Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐMMISA 16

Wobɛyɛ Dɛn Na Adwinnwen Anhyɛ Wo So?

“Dan w’adesoa to Yehowa so, na ɔbɛboa wo. Ɔremma ɔtreneeni nhwe ase da.”

Dwom 55:22

“Nsiyɛfo nhyehyɛe bewie yiye, na obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.”

Mmebusɛm 21:5

“Nsuro, efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, efisɛ mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, yiw, mɛboa wo, mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.”

Yesaia 41:10

“Mo mu hena na sɛ odwinnwen a obetumi de basafa baako aka ne nkwa nna ho?”

Mateo 6:27

“Enti ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da, efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Ɛda biara wɔ n’ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.”

Mateo 6:34

‘Monhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’

Filipifo 1:10

“Mommma dadwen nnhyɛ mo so wɔ biribiara mu. Mmom ade nyinaa mu no, momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ne aseda nkɔ Onyankopɔn anim mfa mo adesrɛ nto n’anim; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so no nam Kristo Yesu so bɛbɔ mo koma ne mo adwene ho ban.”

Filipifo 4:6, 7