ho kuw a wɔfrɛ wɔn Nasaretfo.” Nea enti a wɔfrɛɛ no saa ne sɛ, na wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Kristosom atew ne ho afi Yudasom ho. Akyiri yi, matew-me-ho akuw baa Kristofo asafo no mu. Adiyisɛm nhoma no hyɛɛ da bɔɔ “matew-me-ho kuw a wɔfrɛ wɔn Nikolaifo” din.​—Aso 5:17; 15:5; 24:5; 28:22; Adi 2:6; 2Pe 2:1.

  • Mediafo; Media.

    Mediafo yɛ Yafet ba Madai asefo. Iran mmepɔw atifi a ɛbɛdan Media man no, ɛhɔ na wɔkɔtenae. Mediafo ne Babilonfo ka boom, na wɔne Asiriafo ko dii wɔn so nkonim. Saa bere no, na Persia yɛ ɔmantam a ɛhyɛ Media ase, nanso Kores tew atua, na Media ne Persia ka boom bɛyɛɛ Medo-Persia Ahemman no. Saa ahemman no na ɛko dii Babilon Ahemman a Ɛto So Abien no so nkonim wɔ afe 539 A.Y.B. Pentekoste afahyɛ a ɛkɔɔ so afe 33 Y.B. wɔ Yerusalem no, na Mediafo wɔ ase bi. (Da 5:28, 31; Aso 2:9)​—Hwɛ Nkh. B9.

  • Merodak.

    Ɔno ne Babilon kurow no nyame titiriw. Bere a Babilon hene Hammurabi a ɔhyehyɛɛ mmara ahorow no de Babilon yɛɛ Babilonia ahenkurow no, Merodak (anaa Marduk) begyee din koraa sen Babilon anyame a wodii n’anim no, na Babilon anyame bebrebe no, Merodak na ɔbɛyɛɛ wɔn mu otitiriw. Akyiri yi, abodin “Belu” (“Owura”) besii edin Merodak (anaa Marduk) no anan, na sɛ nkurɔfo reka Merodak ho asɛm a, na wɔtaa frɛ no Bel.​—Yer 50:2.

  • Mesia.

    Ɛyɛ asɛm a efi Hebri asɛmfua bi a ɛkyerɛ “sra” anaa “nea wɔasra no” mu. Saa asɛmfua no ara, wɔkyerɛ ase sɛ “Kristo” wɔ Greek kasa mu.​—Da 9:25; Yoh 1:41.

  • Miktam.

    Ɛyɛ Hebri asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwom mmaako mmaako asia (Dw 16; 56–60) atifi nsɛm mu. Yennim nea saa asɛmfua no kyerɛ pɔtee, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɛne “biribi a wɔakyerɛw” anaa “biribi a wɔakurukyerɛw” bɔ abusua.

  • Milkom.

    Ɔyɛ Ammonfo nyame a na wɔsom no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara ne onyame a wɔfrɛ no Molek no. (1Ah 11:5, 7) Aka kakra ama Solomon ahenni aba awiei no, osisii sorɔnsorɔmmea maa saa atoro nyame yi.​—Hwɛ MOLEK.

  • Mmaabɔ (mpireka).

    Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm mu no, wɔka sɛ wɔrebɔ obi mmaa a, ɛkyerɛ sɛ wɔde ahama bi a wɔabobɔ ano pɔw reboro no. Etumi nso kyerɛ sɛ wɔde biribi a ano yɛ nnam a wɔakoakoa ano ahyɛ ahama so reboro onipa no.​—Yoh 19:1.

  • Mmae.

    Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, ɛtɔ da a wɔde saa asɛm no kyerɛ bere a Yesu Kristo baa n’ahenni mu. Efii ase bere a wɔde no tenaa ahengua so sɛ Ɔhene Mesia a nnipa anhu no, na ɛbɛkɔ so wɔ wiase yi nna a edi akyiri no nyinaa mu. Kristo mmae no, ɛnyɛ sɛ ɛbae ara na ɛrekɔ. Mmom, ebedi bere tenten pɔtee bi.​—Mt 24:3.

  • Mmara.

    Sɛ wɔde nkyerɛwde kɛse ‘M’ di anim na wɔkyerɛw no “Mmara” a, ɛtaa kyerɛ Mose Mmara no anaa Bible mu nhoma anum a edi kan no. Nanso sɛ wɔde nkyerɛwde ketewa ‘m’ di anim na wɔkyerɛw no “mmara” a, ebetumi akyerɛ mmara mmaako mmaako a ɛwowɔ Mose Mmara no mu anaa mmara bi mu nnyinasosɛm.​—Nu 15:16; De 4:8; Mt 7:12; Ga 3:24.

  • Mmarato.

    Sɛ obi bu mmara so a, ɛkyerɛ sɛ wato mmara. Bible mu no, wotumi frɛ mmarato “bɔne” na wotumi nso frɛ bɔne “mmarato.”​—Dw 51:3; Ro 5:14.

  • Mmɛw.

    Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho. Wɔde yɛ nneɛma bi te sɛ akorow, nkɛntɛn, ne nea ɛkeka ho. Ná wotumi de yɛ nneɛma bi te sɛ krataa a wɔkyerɛw so nso. Nhoma mmobɔwee pii wɔ hɔ a, demmire na wɔde yɛe.​—Ex 2:3.

  • Mmɔkaw.

    Ɛyɛ biribi a wɔde fra mmɔre anaa esiam a wɔafɔtɔw anaa nneɛma a ɛyɛ nsunsu ma emu kaw. Esiam a wɔafɔtɔw ama emu akaw a wɔati asi baabi na na wɔtaa de fra nneɛma ma emu kaw. Bible taa de mmɔkaw gyina hɔ ma bɔne ne ɔporɔw. Etumi nso kyerɛ sɛnea biribi nyin a yɛmfa yɛn aniwa nhu.​—Ex 12:20; Mt 13:33; Ga 5:9.

  • Mmɔkaw nnim.

    Ɛkyerɛ paanoo a wɔato a wɔamfa mmɔkaw amfra.​—De 16:3; Mr 14:12; 1Ko 5:8.

  • Molek.

    Ɔyɛ Ammonfo nyame. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara na wɔfrɛ no Malkam, Milkom, ne Molok no. Ebetumi aba sɛ “Molek” yɛ abodin, na ɛnyɛ onyame pɔtee bi din. Ná ɛwɔ Mose Mmara no mu sɛ, sɛ obi de ne mma bɔ afɔre ma Molek a, wonkum no.​—Le 20:2; Yer 32:35; Aso 7:43.

  • Molok.​—

    Hwɛ MOLEK.

  • Mose Mmara.

    Ɛyɛ mmara a Yehowa nam Mose so de maa Israel man no wɔ Sinai sare so wɔ afe 1513 A.Y.B. Bible mu nhoma anum a edi kan no, wɔtaa frɛ no Mmara no.​—Yos 23:6; Lu 24:44.

  • Mpata.

    Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, na wɔka mpata de kyerɛ afɔre a nkurɔfo bɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɛn Onyankopɔn na wɔasom no. Bere a Mose Mmara no yɛ adwuma no, na nkurɔfo bɔ afɔre ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔne Onyankopɔn ntam ɛmfa ho bɔne a ankorankoro ne ɔman no nyinaa ayɛ no. Afe afe Mpata Da no paa na na wɔbɔ saa afɔre no. Ná saa afɔre ahorow no gyina hɔ ma afɔre a Yesu bɛbɔ no. Yesu afɔre no, na ɔbɛbɔ no prɛko de apata ama nnipa bɔne korakora, sɛnea ɛbɛyɛ a ebebue kwan ama wɔasiesie nnipa ne Yehowa ntam.​—Le 5:10; 23:28; Kol 1:20; Heb 9:12.

  • Mpata Da.

    Israelfo nna a na ɛyɛ kronkron no, ɛno na na ɛyɛ titiriw paa. Ná wɔsan nso frɛ no Yom Kippur (efi Hebri asɛmfua yohm hak·kip·pu·rimʹ mu; ɛkyerɛ “ɛda a wɔkata nneɛma so”). Ná saa da no si Etanim da a ɛto so 10. Saa da no nko ara ne da a na ɔsɔfo panyin no kɔ ɔsom ntamadan no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ anaa asɔrefi a ɛbaa akyiri yi no Kronkron Mu Kronkronbea hɔ. Ɔkɔ hɔ a, na ɔde mmoa a wɔde abɔ afɔre no mogya pata ma ne bɔne, Lewifo a aka no bɔne, ne ɔman no bɔne. Ná ɛyɛ bere a wɔyɛ nhyiam kronkron na wɔyɛ akɔnkyen. Afei nso na ɛyɛ homeda, bere a ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma.​—Le 23:27, 28.

  • Mpata mmuaso.

    Ɛyɛ apam adaka no mmuaso, apam adaka a Mpata Da no, na ɔsɔfo panyin no gyina anim pete bɔne ho afɔre mogya no. Hebri asɛm a wɔkyerɛɛ ase mpata mmuaso no fi Hebri adeyɛ asɛm bi mu. Ɛkyerɛ sɛ “wɔbɛkata (bɔne) so” anaa sɛ “wɔbɛpopa (bɔne) afi hɔ.” Mpata mmuaso no, wɔde sika kɔkɔɔ nko ara na na ayɛ, na na Kerubim abien sisi so; baako wɔ ano ha, ɛnna baako nso wɔ ano ha. Ɛtɔ da a, wotwa no tiawa frɛ no “mmuaso no.” (Ex 25:17-22; 1Be 28:11; Heb 9:5)​—Hwɛ Nkh. B5.

  • Mpena.

    Ɔbea a ɔto aware so. Ná ɔtaa yɛ afenaa anaa abaawa.​—Ex 21:8; 2Sa 5:13; 1Ah 11:3.

  • Mut-laben.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a ɛwɔ Dwom 9 atifi asɛm no mu. Ná ne nkyerɛase ne, “ɔbabarima no wu ho asɛm.” Ebinom kyerɛ sɛ, ɔkwan a na wonim sɛ wɔfa so to Dwom 9 no na wɔfrɛ no Mut-laben. Ebinom nso kyerɛ sɛ, sɛ wɔrebɛto Dwom 9 a, nsɛm a wɔde fi ase no na wɔfrɛ no Mut-laben.

N

  • Nantwi poma.

    Ɛyɛ abaa tenten bi a dade a ano yɛ feafea hyɛ ano. Wɔn a wɔhwɛ mmoa de ka mmoa no. Wɔde nantwi poma toto onyansafo nsɛm ho, onyansafo nsɛm a epusuw wɔn a wotie ma wɔde afotu pa yɛ adwuma no. Sɛ wɔde nantwi poma ka nantwi bi na wankɔ, na otu ne nan de wɔ poma no ano a, poma no pira no. Ɛno na ɛma wonyaa asɛm a ɛne sɛ, obi ‘retu ne nan awɔ poma ano’ no.​—Aso 26:14; Ate 3:31.

  • Nardo.

    Ɛyɛ ngo huamhuam a ne bo yɛ den paa. Ani yɛ kɔkɔɔ kakra, na wonya fi nardo-ngo dua (Nardostachys jatamansi) mu. Esiane sɛ na nardo ngo bo yɛ den paa nti, na nkurɔfo de ngo a ɛnyɛ papa fra mu. Ɛtɔ da mpo a, na ebinom yɛ nardo a ɛnyɛ papa. Ɛno nti na Marko ne Yohane nyinaa kae sɛ ngo a wɔde guu Yesu nan ho no yɛ nardo “papa bi” no.​—Mr 14:3; Yoh 12:3.

  • Nasaretni.

    Ɛyɛ din a wɔde frɛ Yesu, na na ɛma nkurɔfo hu sɛ Yesu fi Nasaret. Ɛbɛyɛ sɛ ɛne Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘dua foforo a ɛbɛfefɛw’ wɔ Yesaia 11:1 no bɔ abusua. Akyiri yi, wɔfrɛɛ Yesu akyidifo nso Nasaretfo.​—Mt 2:23; Aso 24:5.

  • Nasirini.

    Ɛyɛ asɛm a wonya fii Hebri asɛmfua bi mu. Saa asɛmfua no kyerɛ “Nea Wɔayi No Asi Hɔ,” anaa “Nea Wɔahyira No So.” Nasirifo akuw abien na na ɛwɔ hɔ. Kuw baako yɛ wɔn a wotuu wɔn ho mae sɛ wɔbɛyɛ Nasirifo, ɛnna kuw a ɛto so abien no yɛ wɔn a Onyankopɔn ankasa paw wɔn sɛ Nasirifo. Ná ɔbarima anaa ɔbea betumi ahyɛ Yehowa bɔ titiriw bi sɛ ɔbɛyɛ Nasirini akosi bere bi. Obiara a ɔno ara bɛhyɛ saa bɔ no, nneɛma abiɛsa bi wɔ hɔ a na ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi ho. Nea edi kan, na ɛnsɛ sɛ ɔnom nsã a ɛbow biara anaa odi bobe ho biribiara. Nea ɛto so abien, na ɛnsɛ sɛ oyi ne ti nwi. Nea ɛto so abiɛsa, na ɛnsɛ sɛ ne ho ka efunu. Wɔn a Onyankopɔn paw wɔn Nasirifo no, na wɔbɛyɛ Nasirifo wɔn nkwa nna nyinaa. Yehowa na ɔkyerɛɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.​—Nu 6:2-7; Ate 13:5.

  • Nea onni nkoasom mu; Nea wɔayi no afi nkoasom mu.

    Bere a na Romafo di tumi no, na obi a “onni nkoasom mu” yɛ obi a wɔwoo no no na ɔnhyɛ obiara ase. Ná ɔyɛ ɔman ba prɛko pɛ, na hokwan a ɔman ba wɔ nyinaa, na ɔwɔ bi. Nanso nea “wɔayi no afi nkoasom mu” de, na ɔyɛ akoa, ɛnna wanya ahofadi. Sɛ akoa bi wura fa mmara kwan so ma onya ahofadi a, na ɔbɛyɛ Roma man ba, nanso na ɔrentumi nkura dibea biara wɔ ɔman no amammu anaa amanyɔsɛm mu. Sɛ akoa bi wura ka kɛkɛ sɛ wama akoa no afa ne ho adi a, na akoa no nya ahofadi fi nkoasom mu, nanso hokwan a na ɔman ba wɔ no, ɛnyɛ ne nyinaa na na akoa no nya bi.​—1Ko 7:22.

  • Nea ɔka daakye asɛm.

    Ɛyɛ obi a ɔkyerɛ sɛ obetumi aka nea ebesi daakye. Bible kyerɛ sɛ, wɔn a wodi saa dwuma yi bi ne akɔmfo, wɔn a nkurɔfo kɔ wɔn nkyɛn abisa, wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu ka nea ebesi, ne wɔn a ɛkeka ho.​—Le 19:31; De 18:11; Aso 16:16.

  • Nea ɔsɔre tia Kristo.

    Greek asɛmfua no wɔ nkyerɛase abien. Ɛkyerɛ obi a okyi Kristo, anaa obi a ɔko tia Kristo. Ebetumi nso akyerɛ obi a ɔdaadaa nkurɔfo sɛ ɔyɛ Kristo, anaa obi a wayɛ ne ho sɛ Kristo. Nnipa ne ahyehyɛde anaa kuw biara a wodi atoro ka sɛ wogyina Kristo ananmu, anaa wɔka sɛ wɔyɛ Mesia no, anaa wɔko tia Kristo ne n’asuafo no, sɛ yɛka sɛ wɔsɔre tia Kristo a, ɛyɛ ne kwan so.​—1Yo 2:22.

  • Nefilim.

    Bere a abɔfo dan wɔn ho nnipa a wɔne nnipa mma mmea wowoe ansa na Nsuyiri no reba no, mma mmarima awudifo a wɔwoo wɔn no na wɔfrɛ wɔn Nefilim.​—Ge 6:4.

  • Nehilot.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ Dwom 5 atifi asɛm mu. Yennim nea ɛkyerɛ pɔtee. Ebinom susuw sɛ ɛyɛ biribi a nkurɔfo de bɔ nnwom, na ano na wɔde bɔ. Wɔka sɛ Nehilot no ara ne Hebri asɛmfua cha·lilʹ (anaa atɛntɛbɛn). Nanso, ebetumi aba sɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so to nnwom mmom.

  • Netinimfo.

    Wɔyɛ asɔrefi nkoa anaa asɔrefi asomfo a na wɔnyɛ Israelfo. Hebri asɛmfua no, ne nkyerɛase tee ne “Wɔn a Wɔde Wɔn Ama,” kyerɛ sɛ, wɔn a wɔde wɔn ama sɛ wɔnyɛ asɔrefi hɔ adwuma. Netinimfo no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn mu pii yɛ Gibeonfo asefo. Gibeonfo no, Yosua de wɔn yɛɛ “nnipa a wɔbɛkɔ anyina ne nsu ama asafo no ne Yehowa afɔremuka.”​—Yos 9:23, 27; 1Be 9:2; Esr 8:17.

  • Nhoma mmobɔwee.

    Ɛyɛ ade a wɔkyerɛw so a wɔde aboa nhoma anaa demmire ayɛ. Ɛyɛ tenten, na wɔkyerɛw anim nko ara. Ná wɔtaa bobɔw fa dua ho. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, ade a na wɔtaa kyerɛw so ne nhoma mmobɔwee. Wɔn a wɔkyerɛw Bible no kyerɛw guu nhoma mmobɔwee so, na wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no nso kyerɛw guu nhoma mmobɔwee so.​—Yer 36:4, 18, 23; Lu 4:17-20; 2Ti 4:13.

  • Nhyiam.

    Ɛyɛ nnipakuw bi a wɔayɛ nhyehyɛe abehyia. Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka nhyiam a, ɛtaa kyerɛ Israelfo a wɔahyiam wɔ ɔsom mu afahyɛ bi ase anaa wɔahyiam reyɛ biribi a ehia ɔman no paa.​—De 16:8; 1Ah 8:5, 22.

  • Nisan.

    Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, wɔsesaa bosome Abib din frɛɛ no Nisan. Ɛno ne bosome a edi kan wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so ason wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase March bosome no mpaemu kosi April bosome no mpaemu. (Ne 2:1)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Nkae ada.

    Ɛyɛ baabi a na wosie wɔn a wɔawu. Greek asɛmfua mne·meiʹon na wɔkyerɛ ase “nkae ada,” na saa asɛmfua no fi adeyɛ asɛm “kae” mu. Ɛma yehu sɛ, wɔda so ara kae onipa a wawu no.​—Yoh 5:28, 29.

  • Nkankyee a wɔde ogya gu mu.

    Ɛyɛ nkankyee a wɔde sika kɔkɔɔ, dwetɛ, anaa kɔbere ayɛ. Ná wɔde hyew aduhuam, na na wɔde sesaw gyabiriw fi afɔremuka a wɔbɔ so afɔre no mu wɔ ɔsom ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ. Afei nso, na wɔde sesaw ntamaban a ahyew no fi sika kɔkɔɔ kaneadua no so. Ná wɔsan frɛ no aduhuamhyew ade.​—Ex 37:23; 2Be 26:19; Heb 9:4.

  • Nkatabo.

    Ɛyɛ biribi a wɔapam a aboɔden abo tetare mu a na Israel sɔfo panyin no hyɛ de kata ne koko bere biara a ɔbɛkɔ Kronkronbea hɔ no. Ná wɔfrɛ no “atemmu nkatabo,” efisɛ Urim ne Tumim a na wɔde hu Yehowa adwene wɔ biribi ho no, na wɔde hyehyɛ mu. (Ex 28:15-​30)​—Hwɛ Nkh. B5.

  • Nkɔmhyɛ.

    Ɛyɛ asɛm a Onyankopɔn nam ne honhom so de ma onipa. Ebetumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ a obeyi akyerɛ anaasɛ ɔbɛka akyerɛ onipa. Nkɔmhyɛ betumi ayɛ nkyerɛkyerɛ a Onyankopɔn nam ne honhom so de ma nnipa anaa Onyankopɔn ahyɛde anaa n’atemmu a ɔde to gua. Ebetumi nso ayɛ biribi a ɛbɛba daakye a ɔde to gua.​—Hes 37:9, 10; Da 9:24; Mt 13:14; 2Pe 1:20, 21.

  • Nkwa dua.

    Ɛyɛ dua bi a na esi Eden turo no mu. Bible nka no baabiara sɛ na biribi wɔ nkwa dua no aba mu a ɛma nkwa. Mmom, na nkwa dua no gyina hɔ ma biribi. Ɛne sɛ, obiara a Onyankopɔn bɛma wadi nkwa dua no aba no bi no, na Onyankopɔn resi no pi akyerɛ no sɛ obenya daa nkwa.​—Ge 2:9; 3:22.

  • Nneɛma a wɔde fa ogya.

    Sika kɔkɔɔ na na wɔde yɛ. Ná wɔde dum nkanea a ɛredɛw wɔ ɔsom ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ.​—Ex 37:23.

  • Nnɔbae ase sesaw.

    Sɛ obi twa nnɔbae a, ɛtɔ da a, otumi gyaw bi wɔ ase. Ɛtɔ da nso a, ne werɛ tumi fi bi. Ɛba saa a, wɔn a wɔpɛ no tumi kɔsesaw. Mose Mmara no kyerɛe sɛ, sɛ Israelfo no retwa wɔn nnɔbae a, ɛnsɛ sɛ wotwa nea ɛwɔ afuw no anoano no nyinaa. Ngodua ne bobe nso, na ɛnsɛ sɛ wɔtetew so aba nyinaa. Ahiafo, mmɔborɔwafo, ahɔho, nnyanka, ne akunafo nyinaa, Onyankopɔn maa wɔn kwan sɛ, sɛ nkurɔfo twa wɔn nnɔbae a, wobetumi akɔsesaw nea aka ase no.​—Ru 2:7.

  • Nokware Nyankopɔn no.

    Hebri asɛm a wɔde yɛɛ adwuma no, ne nkyerɛase tee ne “Onyankopɔn no,” na yɛakyerɛ ase “Nokware Nyankopɔn no.” Mpɛn pii no, asɛmfua “no” a wɔde ka “Onyankopɔn” ho wɔ Hebri mu no ma yehu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no, na anyame a aka nyinaa yɛ atoro anyame. Enti sɛ yɛkyerɛ Hebri asɛm no ase “nokware Nyankopɔn no” a, ɛma ntease a ɛwɔ asɛm no mu ba yiye paa.​—Ge 5:22, 24; 46:3; De 4:39.

  • Nsa a wɔde gu obi so.

    Ná wɔde nsa gu obi so de kyerɛ sɛ wɔayi no de adwuma titiriw bi ahyɛ ne nsa, anaa wɔayi no sɛ wonhyira no, wɔnsa no yare, anaa wɔmma no honhom kronkron akyɛde no bi. Ɛtɔ da a, na wɔde nsa gu mmoa so ansa na wɔde wɔn abɔ afɔre.​—Ex 29:15; Nu 27:18; Aso 19:6; 1Ti 5:22.

  • Nsã afɔre.

    Ɛyɛ afɔre a na wɔde nsã bɔ, na na wohwie gu afɔremuka no so. Ná wɔbɔ nsã afɔre ka afɔre dodow no ara ho. Paul de nsã afɔre yɛɛ adwuma de kyerɛɛ sɛnea oyii ne yam nyinaa boaa ne nuanom Kristofo no.​—Nu 15:5, 7; Flp 2:17.

  • Nsã kotoku.

    Ɛyɛ toa a na wɔde aboa nhoma yɛ. Ná wɔde aboa no nhoma nyinaa na ɛyɛ. Mmoa bi te sɛ mpɔnkye ne nguan na na wɔde wɔn nhoma yɛ toa no. Ná wɔde nsã anaa bobesa gu nsã kotoku foforo mu, efisɛ nsã no kaw, na ɛba saa a, mframa gyina toa no mu ma toa no yere tann. Sɛ nsã toa no yɛ foforo a, emu tumi bue, nanso sɛ ɛyɛ nsã toa dedaw na ɛyere tann saa a, etumi pae.​—Yos 9:4; Mt 9:17.

  • Nsanyare a edi awu.

    Ɛyɛ yare a ɛsan a ɛtrɛw ntɛmntɛm. Etumi ka nnipa bebree, na etumi kum wɔn nso. Mpɛn pii no, na Onyankopɔn de twe nkurɔfo aso.​—Nu 14:12; Hes 38:22, 23; Am 4:10.

  • Nsoromma mu hwɛfo.

    Ɔyɛ obi a ɔhwɛ sɛnea owia, ɔsram, ne nsoromma di akɔneaba na ɔhwɛ de ka nea ebesi daakye.​—Da 2:27; Mt 2:1.

  • Ntaaso.

    Ɛyɛ biribi a ɛyɛ fɛ a wɔyɛ sisi adum so. Adum abien a wɔfrɛ no Yakin ne Boas a na esisi Solomon asɔrefi no anim no, na ntaaso kɛse si ebiara so. (1Ah 7:16)​—Hwɛ Nkh. B8.

  • Ntam.

    Ɛyɛ asɛnkɛse a obi ka de kyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware. Etumi nso yɛ ɛbɔ a emu yɛ duru a obi hyɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi anaa ɔrenyɛ. Ɛtaa yɛ ɛbɔ a obi hyɛ obi a ɔsen no, ɛnkanka ɛbɔ a ɔhyɛ Onyankopɔn. Bere a Yehowa ne Abraham yɛɛ apam no, Yehowa kaa ntam de hyɛɛ mu den.​—Ge 14:22; Heb 6:16, 17.

  • Ntamanwemfo dua.

    Ɛyɛ biribi a wɔde asaawa anaa ahama nwene ntama wɔ so.​—Ex 39:27.

  • Ntamgyinafo.

    Ɔyɛ obi a ɔboa akuw abien anaa nnipa baanu ma wosiesie wɔn ntam. Bible mu no, Mose yɛ Mmara apam no ntamgyinafo, ɛnna Yesu yɛ apam foforo no ntamgyinafo.​—Ga 3:19; 1Ti 2:5.

  • Nteaseɛnam.

    Ɛyɛ afiri bi a ɛwɔ ntwahonan abien a ɔpɔnkɔ twe. Ade titiriw a na wɔde yɛ ne sɛ wɔde kɔ ɔko.​—Ex 14:23; Ate 4:13; Aso 8:28.

  • Ntɛtɛwa.

    Sɛ wɔporow hwiit ne baali anaa wohuw so a, nwura a woyi fi nea wodi no ho no na wɔfrɛ no ntɛtɛwa. Wɔde ntɛtɛwa yɛ kasakoa de kyerɛ biribi a ɛho nhia anaa biribi a mfaso nni so.​—Dw 1:4; Mt 3:12.

  • Ntonto.

    Ɛyɛ mmosea, anaa nnua nketenkete, anaa abo nketenkete a na wɔde si gyinae. Ná wɔde gu wɔn ataade mu anaa ade mu, na wɔawosow. Ntonto a ɛbɛtɔ fam anaa nea wobeyi no, ɛno na na wɔfa. Ná wɔtaa bɔ mpae ansa na wɔayɛ.​—Yos 14:2; Mme 16:33; Mt 27:35.

  • Ntotoso du du (taet).

    Ɛyɛ nkyekyɛm du mu baako anaa ɔha mu nkyekyɛm du a wɔde yi ntoboa wɔ ɔsom mu. Wɔsan nso frɛ no “ntotoso du du,” na sɛ obi yi saa ntoboa no a, wɔka sɛ ‘watua ntotoso du du.’ (Mal 3:10; De 26:12; Mt 23:23) Bere a na Mose Mmara no yɛ adwuma no, na ɔman no yi asaase no so nnɔbae ne nyɛmmoa a wɔanya no so ntotoso du du afe biara de ma Lewifo no ma wɔde hwɛ wɔn ho. Lewifo no nso, na woyi ntotoso du du a wɔde ma wɔn no so ntotoso du du de ma Aaron asɔfokuw no de hwɛ wɔn ho. Ná ntotoso du du afoforo bi nso wɔ hɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛhwehwɛ sɛ Kristofo tua ntotoso du du.

  • Ntutummɛ.

    Wɔyɛ mmebɛw bi a wɔbom tu yuu. Mose Mmara no mu no, na wobu wɔn sɛ mmoa a wɔn ho tew a wotumi we. Ɛtɔ da a, wɔbom bebree tu yuu. Biribiara a wobehu biara wɔwe, na wɔsɛe ade papaapa. Sɛ mmebɛw no tu bom yuu sɛe ade saa a, na abɛyɛ ɔhaw kɛse.​—Ex 10:14; Mt 3:4.

  • Ntwamutam.

    Ɛyɛ ntama bi a wɔanwene no fɛfɛɛfɛ a wɔanwene kerubim mfoni agu mu. Ɛno na na wɔde akyɛ Kronkronbea ne Kronkron Mu Kronkronbea no mu wɔ ɔsom ntamadan no mu ne asɔrefi hɔ. (Ex 26:31; 2Be 3:14; Mt 27:51; Heb 9:3)​—Hwɛ Nkh. B5.

  • Ntwea so bo.

    Ɛyɛ ɔbo a wɔde to ɔdan ntwea so, baabi a afasu abien hyia anaa esi anim. Saa ɔbo no hia paa na afasu abien no atumi asi anim yiye na atumi agyina. Ntwea so bo a na ɛho hia paa ne nea wɔfrɛ no “Ntwea so bo titiriw” no. Sɛ wɔresisi adan akɛse ne nkurow afasu a, na wɔtaa de ntwea so bo a ɛyɛ den paa na esi. Bible ka sɛnea Onyankopɔn too asaase fapem no ho asɛm sɛ, ɔde asaase ntwea so bo tim hɔ. Afei nso, Bible de Kristofo asafo no toto honhom fam ɔdan ho, na ɛka sɛ Yesu ne saa dan no “ntwea so bo titiriw.”​—Efe 2:20; Hio 38:6.

O

  • Obi a ne ho ntew; Biribi a ɛho ntew.

    Ebetumi akyerɛ sɛ obi ho ayɛ fĩ anaa onni ne ho ni anaasɛ ɔmfa abrabɔ ho mmara nyɛ adwuma. Ebetumi nso akyerɛ sɛ biribi ho ayɛ fĩ anaa ɛho agu fĩ. Nanso Bible mu de, wɔka sɛ obi ho ntew a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ sɛ onii no ayɛ biribi a etia Mose Mmara no, anaa wayɛ biribi a Mose Mmara no kyerɛ sɛ ɛma obi ho gu fĩ. Afei nso, ɛkyerɛ sɛ Mose Mmara no mu no, ade ko no ho ntew. (Le 5:2; 13:45; Mt 10:1; Aso 10:14; Efe 5:5)​—Hwɛ AHOTEW.

  • Obi a wasakra abɛyɛ Yudani.

    Bible mu no, ɛkyerɛ obi a wasesa ne som abɛyɛ Yudani. Sɛ ɔyɛ ɔbarima a, na otwa dua anaa otwa twetia.​—Mt 23:15; Aso 13:43.

  • Obi nua yere a ɔware no.

    Ɛyɛ amammerɛ bi a akyiri yi ɛbɛkaa Mose Mmara no ho. Saa amammerɛ yi nti, sɛ ɔbarima nua wu na wɔanwo a, na otumi ware ne nua no yere sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne no bɛwo na ne nua no ase anhyew. Ná wɔsan frɛ no okunu nua aware.​—Ge 38:8; De 25:5.

  • Odiyifo.

    Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam no so ma nkurɔfo hu nea wadwen ho sɛ ɔbɛyɛ. Ná adiyifo kasa ma Onyankopɔn, na na wɔka nea ebesi daakye. Afei nso, na wɔma nkurɔfo hu Yehowa nkyerɛkyerɛ, n’ahyɛde, ne n’atemmu.​—Am 3:7; 2Pe 1:21.

  • Ogya tare.

    Ɛyɛ baabi a “ogya ne sɔfe dɛw” wɔ hɔ, nanso enni beae pɔtee biara. Mmom egyina hɔ ma biribi. Wɔsan frɛ no “owuprenu.” Wɔbɛtow abɔnefo a wɔnsakra ne Ɔbonsam agu mu; owu ne Ɔdamoa (anaa Hades) mpo, wɔbɛtow agu mu bi. Ogya ntumi nyɛ ɔbɔfo, owu, ne Hades hwee. Enti sɛ wɔde Satan a ɔyɛ ɔbɔfo, owu, ne Hades a ogya ntumi nyɛ wɔn hwee no begu “ogya tare” no mu bi a, ɛnde na saa “ogya tare” no nkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade daa, na mmom ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn afi hɔ korakora.​—Adi 19:20; 20:14, 15; 21:8.

  • Ohim afɔre.

    Saa afɔre yi, sɛ wɔrebɔ a, na onipa a ɔrebɛbɔ afɔre no kura n’afɔrebɔde no wɔ ne nsam. Afei ɔsɔfo no de ne nsa hyɛ onipa a ɔrebɛbɔ afɔre no nsa ase, na ohim ne nsa no kɔ benkum ne nifa. Ɛtɔ da nso a, na ɔsɔfo no na ohim ade a wɔde rebɛbɔ afɔre no. Wohim afɔrebɔde no saa a, na ɛkyerɛ sɛ wɔde rema Yehowa.​—Le 7:30.

  • Omer.

    Ɛyɛ ade a wɔde susuw nneɛma a ɛnyɛ nsunsu. Omer baako biara wom lita 2.2 (ennu olonka baako), anaa efa nkyem du mu baako. (Ex 16:16, 18)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Onipa ba.

    Saa asɛm yi pue bɛyɛ mpɛn 80 wɔ Mateo, Marko, Luka, ne Yohane Nsɛmpa no mu. Yesu Kristo na wɔfrɛ no saa, na ɛma yehu sɛ onipa dasani na ɛwoo no, enti na ɔyɛ onipa ankasa, na ɛnyɛ ɔbɔfo a wadan onipa. Saa asɛm no san ma yehu sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 7:13, 14 no, Yesu na ɛnam no so bɛba mu. Wɔfrɛɛ Hesekiel ne Daniel nyinaa “onipa ba” wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛno ma yehu sɛ, saa akasamafo baanu yi yɛ nnipa, ɛnna Nea ɔde n’asɛm somaa wɔn no yɛ Onyankopɔn.​—Hes 3:17; Da 8:17; Mt 19:28; 20:28.

  • Onyamesom pa.

    Ɛyɛ obu kɛse a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn, som a yɛsom no, ne adwuma a yɛyɛ ma no. Yɛyɛ saa de kyerɛ sɛ yɛtaa n’akyi sɛ ɔno ne Otumfo wɔ amansan yi nyinaa mu.​—1Ti 4:8; 2Ti 3:12.

  • Onyankopɔn Ahenni.

    Nea saa asɛm yi kyerɛ paa ne Onyankopɔn tumidi a ɔnam ne Ba Kristo Yesu ahenni no so da no adi no.​—Mt 12:28; Lu 4:43; 1Ko 15:50.

  • Otitiriw.

    Ɔyɛ ɔpanyin wɔ Babilon aban mu, nanso ne dibea nnu ɔmantam soafo. Wokɔ Bible mu a, atitiriw no na na wodi anyansafo no so tumi wɔ Babilon ahemfi. Bere a Media hene Dario di tumi no, na atitiriw no da so wɔ hɔ.​—Da 2:48; 6:7.

  • Otwa Afahyɛ; Nnawɔtwe Afahyɛ.​—

    Hwɛ PENTEKOSTE.

  • Owusɔre.

    Ɛkyerɛ sɛ obi asɔre afi owu mu. Greek asɛmfua a·naʹsta·sis no, ne nkyerɛase traa ne sɛ “obi bɛsɔre” anaa “ɔbɛsɔre agyina hɔ.” Bible ka owusɔre akron ho asɛm; Yesu a Yehowa Nyankopɔn nyan no no ka ho na ɛyɛ akron no. Ɛwom sɛ Elia, Elisa, Yesu, Petro, ne Paul nyinaa nso nyan awufo de, nanso wɔn nyinaa dii adanse sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi na wɔde yɛɛ saa anwonwade no. Sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bɛba mu a, ehia sɛ wonyan “atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo” ba asaase so. (Aso 24:15) Bible ka sɛ wobenyan ebinom nso akɔ soro. Saa owusɔre no, wɔfrɛ no “owusɔre a edi kan.” Yesu nuanom a wɔde honhom asra wɔn no na wobenya saa owusɔre no.​—Flp 3:11; Adi 20:5, 6; Yoh 5:28, 29; 11:25.

Ɔ

  • Ɔbo a wɔde yam ade; Ɔbo a wɔyam so ade (Owiyammo).

    Ɛyɛ ɔbo tratraa kurukuruwa bi a na wɔde to ɔbo bi a ɛte sɛ ɛno ara so. Ná wɔde yam hwiit, baali, atoko, ne ade. Ná wɔde biribi a ɛte sɛ dua hyɛ ɔbo a ɛwɔ ase no mfinimfini sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔde ɔbo a ɛwɔ soro no to ase de no so a, ɛsoro de no betumi atwa ne ho. Bere a wɔrekyerɛw Bible no, na ɔbo a mmea yam so ade wɔ afi pii mu. Ná abusua biara hia ɔbo a wɔde yam ade na ama wɔn nsa akɔ wɔn ano anaa wɔanya aduan adi. Enti Mose Mmara no kae sɛ, ɛnsɛ sɛ obiara gye ɔbo a wɔyam so ade anaa ɔbo a wɔde yam ade fi ne yɔnko hɔ de si awowa. Abo a wɔde yam ade no bi wɔ hɔ a, na ɛyɛ akɛse. Ɛno nti, mmoa na na ɛtwe.​—De 24:6; Mr 9:42.

  • Ɔbonsam.

    Ɛyɛ din a wɔde frɛ Satan wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu, na ɛma yehu sɛnea ɔte. Asɛmfua “Ɔbonsam” kyerɛ “Dinsɛefo.” Wɔde edin Ɔbonsam maa Satan efisɛ ɔno na odii kan sɛee Yehowa din na otwaa asɛm too no so na ɔkekaa Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ papa no ho asɛmmɔne, na oguu Ne din kronkron no ho fĩ.​—Mt 4:1; Yoh 8:44; Adi 12:9.

  • Ɔbosom dum.

    Ɛyɛ edum a na wɔde si ntenten. Ɔbo na na wɔtaa de yɛ. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ no sɛ ɔbarima dua, na na wɔde gyina hɔ ma Baal anaa atoro anyame foforo.​—Ex 23:24.

  • Ɔbɔfo panyin.

    Ɛkyerɛ “abɔfo no nyinaa panyin.” Nea enti a wɔfrɛ no “panyin” ne sɛ, ɔno na ɔda abɔfo no nyinaa ano. Saa nkyerɛkyerɛmu yi ma yehu sɛ, ɔbɔfo panyin baako pɛ na ɛwɔ hɔ. Afei nso, daa Bible ka “ɔbɔfo panyin” na ɛnyɛ “abɔfo mpanyimfo.” Ɛno nso ma yehu sɛ ɔbɔfo panyin baako pɛ na ɛwɔ hɔ. Bible kyerɛ yɛn ɔbɔfo panyin no din. Ɛka sɛ ɔno ne Mikael.​—Da 12:1; Yuda 9; Adi 12:7.

  • Ɔbɔnefo no.

    Ɛyɛ edin bi a wɔde ma Satan Ɔbonsam. Ɔno na wasɔre atia Onyankopɔn, na ɔkwan a Onyankopɔn akyerɛ sɛ yɛmfa so mmɔ yɛn bra no, ɔko tia.​—Mt 6:13; 1Yo 5:19.

  • Ɔdamoa.

    Sɛ wɔde nkyerɛwde ketewa ‘ɔ’ di anim na wɔkyerɛw no “ɔdamoa” a, egyina hɔ ma amoa a wosie obi wom. Sɛ nkyerɛwde kɛse ‘Ɔ’ di anim na wɔkyerɛw no “Ɔdamoa” nso a, egyina hɔ ma adasamma damoa. Hebri mu no, wɔfrɛ no “Sheol,” na Greek mu nso, wɔfrɛ no “Hades.” Bible mu no, wɔde kyerɛ baabi a biribiara anaa adwuma biara nkɔ so wɔ hɔ. Wotumi nso de kyerɛ tebea bi a obi kɔ mu a onhu hwee, ɔnte hwee, na ontumi nyɛ biribiara.​—Ge 47:30; Ɔsɛ 9:10; Aso 2:31.

  • Ɔdehwɛfo.

    Ɔyɛ obi a Onyankopɔn ma otumi hu nea ɔno Nyankopɔn pɛ. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn abue n’ani ama ohu nneɛma bi a anka nnipa ntumi nhu anaa wama otumi te saa nneɛma no ase. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase ɔdehwɛfo no, asɛmfua a efi mu no, ne nkyerɛase tee ne sɛ obi de n’ani “behu” biribi anaasɛ “obehu” asɛm bi mu. Ná nkurɔfo kɔ ɔdehwɛfo nkyɛn de wɔn haw kɔto n’anim ma ɔma wɔn ho akwankyerɛ pa.​—1Sa 9:9.

  • Ɔdɔ a enni huammɔ.

    Hebri asɛmfua cheʹsedh na wɔtaa kyerɛ ase “ɔdɔ a enni huammɔ.” Nea ɛma obi da saa ɔdɔ yi adi kyerɛ obi ne sɛ, ɔne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den, ɔpɛ sɛ odi nokware ma no, anaa ɔmpɛ sɛ odi no huammɔ. Wɔtaa de kyerɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma nnipa, nanso nnipa nso tumi da saa ɔdɔ no bi adi kyerɛ wɔn yɔnko nnipa.​—Ex 34:6; Ru 3:10.

  • Ɔhaw.

    Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, wɔka ɔhaw a, ɛtaa kyerɛ yare, anaa amanehunu a Onyankopɔn de twe nkurɔfo aso.​—Nu 16:49.

  • Ɔhene soafo.

    Ɔyɛ aban nanmusini anaa amrado a na ɔhwɛ ɔmantam so wɔ Babilon anaa Persia ahemman mu. Ɔhene a ɔte so no na na oyi no ma ɔhwɛ ɔmantam no so.​—Esr 8:36; Da 6:1.

  • Ɔhwɛfo.

    Ɔyɛ ɔbarima. N’adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛhwɛ asafo no mufo so na wayɛn wɔn. Greek asɛmfua e·piʹsko·pos a wɔkyerɛɛ ase ɔhwɛfo no, ne ntease paa ne sɛ obi bɛhwɛ obi so na wabɔ ne ho ban. Kristofo asafo no mu no, wote “ɔhwɛfo” anaa “ɔpanyin” (pre·sbyʹte·ros) a, ne nyinaa kyerɛ ɔsom hokwan baako. Asɛmfua “ɔpanyin” no, ɛma yehu sɛ onipa a wɔapaw no no wɔ suban a ɛkyerɛ sɛ n’ase atim wɔ gyidi no mu. Asɛmfua “ɔhwɛfo” no nso ma yehu adwuma a obi a wɔapaw no sɛ ɔpanyin yɛ.​—Aso 20:28; 1Ti 3:2-7; 1Pe 5:2.

  • Ɔhyew afɔre.

    Ɛyɛ afɔre a na wɔde mmoa bɔ a wɔhyew aboa no nyinaa wɔ afɔremuka so ma Onyankopɔn. Sɛ nantwinini na wɔde rebɔ afɔre no oo, sɛ odwennini oo, sɛ ɔpapo oo, sɛ aburuburuw oo, sɛ aborɔnoma ba oo, aboa no fã biara nni hɔ a na ɛkɔ onipa a ɔrebɛbɔ afɔre no hɔ.​—Ex 29:18; Le 6:9.

  • Ɔkɔmfo.

    Ɔyɛ obi a ɔka sɛ otumi ne awufo kasa.​—Le 20:27; De 18:10-12; 2Ah 21:6.

  • Ɔkra/Kra.

    Hebri asɛmfua neʹphesh ne Greek asɛmfua psy·kheʹ na wɔkyerɛ ase ɔkra. Sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔde saa nsɛm yi yɛ adwuma wɔ Bible mu no a, ɛma yehu sɛ, sɛ yɛka ɔkra a, nea ɛkyerɛ ne (1) nnipa, (2) mmoa, anaa (3) onipa nkwa anaa aboa nkwa. (Ge 1:20; 2:7; Nu 31:28; 1Pe 3:20; hwɛ ase hɔ nsɛm no nso.) Sɛnea nyamesomfo pii kyerɛ “ɔkra” mu no, ɛnyɛ saa koraa na Bible ka. Bible ma yehu sɛ, sɛ wɔde neʹphesh ne psy·kheʹ ka abɔde a ɛwɔ asaase so ho asɛm a, ɛkyerɛ biribi a ɛyɛ honam, biribi a wotumi so mu, biribi a wotumi de aniwa hu, ne biribi a etumi wu. Bible yi mu no, baabi a neʹphesh ne psy·kheʹ pue no, mpɛn pii no wɔhwɛ dekode a wɔreka ho asɛm no a, na wɔakyerɛ ase. Wɔkyerɛ ase “nkwa,” “abɔde,” “onipa,” “me nipadua nyinaa,” anaa wɔde edin nsiananmu na ɛkyerɛ ase (ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ wɔrekyerɛ “me kra” ase a, wɔkyerɛ ase “me”). Mpɛn pii no, wɔde “ɔkra” hyɛ ase hɔ asɛm no mu. Nkyerɛkyerɛmu a yɛde ama yi bɛboa yɛn ama yɛate “ɔkra” ase bere a epue wɔ Bible no ankasa mu anaa ase hɔ asɛm mu no. Sɛ wɔka sɛ obi de ne kra nyinaa yɛ biribi a, ɛkyerɛ sɛ oyi ne yam nyinaa na ɛyɛ, ofi ne koma mu nyinaa na ɛyɛ, anaa ɔbɛyɛ no ne nkwa nna nyinaa. (De 6:5; Mt 22:37) Ɛtɔ da a, neʹphesh ne psy·kheʹ betumi akyerɛ biribi a abɔde a ɛwɔ nkwa ani gye ho paa anaa ne kɔn dɔ. Ebetumi nso akyerɛ onipa a wawu anaa efunu.​—Nu 6:6; Mme 23:2; Yes 56:11; Hag 2:13.

  • Ɔkwan No.

    Ɛyɛ asɛm bi a wɔde yɛ adwuma wɔ Bible mu. Ɛnkyerɛ ɔkwan ankasa, na mmom ɛkyerɛ sɛnea obi yɛ n’ade anaa sɛnea ɔbɔ ne bra, na ebetumi aba sɛ sɛnea onipa no yɛ n’ade anaa sɛnea ɔbɔ ne bra no, Yehowa ani gye ho anaa n’ani nnye ho. Wɔn a wɔbɛyɛɛ Yesu Kristo akyidifo no, wɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔnam “Ɔkwan No” so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, Yesu Kristo mu gyidi na na wɔde yɛ wɔn biribiara, na na wodi n’anammɔn akyi pɛɛ.​—Aso 19:9.

  • Ɔkyerɛwfo.

    Ɔyɛ obi a na ɔhwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi. Bere a Yesu wɔ asaase so no, wɔka akyerɛwfo a, na ɛkyerɛ mmarima bi a wonim Mmara no paa. Ná wɔko tia Yesu.​—Esr 7:6 ase hɔ asɛm; Mr 12:38, 39; 14:1.

  • Ɔkyɛm.

    Ɛyɛ akode bi a ɔsraani kura wɔ ne nsam bere a wakɔ ɔko. Ná ɔde bɔ ɔno ara ne ho ban anaa ɔde bɔ ɔsraani foforo ho ban. (1Sa 17:7; 1Be 5:18; Efe 6:16) Akyɛm bebree wɔ hɔ a, dua na na wɔde yɛ, na wɔde aboa nhoma adura ho. Ebi nso wɔ hɔ a, na wɔde dade na ɛyɛ. Ebi nso, wɔde demmire anaa sare a wɔanwene na ɛyɛ. Bible mu no, wɔtaa ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ ɔkyɛm ma ne nkurɔfo.​—Dw 84:9, 11.

  • Ɔmantam Soafo.

    Ɔmantam a Roma Mmarahyɛ Bagua hwɛ so no, ɔpanyin paa a ɔda saa mantam no ano no na na wɔfrɛ no ɔmantam soafo. Ná otumi bu atɛn, na na ɔwɔ asraafo hyɛ n’ase. Ɛwom sɛ nea ɔbɛyɛ biara Mmarahyɛ Bagua no tumi hwehwɛ mu de, nanso ɔno na na ɔwɔ tumi paa wɔ ɔmantam no mu.​—Aso 13:7; 18:12.

  • Ɔnwemfo.

    Ɔyɛ obi a ɔnwene nkuku, nyowa, nhina, ne nea ɛkeka ho. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase ɔnwemfo no, ne nkyerɛase traa ne “ɔyɛfo.” Ɔnwemfo tumi de dɔte yɛ nea ɔpɛ biara, enti wɔtaa de ɛno yɛ mfatoho de kyerɛ sɛnea Yehowa wɔ tumi wɔ nnipa ankorankoro ne aman so.​—Yes 64:8; Ro 9:21.

  • Ɔpanyin.

    Ɛkyerɛ ɔbarima a wanyin, nanso Bible mu de, ɛkyerɛ obi a wɔama no tumi ne asɛde kɛse wɔ kurow anaa ɔman bi mu. Adiyisɛm nhoma no nso ka ahonhom a wɔwɔ soro ho asɛm sɛ mpanyimfo. Sɛ wɔde Greek asɛmfua pre·sbyʹte·ros reka wɔn a wodi asafo no anim ho asɛm a, wɔkyerɛ ase “ɔpanyin.”​—Ex 4:29; Mme 31:23; 1Ti 5:17; Adi 4:4.

  • Ɔsafohene.

    Nea Greek asɛmfua no kyerɛ paa ne “Ɔkannifo Panyin.” Ɛkyerɛ adwuma titiriw a wɔde ama Yesu Kristo sɛ onnye nnipa anokwafo mfi nsunsuanso a bɔne de aba no mu, na onni wɔn anim nkɔ daa nkwa mu.​—Aso 3:15; 5:31; Heb 2:10; 12:2.

  • Ɔsomafo.

    Nea asɛmfua no kyerɛ ara ne “obi a wɔasoma no.” Wɔfrɛ Yesu sɛ ɔsomafo, na wɔsan frɛ nnipa bi a wɔsomaa wɔn ma wɔkɔboaa ebinom nso sɛ asomafo. Wɔn a wɔtaa frɛ wɔn asomafo paa ne asuafo 12 a Yesu ankasa yii wɔn yɛɛ wɔn kuw baako sɛ wonsi n’anan no.​—Mr 3:14; Aso 14:14.

  • Ɔsom kronn.

    Ɛyɛ adwuma a ɛyɛ kronkron, efisɛ wɔyɛ de som Onyankopɔn.​—Ro 12:1; Adi 7:15.

  • Ɔsom ntamadan.

    Ɛyɛ ntamadan bi a na Israelfo som wom bere a wofi Egypt reba no. Ná wotumi tutu san hyehyɛ. Ɔsom ntamadan no mu na na Yehowa apam adaka a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho no wɔ. Ɛhɔ ara nso na na wɔbɔ afɔre na wɔsom. Ɛtɔ da nso a, wɔfrɛ no “ahyiae ntamadan.” Ná ɛyɛ nnua a wɔabobɔ a wɔde nwera akata ho, na na wɔanwene kerubim mfoni agu nwera no mu. Wɔkyɛɛ ntamadan no mu yɛɛ no adan abien. Wɔfrɛɛ nea edi kan no Kronkronbea, ɛnna wɔfrɛɛ nea ɛto so abien no Kronkron Mu Kronkronbea. (Yos 18:1; Ex 25:9)​—Hwɛ Nkh. B5.

  • Ɔsoro Hemmaa.

    Ɛyɛ nyamebea bi abodin. Israelfo awaefo anaa Israelfo a wɔman fii Onyankopɔn som ho wɔ Yeremia bere so no, wɔn na na wɔsom no. Ebinom ka sɛ ɔno ara ne Babilonfo nyamebea Ishtar (Astarte). Sumerfo nyamebea a na ɔwɔ hɔ ansa na Ishtar reba no, na wɔfrɛ no Inanna, na na ne din no kyerɛ “Ɔsoro Hemmaa.” Ɔsoro hemmaa a ɔyɛ no da nkyɛn a, na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo. Onyamebea Astarte no, wohwɛ Egyptfo nkyerɛwee bi mu a, wɔfrɛ no “Ɔsoro Awuraa.”​—Yer 44:19.

  • Ɔsɔfo.

    Ɔyɛ ɔbarima a wɔayi no sɛ onsi Onyankopɔn anan mma nkurɔfo a odi wɔn anim wɔ ɔsom mu no. Ɔno na ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo no Onyankopɔn ho asɛm ne Onyankopɔn mmara. Afei nso, na asɔfo di nkurɔfo no anim kɔ Onyankopɔn anim kɔbɔ afɔre ma wɔn, srɛ bɔnefakyɛ ma wɔn, na na odi ma wɔn. Ansa na Mose Mmara no reba no, abusua biara ti na na ɔyɛ n’abusua sɔfo. Bere a na Mose Mmara no yɛ adwuma no, mmarima a na wofi Aaron abusua mu a wofi Lewi abusuakuw mu na na wɔyɛ asɔfo. Lewifo mmarima a aka no na na wɔboa wɔn. Bere a apam foforo no hyɛɛ ase yɛɛ adwuma no, honhom fam Israel bɛyɛɛ ɔman a emufo yɛ asɔfo, na Yesu Kristo bɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin.​—Ex 28:41; Heb 9:24; Adi 5:10.

  • Ɔsɔfo panyin.

    Bere a Mose Mmara no yɛ adwuma no, na ɔsɔfo panyin no yɛ ɔsɔfo titiriw a ogyina ɔman no ananmu kɔ Onyankopɔn anim, na ɔno ara nso na na ɔhwɛ asɔfo a aka no dwumadi so. Ɔno nko ara na na otumi kɔ Kronkron Mu Kronkronbea hɔ, kyerɛ sɛ, ɔsom ntamadan no ne asɔrefi a ɛbaa akyiri yi no pia mu pia mu hɔ. Afe afe Mpata da no nko ara na na ɔkɔ hɔ. Yesu nso, wɔfrɛ no “ɔsɔfo panyin.” (Le 16:2, 17; 21:10; Mt 26:3; Heb 4:14) Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm mu no, sɛ wɔka “asɔfo mpanyin” a, ɛkyerɛ atitiriw a wɔwɔ asɔfokuw no mu. Ebetumi aba sɛ wɔn a wɔka ho bi nso ne asɔfo mpanyin a wɔatu wɔn ade so ne wɔn a wɔdeda asɔfokuw 24 no ano no.​—2Be 26:20; Esr 7:5; Mt 2:4; Mr 8:31.

  • Ɔsram foforo.

    Ɛyɛ bosome biara da a edi kan wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Edu saa da no a, na wohyiam, wɔtow pon gye wɔn ani, na na wɔbɔ afɔre atitiriw. Akyiri yi, ɛda no bɛyɛɛ ɔman no afahyɛ da titiriw a na obiara nyɛ adwuma.​—Nu 10:10; 2Be 8:13; Kol 2:16.

  • Ɔwae.

    Greek kasa a wɔkyerɛɛ ase “ɔwae” ne a·po·sta·siʹa. Adeyɛ asɛm a asɛmfua no fi mu no, ne nkyerɛase tee ne sɛ “obi bɛtwe ne ho agyina nkyɛn.” Sɛ wɔde a·po·sta·siʹa yɛ adwuma sɛ edin asɛm a, ɛkyerɛ “gyaw hɔ, po, anaa tew atua.” Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔtaa de “ɔwae” kyerɛ wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nokware som ho.​—Mme 11:9; Aso 21:21; 2Te 2:3.

  • Ɔwɛmfo.

    Ɔyɛ obi a ɔbɔ nnipa ne agyapade ho ban, titiriw anadwo. Sɛ ohu sɛ asiane bi reba a, otumi bɔ ɔmanfo kɔkɔ. Ná wɔtaa de awɛmfo gyinagyina kurow afasu ne abantenten so sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ obi reba kurow no mu a, wobedi kan ahu no wɔ akyirikyiri ansa na wadu hɔ. Asraafo mu nso, na wɔn mu binom yɛ adwuma sɛ awɛmfo. Ɔkwan bi so no, na adiyifo no yɛ awɛmfo ma Israel man no, na wɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔsɛe a na ɛrebɛba no ho.​—2Ah 9:20; Hes 3:17.

  • Ɔyare a esi mfuw so.

    Ɛyɛ nyarewa a mmoawammoawa bi de ba afifide ne nnua so. Ebinom kyerɛ sɛ, yare a esi mfuw so a Bible ka ho asɛm no yɛ nea wɔfrɛ no “black stem rust” (Puccinia graminis) no.​—1Ah 8:37.

P

  • Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ.

    Afahyɛ akɛse abiɛsa a na Israelfo di no, eyi ne nea edi kan. Ná efi ase Nisan bosome no da a ɛto so 15, ɛda a edi Twam afahyɛ da no akyi no, na na wodi toam nnanson. Paanoo a mmɔkaw nnim nko ara na na wotumi di, na na wɔyɛ de kae bere a wɔrefi Egypt no.​—Ex 23:15; Mr 14:1.

  • Paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim.​—

    Hwɛ PAANOO A WƆDE KYERƐ.

  • Paanoo a wɔde kyerɛ.

    Ɛyɛ paanoo mmaako mmaako 12. Ná wɔde sisi ɔpon so wɔ ɔsom ntamadan no Kronkronbea hɔ ne asɔrefi no Kronkronbea hɔ. Ná wɔkyɛ mu akuw abien de taataa so asia asia. Wɔsan frɛ no “paanoo a wɔde taataa so” ne “paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim.” Paanoo a wɔde ba Onyankopɔn anim no, Homeda biara, na woyi fi hɔ de foforo si hɔ. Paanoo a wɔde akosi hɔ aba no, asɔfo nko ara na na wotumi di. (2Be 2:4; Mt 12:4; Ex 25:30; Le 24:5-9; Heb 9:2)​—Hwɛ Nkh. B5.

  • Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.

    Ɛyɛ dua bi a na esi Eden turo no mu. Onyankopɔn de sii hɔ de kyerɛe sɛ, ɔno na ɔwɔ tumi sɛ ɔkyerɛ nnipa nea ɛyɛ “papa” ne nea ɛyɛ “bɔne.”​—Ge 2:9, 17.

  • Paradise.

    Ɛyɛ turo fɛfɛɛfɛ. Turo fɛfɛɛfɛ anaa paradise a edi kan no ne Eden turo a Yehowa yɛ maa nnipa baanu a wodi kan no. Bere a Yesu sɛn asɛndua no so no, ɔne nsɛmmɔnedifo baanu a wɔsɛn ne nkyɛn no baako kasae, na ɔkae sɛ asaase bɛdan paradise. Paradise a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:4 no yɛ paradise bi a ɛbɛba daakye, ɛnna paradise a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 2:7 no yɛ ɔsoro paradise.​—Nmd 4:13; Lu 23:43.

  • Pentekoste.

    Afahyɛ atitiriw abiɛsa a na ɛsɛ sɛ Yudafo mmarima nyinaa kɔ Yerusalem kodi no, eyi ne nea ɛto so abien. Pentekoste kyerɛ “Nea Ɛto So Aduonum” (anaa Da a Ɛto So Aduonum). Otwa Afahyɛ anaa Nnawɔtwe Afahyɛ a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, ɛno ara na wɔfrɛ no Pentekoste wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no. Ná wɔkan nnafua 50 fi Nisan da a ɛto so 16. Ɛda a ebesi no, saa da no na na wodi Pentekoste afahyɛ no.​—Ex 23:16; 34:22; Aso 2:1.

  • Persia; Persiafo.

    Ɛyɛ asaase ne ɔman bi a wɔtaa bɔ wɔn din ka Mediafo ho. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔne Mediafo yɛ abusuafo. Mfiase no, asaase a ɛda Iran mmepɔw no so wɔ anaafo atɔe no nko ara na na ɛyɛ Persiafo no dea. Bere a Kores Ɔkɛse (a tete abakɔsɛm akyerɛwfo bi ka sɛ ne papa yɛ Persiani na ne maame yɛ Mediani no) di tumi no, Persiafo nyaa tumi kɛse sen Mediafo, nanso Persia ne Media kɔɔ so boom dii tumi. Kores dii Babilon Ahemman no so nkonim afe 539 A.Y.B., na ɔmaa Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no san kɔɔ wɔn kurom. Ná Persia Ahemman no fi Asubɔnten Indus apuei fam kosi Aegean Po no atɔe fam. Persiafo dii Yudafo so kosii sɛ Alexander Ɔkɛse no dii Persiafo so nkonim afe 331 A.Y.B. Daniel nyaa Persia Ahemman no ho anisoadehu ansa na ahemman no reba, na Persia Ahemman no ho asɛm san pue wɔ Bible nhoma a ɛne Esra, Nehemia, ne Ester no mu. (Esr 1:1; Da 5:28; 8:20)​—Hwɛ Nkh. B9.

  • Pim.

    Ɛyɛ sɛnea wosusuw biribi mu duru. Afei nso, sɛ Filistifo no sew nnade ano a, sika a na wogye no, na wɔfrɛ no pim. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ahu abo bi wɔ Israel a wɔde tete Hebri anom nkyerɛwde akyerɛw “pim” agugu so; emu biara mu duru bɛyɛ gram 7.8, anaa dwetɛbona baako a wɔakyɛ mu abiɛsa ayi mu abien.​—1Sa 13:20, 21.

  • Porneia.​—

    Hwɛ AGUAMAMMƆ.

  • Purim.

    Ɛyɛ afe afe afahyɛ a na wodi no Adar bosome no da a ɛto so 14 ne 15. Ná wɔde kae sɛnea wogyee Yudafo no fii ɔsɛe mu wɔ Ɔhemmaa Ester bere so no. Asɛmfua pu·rimʹ nyɛ Hebri kasa. Ɛkyerɛ “ntonto.” Haman bɔɔ Pur (Ntonto) de pɛɛ da a na wɔde bɛhyew Yudafo no ase sɛnea na wadi kan abɔ pɔw no, na ɛno mu na wonyaa Purim Afahyɛ anaa Ntonto Afahyɛ no fii.​—Est 3:7; 9:26.

R

  • Rahab.

    Ɛyɛ asɛm bi a wɔde ayɛ adwuma wɔ Hiob, Dwom, ne Yesaia nhoma no mu. Wɔde gyina hɔ ma biribi (ɛsono ɛno ɛnna ɛsono ɔbea Rahab a ne din wɔ Yosua nhoma mu no). Wohwɛ sɛnea wɔaka Rahab ho asɛm wɔ Hiob nhoma no mu a, ɛma yehu sɛ ɛyɛ ɛpo mu aboa kɛse bi. Bible no fã baabi nso, ɛpo mu aboa kɛse no gyina hɔ ma Egypt.​—Hio 9:13; Dw 87:4; Yes 30:7; 51:9, 10.

S

  • Sadukifo.

    Wɔyɛ nyamesom kuw bi a wɔtew wɔn ho fii Yudasom ho, na na wɔagye din. Ná wɔn mu bi yɛ nnipa atitiriw a wɔwɔ sika, ɛnna ebinom nso yɛ asɔfo a wɔwɔ tumi kɛse paa wɔ asɔrefi hɔ nnwuma so. Farisifo no atetesɛm ne wɔn gyidi no pii wɔ hɔ a, na Sadukifo no ne wɔn nyɛ adwene koraa. Ná Sadukifo no nnye nni sɛ owusɔre wɔ hɔ, na na wonnye nni sɛ abɔfo wɔ hɔ. Ná wɔko tia Yesu.​—Mt 16:1; Aso 23:8.

  • Samaria.

    Ɛyɛ Israel mmusuakuw du ahemman a na ɛwɔ atifi fam no ahenkurow. Ɛyɛɛ wɔn ahenkurow bɛyɛ mfe 200. Baabi a na ahemman no fa nyinaa, na wɔfrɛ hɔ nso Samaria. Bepɔw a wɔkyekyee kurow no wɔ so no, na wɔfrɛ ɛno nso Samaria. Yesu bere so no, ɔmantam bi a na ɛda Galilea a ɛwɔ atifi fam ne Yudea a ɛwɔ anaafo fam ntam no, na wɔfrɛ hɔ Samaria. Bere a na Yesu tutu akwan kɔka asɛmpa no, mpɛn pii no, na ɔnkɔka bi wɔ Samaria. Nanso ɛtɔ da na ɔretwam wɔ hɔ a, na ɔka asɛmpa no bi kyerɛ ɛhɔfo. Bere a Samariafo no nyaa honhom kronkron no, na ɛno kyerɛ sɛ Petro de Ahenni no safe a ɛto so abien no ayɛ adwuma. (1Ah 16:24; Yoh 4:7; Aso 8:14)​—Hwɛ Nkh. B10.

  • Samariafo.

    Nnipa a na wɔwɔ Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ atifi fam mu no, wɔn na kan no na wɔfrɛ wɔn Samariafo. Nanso bere a Asiriafo dii Samaria so nkonim afe 740 A.Y.B. no, Asiriafo no de ahɔho bɛfraa Israelfo no mu. Yesu bere so no, wɔka Samariafo a, na ɛnyɛ nnipakuw pɔtee anaa amanyɔkuw bi, mmom na ɛyɛ nyamesom mu matew-me-ho kuw bi a na ɛwɔ tete Sekem ne Samaria mpɔtam. Ná saa kuw no wɔ gyidi ahorow bi a ɛyɛ soronko koraa wɔ Yudasom mu gyidi ho.​—Yoh 8:48.

  • Sanhedrin.

    Ɛyɛ Yudafo asɛnnibea kɛse a na ɛwɔ Yerusalem. Yesu bere so no, nnipa 71 na na ɛka bom yɛ Sanhedrin no. Ná ɔsɔfo panyin a ɔwɔ hɔ saa bere no ne obiara a wayɛ ɔsɔfo panyin pɛn ka ho bi. Afei nso, na ɔsɔfo panyin abusuafo, mpanyimfo, wɔn a wɔdeda mmusuakuw ne mmusua ano, ne akyerɛwfo nso ka Sanhedrin no ho.​—Mr 15:1; Aso 5:34; 23:1, 6.

  • Satan.

    Ɛyɛ Hebri asɛmfua bi a ɛkyerɛ “Ɔsɔretiafo.” Kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no, sɛ wɔde “no” ka “ɔsɔretiafo” ho na wɔkyerɛw no “Ɔsɔretiafo no” a, ɛkyerɛ Satan Ɔbonsam, Onyankopɔn tamfo kɛse no.​—Hio 1:6; Mt 4:10; Adi 12:9.

  • Seah.

    Ɛyɛ ade a wɔde susuw nneɛma a ɛnyɛ nsunsu. Seah no kɛse ne bat a wɔde susuw nneɛma a ɛyɛ nsunsu no kɛse yɛ pɛ, enti lita 7.33 (bɛyɛ olonka 2 ne magyirin konko 2 ne fã) na na ɛkɔ seah susude baako mu. (2Ah 7:1)​—Hwɛ Nkh. B14.

  • Sebat.

    Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, ɛno na na ɛyɛ bosome a ɛto so 11 wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so anum wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase January bosome no mpaemu kosi February bosome no mpaemu. (Sak 1:7)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Sela.

    Ɛyɛ biribi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwonto mu anaa anwensɛm mu. Nnwom nhoma no ne Habakuk nhoma no mu na ɛwɔ. Sɛ ɛwɔ nnwom mu a, ebetumi akyerɛ sɛ wudu hɔ a, home kakra fa dwinnwen nnwom no mu nsɛm ho. Etumi nso kyerɛ sɛ home kakra ma atenka a ɛwɔ baabi a woadu wɔ nnwom no mu no nyi ne ho. Greek Septuagint no frɛ Sela di·aʹpsal·ma, na ɛkyerɛ sɛ “home nnwom no so.”​—Dw 3:4; Hab 3:3.

  • Seminit.

    Ɛyɛ asɛm bi a wɔde yɛ adwuma wɔ nnwonto mu. Ne nkyerɛase tee ne “nea ɛto so awotwe,” na ɛbɛyɛ sɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɛnne no kɔ soro. Sɛ ɛyɛ sanku na wɔde rebɔ nnwom no a, ɛbɛyɛ sɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔmfa sanku a ne nne mu yɛ duru mmɔ. Sɛ ɛyɛ ano na wɔde reto dwom no nso a, ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ wɔmfa sanku a ne nnyigyei mu yɛ duru mmɔ nnwom no, na sɛnea sanku no gyigye no, saa ara na wɔnto dwom no.​—1Be 15:21; Dw 6:Atf; 12:Atf.

  • Serafim.

    Wɔyɛ abɔfo, na Yehowa ahengua ho na wɔwɔ wɔ soro. Hebri asɛmfua sera·phimʹ no, yɛkyerɛ ase tee a, ɛkyerɛ “wɔn a wɔredɛw.”​—Yes 6:2, 6.

  • Seus.

    Greecefo anyame bebrebe no, na Seus ne wɔn panyin. Bere a Barnaba kɔɔ Listra no, na nkurɔfo no adwene yɛ wɔn sɛ gyama Barnaba yɛ Seus. Wohuu tete nkyerɛwee bi wɔ Listra mpɔtam. Nea wɔakyerɛw no, ebi ne “Seus asɔfo” ne “owia nyame Seus.” Ɛpo so hyɛn a Paul de tuu kwan fii Malta supɔw so no, na n’ahyɛnsode ne “Seus Mma.” Seus mma a wɔreka wɔn ho asɛm ne Castor ne Pollux a wɔyɛ ntaafo no.​—Aso 14:12; 28:11.

  • Sɛnkyerɛnne.

    Ɛyɛ biribi anaa tebea bi a ɛyɛ nwonwa a ɛkyerɛ sɛ biribi rekɔ so anaasɛ biribi besi daakye.​—Ge 9:12, 13; 2Ah 20:9; Mt 24:3; Adi 1:1.

  • Sheol.

    Ɛyɛ Hebri asɛmfua, na ɛno ara na wɔka no “Hades” wɔ Greek kasa mu no. Wɔrekyerɛ ase a, wɔde nkyerɛwde kɛse ‘Ɔ’ di anim, na wɔkyerɛw no “Ɔdamoa.” Ɛno ma yehu sɛ wɔreka adasamma damoa ho asɛm, na ɛnyɛ amoa a wosie obi wom kɛkɛ.​—Ge 37:35 ase hɔ asɛm no; Dw 16:10 ase hɔ asɛm no; Aso 2:31 ase hɔ asɛm no.​—Hwɛ ƆDAMOA.

  • Sion; Sion Bepɔw.

    Ɛyɛ Yebusifo kurow a wɔabɔ ho ban a na wɔfrɛ no Yebus. Ná ɛwɔ bepɔw a akyiri yi wɔkyekyee Yerusalem kurow no wɔ so no anaafo apuei. Bere a Dawid ko faa kurow no, osii n’ahemfi wɔ hɔ, na wɔbɛfrɛɛ hɔ “Dawid Kurow.” (2Sa 5:7, 9) Ná Yehowa bu Sion Bepɔw no sɛ ɛyɛ kronkron, titiriw bere a Dawid ma wɔde Apam Adaka no kɔɔ hɔ no. Akyiri yi, baabi a na asɔrefi no si wɔ Moria Bepɔw so no, ɛno nso bɛkaa baabi a wɔfrɛ hɔ Sion Bepɔw no ho. Ɛtɔ da nso a, na wɔfrɛ Yerusalem kurow no nyinaa Sion Bepɔw. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔtaa de Sion ne Sion Bepɔw yɛ adwuma de kyerɛ biribi foforo.​—Dw 2:6; 1Pe 2:6; Adi 14:1.

  • Siria; Siriafo.​—

    Hwɛ ARAM; ARAMFO.

  • Sirti.

    Mmeae akɛse abien bi a ɛwɔ Libia mpoano wɔ Afrika atifi fam na wɔfrɛ no Sirti. Saa mmeae no, ɛpo no adidi kɔ asaase mu, nanso emu nnɔ. Sɛ ɛpo no yiri na ɛtwe a, ɛboaboa anwea ano. Saa anwea no, sɛ ekogu ha nnɛ a, ɔkyena na akogu baabi foforo, enti na ɛhɔ yɛ hu. Ɛno nti, na tete po so akwantufo suro hɔ paa. (Aso 27:17)​—Hwɛ Nkh. B13.

  • Siw.

    Ɛyɛ edin a mfiase no na wɔde frɛ bosome a ɛto so abien wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so awotwe wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase April bosome no mpaemu kosi May bosome no mpaemu. Wɔfrɛ no Iyyar wɔ Yudafo Talmud no ne nhoma a wɔkyerɛwee bere a Yudafo no fii nkoasom mu bae no mu. (1Ah 6:37)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Siwan.

    Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, ɛno na na ɛyɛ bosome a ɛto so abiɛsa wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so akron wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase May bosome no mpaemu kosi June bosome no mpaemu. (Est 8:9)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Solomon abrannaa.

    Ɛyɛ ɔkwan bi a wɔakuru so a na nkurɔfo fa so. Ná ɛwɔ asɔrefi a na ɛwɔ hɔ wɔ Yesu bere so no adiwo wɔ apuei fam. Nkurɔfo gye di sɛ bere a Solomon asɔrefi no sɛee no, Solomon abrannaa no de, ansɛe bi. Ná nkurɔfo gye di sɛ ɛno na ɛkae bere a wɔsɛee Solomon asɔrefi no. Yesu nantew faa hɔ wɔ “awɔw bere” mu, na tete Kristofo no nso hyiaam wɔ hɔ som Onyankopɔn. (Yoh 10:22, 23; Aso 5:12)​—Hwɛ Nkh. B11.

  • Sommɛ.

    Ɛyɛ afifide bi a eyiyi nkorabata nketenkete. Ná wɔde bɔ mogya anaa nsu mu de pete nnipa ne mmoa ne nneɛma ho de dwira ho. Sommɛ a Bible ka ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nea wɔfrɛ no marjoram (Origanum maru; Origanum syriacum) no. Sommɛ a wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 19:29 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ marjoram no bi na na wɔde atua durra abaa so. Durra ka soogum (Sorghum vulgare) abusua ho. Nea enti a wosusuw sɛ ɛyɛ durra ne sɛ, ne dua no tumi yɛ tenten ma enti na wobetumi de sapɔw a nsã a emu kaw wom ahyɛ ano de akɔ Yesu ano.​—Ex 12:22; Dw 51:7.

  • Sorɔnsorɔmmea.

    Ɛyɛ baabi a nkurɔfo som. Ɛtaa yɛ koko so, bepɔw so, anaa bamma bi a nnipa ayɛ so. Ɛwom sɛ ɛtɔ da a, na wɔsom Onyankopɔn wɔ sorɔnsorɔmmea, nanso sorɔnsorɔmmea dodow no ara de, na ɛyɛ baabi a abosonsomfo som abosom.​—Nu 33:52; 1Ah 3:2; Yer 19:5.

  • Sra.

    Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “sra” no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ “wɔde biribi a ɛyɛ nsunsu bɛsrasra obi anaa biribi ho.” Ná wɔde ngo gu obi anaa biribi so de kyerɛ sɛ wɔahyira saa onipa no so anaa saa ade no so ama adwuma titiriw bi. Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔsan de asɛmfua yi yɛ adwuma de kyerɛ honhom kronkron a wohwie gu wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no so no.​—Ex 28:41; 1Sa 16:13; 2Ko 1:21.

  • Stoafo nyansapɛfo.

    Ɛyɛ Greecefo nyansapɛfo kuw bi a na wogye di sɛ, sɛ onipa ani begye a, gye sɛ otumi susuw nsɛm ho na odi abɔde mu mmara so. Ná wɔn adwene ne sɛ, onipa a ɛyaw anaa anigye ntumi mpusuw no no, ɔno paa na ɔyɛ onyansafo.​—Aso 17:18.

T

  • Tamus.

    (1) Ɛyɛ onyame bi din, onyame a na Hebrifo mmea awaefo bi a wɔwɔ Yerusalem su no no. Ebinom kyerɛ sɛ, na Tamus yɛ ɔhene, ɛnna owui, na ne wu akyi na wɔyɛɛ no onyame. Sumerfo nkyerɛwee mu no, edin a wɔde frɛ Tamus ne Dumuzi. Nkyerɛwee no ka sɛ, Dumuzi yɛ onyamebea a ɔma awo a wɔfrɛ no Inanna (Babilonfo nyamebea Ishtar) no kunu anaa ne dɔfo. (Hes 8:14) (2) Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, ɛno na na ɛyɛ bosome a ɛto so anan wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so du wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase June bosome no mpaemu kosi July bosome no mpaemu.​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Tarsis ahyɛn.

    Mfiase no, ɛyɛ din a na wɔde frɛ ahyɛn a na ɛkɔ tete Tarsis (a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Spain) no. Akyiri yi sɛ wɔka Tarsis ahyɛn a, na ɛkyerɛ ahyɛn akɛse a etumi twa kwantenten. Ná Solomon ne Yehosafat nyinaa wɔ saa ahyɛn no bi a wɔde di gua.​—1Ah 9:26; 10:22; 22:48.

  • Tartarus.

    Epue wɔ Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛyɛ tebea bi a wɔde abɔfo a wɔyɛɛ asoɔden wɔ Noa bere so no kɔɔ mu. Tebea a wɔwom no, wɔabrɛ wɔn ase, na ɛte sɛ nea wɔde wɔn agu afiase. Wohwɛ 2 Petro 2:4 a, wɔde adeyɛ asɛm tar·ta·roʹo (a ɛkyerɛ “tow biribi to Tartarus”) na ɛyɛɛ adwuma. Saa asɛm no nkyerɛ sɛ wɔtow “abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no” koguu Tartarus a wɔka ho asɛm wɔ anansesɛm mu no (saa Tartarus no, wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ afiase a ɛwɔ asaase ase a wɔde anyame nketewa no gu, na ɛhɔ yɛ sum kabii). Mmom, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn brɛɛ wɔn ase, anaa oyii wɔn fii baabi a na wɔte wɔ soro no, na ogyee dwumadi a na ɛhyɛ wɔn nsa no nso fii wɔn nsam, na ɔde wɔn kɔɔ tebea bi mu maa wɔn adwene duru sum kabii sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu Onyankopɔn atirimpɔw a ɛhyerɛn no. Esum kabii a wɔwom no nso ma yehu sɛ, wɔn awiei renyɛ fɛ, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ wɔbɛsɛe wɔne Satan Ɔbonsam a odi wɔn so no afi hɔ koraa. Enti Tartarus kyerɛ sɛ, abɔfo a wɔtew atua no, wɔabrɛ wɔn ase koraa. Ɛsono ɛno, ɛnna ɛsono “amoa donkudonku” a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:1-3 no.

  • Tebet.

    Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, ɛno na na ɛyɛ bosome a ɛto so du wɔ kalenda a na Yudafo de yɛ adwuma wɔ wɔn som mu no so. Ɛno ara nso na na ɛyɛ bosome a ɛto so anan wɔ Yudafo kuayɛ kalenda so. Efi ase December bosome no mpaemu kosi January bosome no mpaemu. Wɔtaa frɛ Tebet sɛ “bosome a ɛto so du.” (Est 2:16)​—Hwɛ Nkh. B15.

  • Tenabea kronkron.

    Ɛyɛ baabi a na wɔayi sɛ wɔnsom wɔ hɔ. Ɛhɔ yɛ kronkron. Nanso mpɛn pii no, ɛkyerɛ ɔsom ntamadan no anaa asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem no. Wɔsan de kyerɛ Onyankopɔn asɔrefi no kronkronbea anaa Onyankopɔn tenabea wɔ soro.​—Ex 25:8, 9; 2Ah 10:25; 1Be 28:10; Adi 11:19.

  • Terafim.

    Ɛyɛ abusua anyame anaa abusua ahoni a ɛtɔ da a na nkurɔfo kɔ wɔn hɔ abisa. (Hes 21:21) Ná terafim ahoni bi tenten ne wɔn kɛse te sɛ onipa. Ebinom nso de, na esusua koraa. (Ge 31:34; 1Sa 19:13, 16) Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no huu nneɛma bi wɔ Mesopotamia a edi adanse sɛ, onipa a terafim honi wɔ ne nkyɛn no, ɔno na na abusua agyapade no bɛba abedi ne nsam. (Ebetumi aba sɛ ɛno nti na Rahel faa ne papa terafim honi no.) Ɛwom sɛ na Israelfo binom som terafim ahoni wɔ atemmufo no ne ahemfo no bere so de, nanso ɛnyɛ nea terafim honi wɔ ne hɔ na na wɔde abusua agyapade ma no wɔ Israel. Nneɛma a Ɔhene Yosia a ɔsom Onyankopɔn yiye no sɛee no no, na Terafim ahoni ka ho.​—Ate 17:5; 2Ah 23:24; Ho 3:4.

  • Tisri.​—

    Hwɛ ETANIM ne Nkh. B15.

  • Torobɛnto.

    Ɛyɛ abɛn kɛse bi a wɔde dade ayɛ. Wɔhyɛn de ma akwankyerɛ anaa wɔde bɔ nnwom. Numeri ti 10, nkyekyɛm 2 ma yehu sɛ Yehowa kyerɛɛ Israelfo no sɛnea wɔde dwetɛ bɛyɛ ntorobɛnto abien bi. Ná wɔde ntorobɛnto no frɛ asafo no behyia, wɔde ma wotu kɔ baabi foforo, anaa wɔde frɛ ɔman no kɔ ɔko. Saa ntorobɛnto no, na emu nkoae te sɛ “mmɛn” a na wɔde mmoa mmɛn ankasa ayɛ no. Nneɛma a na wɔde bɔ nnwom wɔ asɔrefi hɔ no, na torobɛnto ka ho. Nanso saa ntorobɛnto no de, wɔankyerɛ sɛnea wɔnyɛ no. Sɛ wɔreka atemmu a Yehowa de bɛba anaasɛ wɔrebɔ n’asɛm dawuru a, mpɛn pii no wɔbɔ sɛnkyerɛnne kwan so ntorobɛnto ka ho.​—2Be 29:26; Esr 3:10; 1Ko 15:52; Adi 8:7–11:15.

  • Tow.

    Ɛyɛ sika anaa nneɛma a ɔman bi anaa ɔhene bi tua ma ɔman foforo anaa ɔhene foforo de kyerɛ sɛ ɔhyɛ n’ase. Wotua saa sika no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba wɔn ntam anaa wobenya ahobammɔ. (2Ah 3:4; 18:14-16; 2Be 17:11) Wɔsan de kyerɛ tow a ankorankoro tua.​—Ne 5:4; Ro 13:7.

  • Trenee; Ɔtreneeni.

    Onyankopɔn na ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. Enti biribiara a Onyankopɔn bu no sɛ ɛyɛ papa no, ɛno ne adetrenee. Enti sɛ obi yɛ nea ɛyɛ papa wɔ Onyankopɔn ani so a, Bible ka sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.​—Ge 15:6; De 6:25; Mme 11:4; Sef 2:3; Mt 6:33.

  • Tuutuuni.

    Ɔyɛ obi a ɔne nkurɔfo a ɔnwaree wɔn da, ɛnkanka obi a ɔyɛ saa de pɛ sika. (Greek asɛmfua porʹne na wɔkyerɛ ase “tuutuuni,” na efi asɛm bi a ɛkyerɛ “tɔn biribi” mu.) Wɔka tuutuuni a, ɛtaa yɛ ɔbea, nanso wokan Bible a, wuhu sɛ na mmarima bi nso yɛ tuutuufo. Mose Mmara no baraa tuutuusi. Ná wɔn a wɔsom abosom no gye ntoboa fi asɔrefi tuutuufo nkyɛn, nanso na Yehowa mpene so sɛ wɔde tuutuuni akatua bɛba abeyi ntoboa wɔ Yehowa kronkronbea hɔ. (De 23:17, 18; 1Ah 14:24) Bible ka tuutuuni a, ɛtɔ da a ɛnyɛ tuutuuni ankasa. Mmom ɛkyerɛ nkurɔfo, aman, ne akuw ahorow a wɔka sɛ wɔsom Onyankopɔn nanso wɔde wɔn ho fɔrefɔre abosonsom. Nyamesom ahyehyɛde a wɔfrɛ no “Babilon Kɛse” no sɛɛ, Adiyisɛm nhoma no ka sɛ ɛyɛ tuutuuni efisɛ tumi ne ahonyade a ɔpɛ nti, ɔde ne ntama akɔbɔ wiase atumfo ntama ano.​—Adi 17:1-5; 18:3; 1Be 5:25.

  • Twam.

    Ɛyɛ afe afe afahyɛ a na wodi no bosome Abib (akyiri yi, wɔfrɛɛ no Nisan) no da a ɛto so 14. Ná wodi saa afahyɛ no de kae sɛnea wogyee Israelfo fii Egypt no. Wɔrehyɛ fã no a, na wokum oguan ba (anaa apɔnkye) tõtõ, na na wɔde nhaban a ɛyɛ nwene ne paanoo a mmɔkaw nnim ka ho di.​—Ex 12:27; Yoh 6:4; 1Ko 5:7.

  • Twetiatwa.

    Sɛ woyi ɔbarima dua ano were anaa wotwa ɔbarima dua a, ɛno na wɔfrɛ no twetiatwa. Ná ɛyɛ mmara ma Abraham ne n’asefo sɛ wotwa twetia. Nanso Kristofo de, mmara biara nkyekyere wɔn sɛ wotwa twetia. Ɛtɔ da nso a, wɔde twetiatwa kyerɛ nneɛma foforo wɔ Bible mu.​—Ge 17:10; 1Ko 7:19; Flp 3:3.

U

  • Urim ne Tumim.

    Sɛ Israel man no wɔ asɛnhia bi na wɔpɛ sɛ wohu nea Yehowa bɛka wɔ ho a, Urim ne Tumim no na na ɔsɔfo panyin no de yɛ adwuma hwehwɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔman no yɛ. Ná wɔde Urim ne Tumim yɛ adwuma te sɛ nea na wɔbɔ ntoto de si gyinae no. Sɛ ɔsɔfo panyin no rekɔ ɔsom ntamadan no mu a, na wɔde Urim ne Tumim hyehyɛ ne nkatabo no mu. Ɛbɛyɛ sɛ efi bere a Babilonfo sɛee Yerusalem no, wɔamfa Urim ne Tumim no anyɛ adwuma bio.​—Ex 28:30; Ne 7:65.

W

  • Wiase awiei bere.

    Ɛyɛ bere kakra a aka ama wiase anaa nneɛma a Satan ama aba wiase no asɛe. Ɛne Kristo mmae no nyinaa fi ase bere koro. Yesu bɛma abɔfo no akwankyerɛ ama wɔakɔ “akoyiyi abɔnefo afi atreneefo mu” na wɔasɛe wɔn. (Mt 13:40-​42, 49) Ná Yesu asuafo no pɛ sɛ wohu bere a ‘wiase yi bɛba awiei.’ (Mt 24:3) Ansa na Yesu resan akɔ soro no, ɔhyɛɛ n’asuafo no bɔ sɛ ɔne wɔn bɛwɔ hɔ akosi wiase yi awiei bere.​—Mt 28:20.

  • Wiase yi; Mmere yi.

    Sɛ wɔde Greek asɛmfua ai·onʹ ka nneɛma a ɛrekɔ so ho asɛm, anaa wɔde kyerɛ nneɛma bi a ɛbɛkɔ so ama yɛahu sɛ bere pɔtee bi mu na yɛwɔ a, ɛno na wɔkyerɛ ase “wiase yi” no. Bible ka “wiase a ɛwɔ hɔ yi” a, ɛkyerɛ nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ne abrabɔ a ɛrekɔ so wɔ wiase. (2Ti 4:10) Bere a Onyankopɔn ne Israelfo yɛɛ Mmara apam no, “mmere” bi fii ase. Saa “mmere” no, ebinom frɛ no Israelfo mmere anaa Yudafo mmere. Onyankopɔn nam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no so de wiase foforo bi bae. Saa wiase no de, Kristofo a wɔasra wɔn asafo no na edi mu akoten. Ɛno na ɛkɔfaa bere bi a Mmara apam no kaa ho asɛm too hɔ no bae. Sɛ wɔka “mmere yi” a, ɛkyerɛ nneɛma a ɛrekɔ so, nneɛma a akɔ so, ne nneɛma a ɛbɛba.​—Mt 24:3; Mr 4:19; Ro 12:2; 1Ko 10:11.

Y

  • Yakob.

    Ɔyɛ Isak ne Rebeka babarima. Akyiri yi, Onyankopɔn too no din Israel, na ɔbɛyɛɛ Israelfo (a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ wɔn Yudafo no) agya. Ɔno na ɔwoo mmarima 12 a wɔne wɔn asefo bɛyɛɛ Israel man no mmusuakuw 12 no. Wɔkɔɔ so de din Yakob no frɛɛ ɔman no anaa Israelfo no.​—Ge 32:28; Mt 22:32.

  • Yedutan.

    Ɛyɛ asɛmfua bi a wɔde yɛ adwuma wɔ Nnwom 39, 62, ne 77 atifi nsɛm mu. Yennim nea asɛmfua no kyerɛ pɔtee. Ɛbɛyɛ sɛ saa atifi nsɛm no yɛ akwankyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea wɔnto nnwom no. Ebetumi ayɛ ɔkwan pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔto nnwom no anaa afiri ko a ɛsɛ sɛ wɔde bɔ nnwom no. Ná Lewini dwontofo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yedutan, enti ɛbɛyɛ sɛ sɛnea na ɔno anaa ne mma mmarima to nnwom ne afiri ko a na wɔde bɔ nnwom no na wɔfrɛ no Yedutan.

  • Yehowa.

    Saa na wɔtaa kyerɛ Tetragrammaton no ase wɔ Twi kasa mu. Tetragrammaton no yɛ Onyankopɔn din a wɔde Hebri nkyerɛwde anan akyerɛw. Epue bɛboro mpɛn 7,000 wɔ Bible nkyerɛase yi mu.​—Hwɛ Nkh. A4 ne A5.

  • Yuda.

    Ɛyɛ Yakob ne ne yere Lea babarima a ɔto so anan. Bere a Yakob rebewu a ɔhyɛɛ nkɔm no, ɔkae sɛ ɔhene kɛse bi a obedi tumi daa befi Yuda abusua mu aba. Bere a Yesu baa asaase so sɛ onipa no, Yuda abusua mu na wɔwoo no. Ná wɔfrɛ Yuda abusuakuw no ankasa nso Yuda, na akyiri yi, wɔfrɛɛ Yuda ahemman no nso Yuda. Yuda ahemman no, na wɔfrɛ no anaafo fam ahemman. Yuda abusuakuw no ne Benyamin abusuakuw no na na wɔka bom yɛ saa ahemman no, na na asɔfo ne Lewifo no ka ho. Ná Yuda wɔ ɔman no anaafo fam, na ɛhɔ na na Yerusalem ne asɔrefi no wɔ.​—Ge 29:35; 49:10; 1Ah 4:20; Heb 7:14.

  • Yudani; Yudafo.

    Bere a Israel mmusuakuw du ahemman no gui akyi no, na wɔfrɛ obiara a ofi Yuda abusuakuw mu no Yudani. (2Ah 16:6) Bere a Yudafo no fi Babilon nkoasom mu bae no, wɔfrɛɛ wɔn a wofi Israel mmusuakuw ahorow no mu a wɔsan baa Israel no nyinaa Yudafo. (Esr 4:12) Akyiri yi, na wɔfrɛ Israelfo a wɔwɔ wiase baabiara no Yudafo, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔada nsow afi Amanaman mufo ho. (Est 3:6) Bere a ɔsomafo Paul reka Kristofo asafo no ho asɛm no, ɔkae sɛ, sɛ obi yɛ Yudani oo, sɛ ofi ɔman foforo so oo, ɛnyɛ ɛno na ehia.​—Ro 2:28, 29; Ga 3:28.