Timoteo Nhoma a Ɛto So Abien 3:1-17

  • Awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba (1-7)

  • Di Paul nhwɛso akyi pɛpɛɛpɛ (8-13)

  • ‘Nneɛma a wusuae no, kɔ so fa yɛ adwuma’ (14-17)

    • Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu (16)

3  Na hu eyi sɛ awiei mmere no+ mu no, mmere a emu yɛ den bɛba.  Efisɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya,* wɔbɛyɛ sikanibere, wɔbɛhoahoa wɔn ho, wɔbɛyɛ ahantan, wɔbɛkeka abususɛm, wɔrentie wɔn awofo asɛm, wɔbɛyɛ bonniayɛ, wobedi nkurɔfo huammɔ,*  wɔrennya tema, nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wobedi atirimɔdensɛm,* wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa,  wobeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomaso, sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigye mmom na wɔbɛpɛ;  wuhu wɔn a wobɛka sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso wɔmmɔ wɔn bra sɛnea Onyankopɔn pɛ;*+ saa nnipa yi, twe wo ho fi wɔn ho.  Na wɔn mu binom bewiawia wɔn ho akɔ afi mu, na mmea a wɔyɛ mmerɛw a bɔne ahyɛ wɔn so na akɔnnɔ ahorow twetwe wɔn no, wɔbɛfa wɔn de wɔn ayɛ nkoa.  Wosua ade daa, nanso wontumi nnya nokware no ho nimdeɛ a edi mu no da.  Na sɛnea Yane ne Yambre ko tiaa Mose no, saa ara na saa nkurɔfo no nso ko tia nokware no. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe koraa, na Onyankopɔn nnye wɔn ntom wɔ gyidi no mu.  Na wɔrentumi nkɔ wɔn anim bio, efisɛ wɔn nkwaseasɛm bɛda adi pefee wɔ nnipa nyinaa anim, te sɛ nea ɛtoo saa mmarima baanu no.+ 10  Nanso wo de, nea woadi akyi pɛpɛɛpɛ ne me nkyerɛkyerɛ, m’abrabɔ,+ nea esi m’ani so, me gyidi, m’abotare, me dɔ, ne m’animia. 11  Bio nso, tan a nkurɔfo tan m’ani ne m’amanehunu, te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Antiokia,+ Ikoniom,+ ne Listra+ no, wunim ne nyinaa. Mede animia gyinaa saa ateetee no ano, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu.+ 12  Nea ɛwom ne sɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase sɛ Kristo Yesu akyidifo nyinaa, nkurɔfo bɛtan wɔn ani.+ 13  Nanso nnipabɔnefo ne nnaadaafo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔbɛdaadaa nkurɔfo na nkurɔfo nso adaadaa wɔn.+ 14  Na wo de, nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no, kɔ so fa yɛ adwuma,+ efisɛ wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn, 15  na wo mmofraase+ na wusuaa nkyerɛwee kronkron no,+ na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.+ 16  Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu,+ na eye ma nkyerɛkyerɛ,+ kasakyerɛ, nneɛma ateɛteɛ, na ɛteɛ yɛn so ma yɛyɛ nea ɛteɛ,+ 17  sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛfata paa a wɔasiesie no yiye ama adwuma pa biara.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “ahopɛ.”
Anaa “Onyankopɔn huammɔ.”
Anaa “wɔn ani so bɛyɛ krakra.”
Anaa “nanso wɔmfa tumi a ɛwɔ onyamesom mu no mmɔ wɔn bra.”