Petro Nhoma a Ɛto So Abien 1:1-21

  • Nkyia (1)

  • Momma frɛ a wɔafrɛ mo no nni mu (2-15)

    • Suban a ɛsɛ sɛ yenya ka gyidi ho (5-9)

  • Yɛahu sɛ nkɔmhyɛsɛm no di mu paa (16-21)

1  Me, Simon Petro a meyɛ Yesu Kristo akoa ne ɔsomafo, merekyerɛw krataa yi akɔma wɔn a wɔnam Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee so anya gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara: 2  Adom ne asomdwoe mfa Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu ho nokware nimdeɛ+ so nnɔɔso mma mo, 3  efisɛ Onyankopɔn tumi nti yɛanya biribiara a ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho,* na ɛnam Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ so;+ ɔno na ɔde n’anuonyam ne ne papayɛ frɛɛ yɛn. 4  Ɔnam eyinom so ama yɛn bɔhyɛ akɛseakɛse a ɛsom bo,+ na bere a moatumi aguan afi wiase a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw mu no, moafa eyinom so anya Onyankopɔn su no bi.+ 5  Esiane eyi nti, mo nso monyɛ nea mubetumi biara+ mfa ɔbra pa+ nka mo gyidi ho, na momfa nimdeɛ+ nka mo bra pa ho; 6  momfa ahohyɛso*+ nka mo nimdeɛ ho, momfa animia nka mo ahohyɛso ho, na momfa onyamesom pa+ nka animia ho; 7  momfa onuadɔ nka mo nyamesom pa ho; onuadɔ no akyi no, munnya ɔdɔ+ mma obiara. 8  Na sɛ eyinom nyinaa wɔ mo mu na ebu so a, mode Awurade Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ bɛyɛ adwuma. Ɛba saa a, morenyɛ mmerɛw anaa morenyɛ nnipa a wɔnsow aba.+ 9  Na obiara a eyinom nni ne mu no, na n’ani afura, ɔmpɛ sɛ ohu hann no,*+ na ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne bɔne+ a wayɛ atwam no. 10  Enti anuanom, monyɛ nea mubetumi biara mma hokwan a moanya sɛ wɔafrɛ mo+ na wɔapaw mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da.+ 11  Nokwasɛm ni, ɛbɛma moanya hokwan kɛse akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo+ daa Ahenni+ no mu. 12  Eyi nti mepɛ sɛ daa mekae mo eyinom, ɛwom, munim, na mo ase nso atim wɔ nokware a ɛwɔ mo mu no mu. 13  Nanso mpɛn dodow a mewɔ ntamadan*+ yi mu de, mihu sɛ ɛfata sɛ mekaakae mo de kanyan mo,+ 14  na minim sɛ ɛrenkyɛ koraa na wɔayi me ntamadan yi agu hɔ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo nso daa no adi kyerɛɛ me no.+ 15  Mɛkɔ so ayɛ nea metumi biara na sɛ mekɔ a, mo ankasa moakae eyinom. 16  Ɛnyɛ atosɛm bi a wɔanwene no anifere kwan so na yɛnam so kyerɛɛ mo yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ne mmae no, na mmom yɛn ani kann na yɛde huu n’anuonyam.+ 17  Na onyaa nidi ne anuonyam fii Agya Onyankopɔn hɔ, bere a Onuonyamfo kɛse no kaa nsɛm te sɛ eyi* kyerɛɛ no no: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom.”+ 18  Bere a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no, eyi ne nsɛm a yɛte fii soro. 19  Enti nkɔmhyɛsɛm no, wɔama yɛahu sɛ edi mu paa; na eye sɛ moama mo ani aku ho sɛ kanea+ a ɛhyerɛn sum mu, kyerɛ sɛ, mo komam (kosi sɛ ade bɛkye ma adekyee nsoromma+ apue). 20  Nea edi kan koraa no, munim sɛ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmhyɛ biara nni hɔ a ɛnam nnipa ntease so ba. 21  Na ɛnyɛ nnipa hɔ na nkɔmhyɛ fi ba,+ na mmom Onyankopɔn honhom kronkron+ na ɛmaa nnipa kasae.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ɛfa nkwa ne onyamesom pa ho kwa.”
Anaa “ahosodi.”
Ebetumi nso akyerɛ, “n’ani afura anaa biribi wɔ akyiri a, onhu.”
Anaa “ahyiae ntamadan,” kyerɛ sɛ, ne nipadua a ɔde te asaase so.
Nt., “de nne a ɛte sɛ eyi kasa.”