Yeremia 44:1-30
44 Na Onyankopɔn asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛfa Yudafo a wɔtete Egypt asaase so nyinaa,+ wɔn a wɔtete Migdol+ ne Tapanes+ ne Nof*+ ne Patros+ asaase so no ho. Asɛm no ni:
2 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Mmusu a mede aba Yerusalem+ ne Yuda nkurow nyinaa so no, moahu ne nyinaa, na ɛnnɛ adan amamfo, na obiara nte hɔ.+
3 Ɛyɛ bɔne a wɔyɛ de hyɛɛ me abufuw no ntia. Wɔkɔbɔɔ afɔre+ maa anyame foforo a wonnim wɔn, anyame a mo ne mo agyanom nyinaa nnim wɔn no, na wɔsom wɔn.+
4 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifo no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mpɛn pii* bɛka kyerɛɛ mo sɛ: “Mepa mo kyɛw, monnyɛ ade tantan a mikyi yi.”+
5 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso annyae wɔn bɔne no, na wɔannyae afɔre a wɔbɔ ma anyame foforo no.+
6 Enti mihwiee m’abufuhyew ne m’abufuw gui, na ɛdɛwee wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so, na ɛbɛyɛɛ amamfo a obiara nte hɔ, sɛnea ɛte nnɛ yi.’+
7 “Enti afei nea Yehowa, asafo Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Adɛn nti na mode mmusu kɛse reba mo ara mo* so, na mopɛ sɛ wɔsɛe ɔbarima ne ɔbea biara, ne mmofra ne nkokoaa nyinaa fi Yuda, a obiara renka mma mo yi?
8 Adɛn nti na mode mo nsa ano adwuma hyɛ me abufuw, na mobɔ afɔre ma anyame foforo wɔ Egypt asaase a moakɔtena so no so? Mubewuwu, na moayɛ nnome, na mo anim begu ase wɔ asaase so aman nyinaa mu.+
9 Mo agyanom nneyɛe bɔne, ne Yuda ahemfo nneyɛe bɔne,+ ne wɔn yerenom nneyɛe bɔne,+ ne mo nso mo nneyɛe bɔne, ne mo yerenom nneyɛe bɔne,+ nea moyɛe wɔ Yuda asaase so ne Yerusalem mmɔnten so no, mo werɛ afi anaa?
10 Ɛde besi nnɛ nyinaa, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase,* wonsuroe,+ na me mmara ne m’ahyɛde a mede maa mo ne mo agyanom no nso, wonnii so.’+
11 “Enti nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Hwɛ, masi me bo sɛ mede mmusu bɛba mo so, na mede asɛe Yuda nyinaa.
12 Na mɛfa Yudafo a aka a wosii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ Egypt asaase so akɔtena hɔ no, na wɔn nyinaa bewuwu wɔ Egypt asaase so.+ Wobewuwu wɔ sekan ano, na ɔkɔm bɛma wɔn ase ahyew. Efi akumaa so kosi ɔkɛse so, sekan ne ɔkɔm bekunkum wɔn nyinaa. Wɔbɛyɛ nnome, na wɔadan biribi a ɛyɛ hu, ne abusude, na wɔn anim begu ase.+
13 Na mede sekan ne ɔkɔm ne nsanyare a edi awu* bɛtwe wɔn a wɔtete Egypt asaase so no aso sɛnea metwee Yerusalem aso no.+
14 Na Yudafo a aka a wɔakɔtena Egypt asaase so no, wɔrentumi nguan, na wɔrennya wɔn ti nnidi mu nsan nkɔ Yuda asaase so. Wɔn kɔn bɛdɔ* sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ na wɔakɔtena hɔ, nanso wɔrensan nkɔ hɔ, gye nnipa kakraa bi a wobenya wɔn ti adidi mu no.’”
15 Ɛnna mmarima a wonim sɛ wɔn yerenom bɔ afɔre ma anyame foforo no nyinaa, ne ɔyerenom a wogyinagyina hɔ no nyinaa, ɛdɔm kɛse no, ɛne nkurɔfo a na wɔtete Patros+ wɔ Egypt asaase so+ no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ:
16 “Asɛm a woaka akyerɛ yɛn Yehowa din mu no, yɛrentie.
17 Mmom, asɛm biara a yɛde yɛn ano aka no, sɛnea ɛte biara yɛbɛyɛ, na yɛbɛbɔ afɔre ama Ɔsoro Hemmaa* no na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no+ sɛnea yɛn ne yɛn agyanom ne yɛn ahemfo ne yɛn mpanyimfo yɛe wɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so, bere a na yedidi mee na yɛn ho tɔ yɛn na yenhu mmusu biara no.
18 Efi bere a yegyaee sɛ yɛbɛbɔ afɔre ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yegyaee sɛ yebehwie afɔrebɔ nsã ama no no, biribiara abɔ yɛn, na sekan ne ɔkɔm akunkum yɛn.”
19 Mmea no nso kae sɛ: “Bere a na yɛbɔ afɔre ma Ɔsoro Hemmaa,* na yehwie afɔrebɔ nsã ma no no, yɛammisa yɛn kununom ansa na yɛreyɛ afɔrebɔ keeki a ɛte sɛ ne honi no? Yɛammisa ansa na yɛrehwie afɔrebɔ nsã ama no anaa?”
20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa, mmarima no ne wɔn yerenom ne nnipa a aka a wɔkaa asɛm no kyerɛɛ no no nyinaa sɛ:
21 “Afɔre a mo ne mo agyanom ne mo ahemfo ne mo mpanyimfo ne asaase no so nnipa bɔe wɔ Yuda nkurow mu ne Yerusalem mmɔnten so no,+ Yehowa kaee, na ɛbaa ne komam!
22 Na nneɛma bɔne ne akyiwade a moyɛe no fonoo Yehowa, enti mo asaase dan amamfo ne biribi a ɛyɛ hu ne nnome, na obiara antena so bio, sɛnea ɛrekɔ so nnɛ yi.+
23 Esiane sɛ mobɔɔ afɔre a ɛte saa, na moyɛɛ Yehowa bɔne, na moantie Yehowa nne, na moanni ne mmara ne n’ahyɛde so, na moantie ne nkaesɛm nti na mmusu yi aba mo so, sɛnea muhu no nnɛ yi.”+
24 Na Yeremia toaa so ka kyerɛɛ nkurɔfo no nyinaa ne mmea no nyinaa sɛ: “Yudafo a mowɔ Egypt asaase so nyinaa, muntie Yehowa asɛm.
25 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Asɛm a mo ne mo yerenom de mo ano kae no, mode mo nsa ayɛ. Efisɛ mokae sɛ: “Ɛbɔ a yɛhyɛe sɛ yɛbɛbɔ afɔre ama Ɔsoro Hemmaa* no, na yɛahwie afɔrebɔ nsã ama no no, sɛnea ɛte biara yebedi so.”+ Mmea, mo nso, ɛbɔ a moahyɛ no, nea ɛte biara mubedi so, na mobɛyɛ nea moahyɛ ho bɔ no.’
26 “Enti Yudafo a motete Egypt asaase so nyinaa, muntie Yehowa asɛm: ‘“Hwɛ, mede me ara me din kɛse no ka ntam sɛ,” Yehowa asɛm ni, “Yudani biara remfa me din nka ntam bio+ wɔ Egypt asaase nyinaa so sɛ, ‘Sɛ́ Awurade Tumfo Yehowa te ase yi!’+
27 Mede m’ani asi wɔn so sɛ mɛyɛ wɔn bɔne na ɛnyɛ papa,+ na sekan ne ɔkɔm bekunkum Yuda mmarima a wɔwɔ Egypt asaase so nyinaa kosi sɛ wɔn nyinaa bɛsa.+
28 Na nnipa kakraa bi na sekan no renkunkum wɔn a wobefi Egypt asaase so akɔ Yuda asaase so.+ Na Yudafo a aka a wɔbɛtenaa Egypt asaase so no nyinaa behu nea n’asɛm yɛ nokware, sɛ me oo, sɛ wɔn oo!”’”
29 “‘Na eyi ne sɛnkyerɛnne a mede rema mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha,’ Yehowa asɛm ni, ‘sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛ asɛm a mekae sɛ mede mmusu bɛba mo so no bɛba mu ɔkwan biara so.
30 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede Egypt hene Farao Hofra bɛhyɛ n’atamfo nsa ne wɔn a wɔpɛ sɛ wokum no* no nsa, sɛnea mede Yuda hene Sedekia hyɛɛ ne tamfo Babilon hene Nebukadnesar* a na ɔpɛ sɛ okum no* no nsa no.”’”+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “Memfis.”
^ Nt., “mesɔree anɔpatutuutu somaa wɔn.”
^ Anaa “mo kra.”
^ Anaa “empusuw wɔn.”
^ Anaa “ɔyare.”
^ Anaa “Wɔbɛma wɔn kra so.”
^ Abodin a wɔde ma onyamebea a Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.
^ Abodin a wɔde ma onyamebea a Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.
^ Abodin a wɔde ma onyamebea a Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.
^ Abodin a wɔde ma onyamebea a Israelfo awaefo som no; ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onyamebea a ɔma awo.
^ Anaa “wɔrehwehwɛ ne kra.”
^ Nt., “Nebukadresar.” Ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw edin Nebukadnesar.
^ Anaa “ɔrehwehwɛ ne kra.”