Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 12

Anidaso Wɔ Hɔ Sɛ Yebehu Awufo Bio?

“Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔapue.”

Yohane 5:28, 29

“Bere bi bɛba a atreneefo ne wɔn a wɔnyɛ atreneefo bɛsɔre afi awufo mu.”

Asomafo Nnwuma 24:15

“Mihuu awufo, akɛse ne nketewa, sɛ wogyinagyina ahengua no anim, na wobuebuee nhoma mmobɔwee mu. Na wobuee nhoma mmobɔwee foforo mu; ɛno ne nkwa nhoma mmobɔwee no. Na wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na ɛpo yii awufo a ɛwom mae, na owu ne Ɔdamoa yii awufo a ɛwom mae, na wobuu wɔn atɛn mmaako mmaako sɛnea wɔn nnwuma te.”

Adiyisɛm 20:12, 13