Ɔsɛnkafo 12:1-14

  • Kae Ɔbɔadeɛ no ansa na woabɔ akwakoraa anaa aberewa (1-8)

  • Ɔsɛnkafo nsɛm no awiei (9-14)

    • Anyansafo nsɛm te sɛ poma a wɔde ka nantwi (11)

    • Suro nokware Nyankopɔn no (13)

12  Enti kae wo Bɔfo Kɛse no wɔ wo mmabunbere mu,+ ansa na amanehunu nna* no aba,+ ansa na mfe bi aba ama woaka sɛ: “Minni ho anigye”; 2  ansa na owia ne hann ne ɔsram ne nsoromma ayɛ sum,+ ansa na osu atɔ asan amuna bio;  3  ansa na ofie awɛmfo* ho apopo, ansa na mmarima ahoɔdenfo mu akuntun, ansa na mmea a wɔyam ade no agyae adwuma esiane sɛ wɔn so atew nti, ansa na mmabaa a wɔhwɛ mfɛnsere mu no ani so ayɛ wɔn wusiwusi;+ 4  saa bere no, abɔnten pon mu toto, na ɔbo a wɔyam so ade* no dede brɛ ase, na anomaa su nyan onipa, na mma mmea nnwontofo nyinaa nne brɛ ase.+ 5  Bio nso, onipa suro nea ɛwɔ soro, na abɔnten yɛ no hu. Aborɔfo nkate dua gu nhwiren,+ na abebɛw twe ne ho ase; n’anom nyɛ no dɛ bio,* efisɛ onipa rekɔ ofie a ɔbɛhome wɔ hɔ akyɛ no mu,+ na nkurɔfo resu di akɔneaba wɔ abɔnten so;+ 6  ansa na dwetɛ hama no mu atew, na sika kɔkɔɔ kora no apae, na ahina a esi nsu ho no abɔ, na ade a wokyim de tow nsu wɔ abura mu no abubu. 7  Ɛno na dɔte san kɔ asaase mu+ sɛnea na ɛte kan no, na honhom* no asan akɔ nokware Nyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.+ 8  “Ahuhude mu ahuhude!” Ɔsɛnkafo no+ na waka. “Ade nyinaa yɛ ahuhude.”+ 9  Ɔsɛnkafo no bɛyɛɛ onyansafo; nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɔsan de nea onim no kyerɛkyerɛɛ ɔman no daa,+ na odwinnwen nneɛma ho yɛɛ nhwehwɛmu kɔɔ akyiri, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahyehyɛ mmebusɛm pii.+ 10  Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obenya nsɛm a ɛyɛ dɛ,+ na wakyerɛw nsɛm a ɛyɛ nokware no pɛpɛɛpɛ. 11  Anyansafo nsɛm te sɛ poma a wɔde ka nantwi,+ na nsɛm a wɔaboaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ nneɛma mu denneennen; efi oguanhwɛfo baako hɔ. 12  Eyinom akyi de, me ba, tie kɔkɔbɔ yi: Nhoma de, nkurɔfo rennyae yɛ da, na sɛ wudi akyi bebree a, wobɛbrɛ.*+ 13  Asɛm no awiei, nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro nokware Nyankopɔn no+ na di ne mmara nsɛm so,+ na eyi ne ade a ɛho hia paa wɔ nnipa asetena mu.*+ 14  Efisɛ nneyɛe biara, nokware Nyankopɔn no bebu ho atɛn akyerɛ sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne; nea ahintaw mpo, obebu ho atɛn.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nna bɔne.”
Anaa “ahwɛfo.”
Anaa “owiyammo.”
Hebri asɛm no gyina hɔ ma aduaba bi a ɛma obi tumi didi.
Anaa “nkwa tumi.”
Nt., “wo honam bɛbrɛ.”
Anaa “eyi ne nnipa asɛde nyinaa.”