Ɔwɛn-Aban Ne Nyan! Nsɛmma Nhoma
Ɔwɛn-Aban ne Nyan! yɛ nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu, na wubenya bi wɔ kasa pii mu; wubetumi anya bi wɔ mum kasa ahorow bi mu nso. Ɔwɛn-Aban no ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa, na ɛma nnipa nya Yesu Kristo mu gyidi. Nyan! no kyerɛ ɔkwan a yebetumi afa so agyina ɔhaw ahorow a yɛrehyia wɔ wiase nnɛ ano, na ɛma yenya awerɛhyem sɛ, Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa wiase foforo ho no, ɛbɛba mu ama yɛanya asomdwoe ne ahobammɔ.

