Yɛn Ho Nsɛm
Henanom Ne Yehowa Adansefo?
Yehowa Adansefo wɔ wiase baabiara. Yɛsom Yehowa a ɔno ne Ɔbɔadeɛ ne Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. (Dwom 83:18; Adiyisɛm 4:11) Yɛyɛ Kristofo, na yegye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba ne yɛn Agyenkwa. (Yohane 3:16; Asomafo Nnwuma 4:10-12) Biribiara a yegye di no gyina Bible so. (2 Timoteo 3:16) Nneɛma a yegye di no, wubetumi asua ho nsɛm pii wɔ yɛn wɛbsaet hɔ. Bible mu asɛm biara a wubehu no, wubetumi ahwɛ wo ara wo Bible mu adi akyi.
Wopɛ sɛ wuhu yɛn ho nsɛm pii a, hwɛ video a yɛato din Yehowa Adansefo—Yɛyɛ Nnipa Bɛn?
Akontaabu
-
Yehowa Adansefo dodow a ɛwɔ wiase nyinaa—9,043,460
-
Nsafo dodow—118,767
-
Aman a ebuu akontaa no dodow—240
-
Bible adesua a yɛyɛɛ no bosome biara—7,480,146
-
Nnipa a ɛbaa Kristo wu Nkaedi no wɔ 21,119,442 mu—2024
Frequently Asked Questions
Dɛn Na Yehowa Adansefo Gye Di?
Hwɛ nneɛma 15 a yegye di ho nsɛm kakra.
Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Nnapɔnna Anaa Afahyɛ Ahorow Bi?
Hwɛ nsɛmmisa atitiriw anan a ɛma yehu nea enti a Yehowa Adansefo nni nnapɔnna anaa afahyɛ ahorow bi.
Adɛn Nti Na Yehowa Adansefo Nni Awoda?
Yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a ɛkɔ so wɔ awodadi mu a enti ɛnsɔ Onyankopɔn ani.
Adɛn Nti na Yehowa Adansefo Nnye Mogya?
Mogya a Yehowa Adansefo nnye no, nkurɔfo keka nsɛm a ɛnyɛ nokware fa ho. Kenkan na hu asɛm yi mu nokware.
Enti Yehowa Adansefo Yɛ Kristofo?
Yɛsrɛ wo, kenkan na hu sɛ yɛyɛ soronko wɔ asɔre ahorow a wobu wɔn ho Kristofo no ho.
Nsɛm Foforo a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
Biribi wɔ yɛn ho a wonte ase a, wubetumi anya ho mmuae wɔ ha.
Free Bible Course
Asafo Nhyiam Ne Nhyiam Afoforo
Our History
Contact Us
Ma Obi Ne Wo Mmesua Bible
Hwɛ nea Bible ka fa asɛm bi a ɛkyere w’adwene ho anaa sua Yehowa Adansefo ho nsɛm pii.
Kɔ Yɛn Nhyiam No Bi
Kenkan asɛm a ɛwɔ ha yi, na wubehu yɛn asafo nhyiam ho nsɛm pii. Wopɛ baabi a ɛbɛn wo a, wubetumi ahwehwɛ wɔ ha.
Wo Ne Yehowa Adansefo Nni Nkitaho
Wopɛ sɛ wo ne Yehowa Adansefo a ɛwɔ wiase baabiara di nkitaho a, wubenya wɔn tɛlefon nɔma ne wɔn address wɔ ha.
Bra Bɛhwɛ Baabi a Yɛyɛ Adwuma
Wubetumi nso ahu Betel ahorow a ɛbɛn wo a wubetumi akɔhwɛ hɔ.