Yesaia 47:1-15

  • Babilon ahwease (1-15)

    • Wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu ho ada hɔ (13-15)

47  Si fam na bɛtena mfuturu mu,O Babilon babea, ɔbaabun.+ Tena fam, baabi a akongua* nni.+O Kaldeafo babea,Efisɛ nkurɔfo renkorɔkorɔ wo, na wɔrennyigye wo so bio da.  2  Fa ɔbo* na yam hwiit. Yi ade a ɛkata w’anim no. Yi wo fam ataade ma wo nan ho ngu hɔ, Na twa asu no.  3  Wobeyi w’adagyaw so. Wobehu w’animguase. Metua wo ka,+ na onipa biara rentumi nsiw me kwan.*  4  “Yɛn gyefo no,Asafo Yehowa ne ne din;Ɔno ne Israel Kronkronni no.”+  5  Tena hɔ dinn, na kɔ sum mu,O Kaldeafo babea;+Wɔremfrɛ wo Ahenni ahorow so Ɔhemmaa* bio.+  6  Me bo fuw me man.+ Miguu m’agyapade ho fĩ,+Na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+ Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+ Mpanyimfo mpo, wode kɔndua a emu yɛ duru too wɔn so.+  7  Wokae sɛ: “Mɛyɛ Ɔhemmaa* daa.”+ Woannwen nea na woreyɛ no ho,Na woanhwɛ nea ɛbɛkɔ akowie.  8  Afei tie eyi, wo a wopɛ anigye+A wɔabɔ wo ho ban, wo a woka wɔ wo komam sɛ: “Obiara ne me nsɛ. M’akyi no, obiara nni hɔ bio.+ Merenyɛ okunafo, Na me mma renwu da.”+  9  Nanso nneɛma abien yi bɛba wo so prɛko pɛ; ɛbɛba da koro:+ Wo mma bewuwu na wobɛyɛ okunafo. Eyinom nyinaa bɛba wo so,+Efisɛ* w’asumansɛm dɔɔso, na wo kaberɛkyere ano yɛ den.+ 10  Wode wo ho too wo bɔne so. Wokae sɛ: “Obiara nhu me.” Wo nyansa ne wo nimdeɛ na ama woayera,Na woka wɔ wo komam sɛ: “Obiara ne me nsɛ. M’akyi no, obiara nni hɔ bio.” 11  Nanso mmusu bɛba wo so,Na wo nnurusɛm no biara rentumi nsiw ano.* Amanehunu bɛba wo so, na worentumi nsiw no kwan. Ɔsɛe a wunhuu bi da bɛba wo so prɛko pɛ.+ 12  Afei kɔ so, yɛ wo kaberɛkyere na di w’asumansɛm bebrebe no,+Nea wufi wo mmofraase abrɛ ho no. Ebia ɛbɛboa wo;Ebia wode bɛbɔ nkurɔfo hu. 13  W’afotufo bebrebe no ama woabrɛ. Ma wɔnsɔre seesei ara na wommegye wo,Wɔn a wɔsom ɔsoro abɔde,* wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu,+Wɔn a wɔhwɛ asram foforo,A wɔka nea ɛbɛba wo so no. 14  Hwɛ! Wɔte sɛ aburow dua. Ogya bɛhyew wɔn. Wɔrentumi nnye wɔn ho* mfi ogya a ɛredɛw denneennen no mu. Eyi nyɛ nsramma a wɔde ka wɔn ho hyew,Na ɛnyɛ ogya a wɔtena ho. 15  Eyi na ɛbɛto wo kaberɛkyerefo no,Wɔn a wo ne wɔn abrɛ fi wo mmofraase no. Wɔde wɔn ti bɛpempem; obiara bɛfa ne kwan.* Obiara nni hɔ a obegye wo.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ahengua.”
Anaa “owiyammo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “na merennya obiara ho koma.”
Anaa “Awuraa.”
Anaa “Awuraa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Ɛmfa ho sɛ.”
Anaa “Na worenhu kwan a wobɛfa so de wo nnurusɛm no asiw no kwan.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Wɔn a wɔkyekyɛ ɔsoro mu; Nsoromma mu ahwɛfo.”
Anaa “wɔn kra.”
Nt., “obiara akɔ n’asaase so.”