KYERƐW KRONKRON—WIASE FOFORO NKYERƐASE (2021 NKYERƐASE FOFORO)

Hena Na Ɔkyerɛw Bible No?

Twi
Hena Na Ɔkyerɛw Bible No?
https://cms-imgp.jw-cdn.org/img/p/1001061100/univ/wpub/1001061100_univ_sqr_xl.jpg
nwt kr. 10

ASƐMMISA 3

Hena Na Ɔkyerɛw Bible No?

“Mose kyerɛw Yehowa nsɛm no nyinaa.”

Exodus 24:4

“Daniel soo dae, na onyaa anisoadehu wɔ ne mpa so. Ɔkyerɛw ɔdae no too hɔ, na ɔkyerɛw nea ohui no nyinaa nso too hɔ.”

Daniel 7:1

“Bere a mugyee Onyankopɔn asɛm a mote fii yɛn hɔ no, moannye no sɛ nnipa asɛm, na mmom mugyee no sɛnea ɛte ankasa, sɛ ɛyɛ Onyankopɔn asɛm.”

1 Tesalonikafo 2:13

“Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ.”

2 Timoteo 3:16

“Ɛnyɛ nnipa hɔ na nkɔmhyɛ fi ba, na mmom Onyankopɔn honhom kronkron na ɛmaa nnipa kasae.”

2 Petro 1:21