Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛrebɛkae Yesu Wu No

Kwasida, March 24, 2024

Afe biara, Yehowa Adansefo hyiam kae Yesu wu no. Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”—Luka 22:19.

Yɛreto nsa afrɛ wo sɛ bra bi.

Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa

Dwumadi no bedi bere tenten sɛn?

Bɛyɛ dɔnhwerew baako.

Mobɛyɛ no wɔ he?

Bisa Yehowa Danseni biara, na ɔbɛma woahu baabi a yɛbɛyɛ bi wɔ mo mpɔtam hɔ.

Ɛsɛ sɛ mitua sika bi ansa na maba?

Daabi.

Mugyigye kɔlɛhyen?

Daabi. Yehowa Adansefo nnyigye kɔlɛhyen wɔ wɔn nhyiam ase.

Ataade bɛn na menhyɛ mfa mmra?

Yenni ataade pɔtee bi a yɛde kɔ, nanso Bible afotu a ese yɛmma yɛn ahosiesie nyɛ kama na nidi mmra mu no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden de yɛ adwuma. (1 Timoteo 2:9) Ɛho nhia sɛ wokɔpɛ ataade a ne bo yɛ den anaa ataade kuntann biara.

Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Nkaedi no ase?

Yɛbɛto dwom de afi ase na yɛato dwom de awie, na Yehowa Adansefo mpanyimfo no mu baako de mpaebɔ befi ase na baako nso de mpaebɔ awie. Nkaedi no, ade titiriw a ɛbɛkɔ so wɔ ase ne ɔkasa no. Ɛbɛkyerɛ yɛn nea enti a Yesu bewui, ne mfaso a yebenya afi nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no so.