“MONHWEHWƐ ASOMDWOE”!
2022 Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam
Yɛde anigye reto nsa afrɛ wo sɛ, hwɛ nhyiam a Yehowa Adansefo de nnansa bɛyɛ no bi.
COVID-19 yare no nti, yɛbɛyɛ afe yi nhyiam no wɔ Intanɛt so wɔ jw.org. Yɛde nhyiam dwumadi no begu hɔ nkakrankakra wɔ July ne August mu.
Wubetumi Ahwɛ Bi a Worentua Hwee. Wopɛ sɛ wohwɛ dwumadi no bi a, enhia sɛ wobɔ wo ho nsɛm biara hyɛ mu.
Nea Wɔbɛka Ho Asɛm Wɔ Nhyiam No Ase
Fida: Wubehu sɛnea ɔdɔ betumi ama w’asom adwo wo ne sɛnea ɛbɛma asomdwoe aba wo ne afoforo ntam. Wobɛsan ahu nea enti a yebetumi aka sɛ, akwankyerɛ a Bible de ma awarefo, awofo ne mmofra no, ɛyɛ “akwankyerɛ a ɛma asomdwoe ba abusua mu.”
Memeneda: Sɛ yɛyare, yɛn sikasɛm nkɔ yiye, atoyerɛnkyɛm ama yɛahwere yɛn agyapade, anaa yɛrehyia ɔhaw foforo bi a, yebetumi anya asomdwoe anaa? Yɛbɛhwɛ video bi a ɛbɛma yɛahu nea ebinom reyɛ wɔ wiase afanan nyinaa a ama wɔanya asomdwoe. Ɛbɛhyɛ wo nkuran paa.
Kwasida: So yebetumi ne Onyankopɔn afa adamfo ama ayɛ yiye? Wufitii ara na woabɛyɛ Onyankopɔn adamfo, anaa biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ? Ɔkasa a egyina Bible so a n’asɛmti ne “Wobɛyɛ Dɛn Ne Onyankopɔn Afa Adamfo?” no, ɛbɛma woanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.
Hwɛ nhyiam no program, na hwɛ ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no ho video nso.