Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Watchtower Library

Watchtower Library

Bible ahorow ne nhoma ahorow a Yehowa Adansefo ayɛ no, ɛno na yɛaka abom de ayɛ Watchtower Library. Nneɛma a ɛwom no bi ne Bible nhwehwɛmu nhoma (anaa Bible encyclopedia) a yɛato din Insight on the Scriptures, nhoma, nhomawa, nkratawa, ne nsɛmma nhoma. Nnwinnade a ɛboa yɛn ma yɛyɛ nhwehwɛmu nso ka ho. Ebi ne Watch Tower Publications Index ne Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu. Wubetumi ahwehwɛ asɛmfua, kasasin, anaa kyerɛwsɛm bi wɔ saa nhoma yi biara mu.

Wubetumi atwe Watchtower Library wɔ ha. Fael no kɛse yɛ bɛyɛ 2 GB. Sɛ wo intanɛt kɔnɛhyen nyɛ papa, anaa ne bo yɛ den a, ɛnde ka ho asɛm kyerɛ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wo mpɔtam no, na wɔbɛma wo nsa aka DVD a Watchtower Library wɔ so. Adaka ketewa a wɔakyerɛw so “Twe Bi” no, kliki so na hwɛ sɛ wubenya Watchtower Library wɔ wo kasa mu anaa.