Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adansefo Asafo Nhyiam

Kenkan asɛm a ɛwɔ ha yi, na wubehu yɛn asafo nhyiam ho nsɛm pii. Wopɛ baabi a ɛbɛn wo a wubetumi akɔ bi nso a, wubetumi ahwehwɛ wɔ ha.

Hwehwɛ Baabi a Ɛbɛn Wo (opens new window)

Dɛn na Ɛkɔ So Wɔ Yɛn Asafo Nhyiam Ase?

Yehowa Adansefo kɔ asafo nhyiam mprenu nnawɔtwe biara kɔsom Nyankopɔn. (Hebrifoɔ 10:24, 25) Saa nhyiam yi, obiara tumi ba bi. Yɛhyiam a, yɛyɛ Bible mu mpɛnsɛmpɛnsɛmu na yɛhwɛ kwan a yɛbɛfa so de Bible mu nsɛm abɔ yɛn bra.

Bible mpɛnsɛmpɛnsɛmu a yɛyɛ no, ebi wɔ hɔ a, atiefo tumi ka bi. Ɛte sɛ sukuudan mu adesua. Nanso yɛnhyɛ obiara sɛ ɔnkasa. Yɛde dwom ne mpaebɔ na ɛhyɛ nhyiam no ase. Yɛrebɛwie nso a, yɛto dwom bɔ mpae.

Sɛ wonyɛ Yehowa Danseni mpo a, wobɛtumi aba yɛn nhyiam yi bi. Yɛpɛ sɛ obiara bɛtie bi. Baabi a yɛhyiam no, ɛnhia sɛ wotua sika ansa na woaba hɔ. Yɛnnyegye kɔlɛhyen biara nso.