Nnwom 49:1-20
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Kora mma dwom.+
49 Aman nyinaa, muntie.
Mo a mowɔ wiase* nyinaa, monyɛ aso,
2 Nketewa ne akɛse,*Adefo ne ahiafo nyinaa.
3 M’ano bɛka nyansasɛm,Na nea midwinnwen ho wɔ me koma mu+ no bɛkyerɛ sɛ mewɔ ntease.
4 Mɛyɛ aso atie abebusɛm;Mede sankuten bɛkyerɛkyerɛ m’akasabebu* mu.
5 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ misuro nna bɔne,+Bere a wɔn a wɔpɛ sɛ woyi me hwe hɔ no de wɔn abɔnefosɛm* atwa me ho ahyia?
6 Wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so,+Na wɔde wɔn ahonyade bebree hoahoa wɔn ho no,+
7 Wɔn mu biara rentumi nnye ne nua,*Anaa ɔrentumi mpata Onyankopɔn* mfa nnye no da,+
8 (Ade a ɛsɛ sɛ wotua de gye* onipa nkwa* no som bo paaMa enti wɔrentumi ntua da,)
9 Na ama watena ase daa a onhu amoa.*+
10 Ohu sɛ anyansafo mpo wuwu;Ɔkwasea ne nea onni adwene nyinaa sɛe,+Na nea ɛbɛba ara ne sɛ wobegyaw wɔn ahonyade ama ebinom.+
11 Wɔn koma mu no, wonyae a anka wɔn afi wɔ hɔ daa,Na wɔn ntamadan nso wɔ hɔ awo ntoatoaso nyinaa mu.
Wɔde wɔn din atoto wɔn nsaase so.
12 Ɛwom sɛ ɔdasani wɔ anuonyam de, nanso ɔrentena ase daa;+Ɔnkyɛn mmoa a wɔsɛe kwa no.+
13 Saa kwan yi na agyimifo+Ne wɔn a wodi wɔn akyi na wɔpɛ wɔn nsɛnhunu no fa so. (Sela)
14 Wɔte sɛ nguan a wɔde wɔn ama Ɔdamoa;*
Owu bɛhwɛ wɔn so;Teefo bedi wɔn so+ anɔpa,
Wɔrenhu wɔn ho mpopoe biara bio;+Ɔdamoa+ na ɛbɛyɛ wɔn fi, na ɛnyɛ ahemfi.+
15 Nanso Onyankopɔn begye me* afi Ɔdamoa* nsam,+Efisɛ obeso me mu. (Sela)
16 Sɛ obi nya ne ho a, nsuro,Sɛ ne fi anuonyam redɔɔso a, mmɔ hu.
17 Efisɛ owu a, ɔrentumi mfa hwee nkɔ;+N’anuonyam renni n’akyi.+
18 Ɔte ase no, na ɔkamfo ne ho.*+
(Sɛ wudi yiye a, nkurɔfo yi wo ayɛ.)+
19 Nanso awiei koraa no, ɔkɔka n’agyanom awo ntoatoaso ho.
Wɔrenhu hann bio.
20 Onipa dasani a ɔnte eyi ase no, ɛwom sɛ ɔwɔ anuonyam de,+Nanso ɔnkyɛn mmoa a wɔsɛe kwa no.
Ase Hɔ Nsɛm
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Nt., “Adasamma ne nnipa mma nyinaa.”
^ Anaa “bɛkyerɛkyerɛ m’aborɔme.”
^ Nt., “mfomso.”
^ Anaa “ne yɔnko.”
^ Anaa “ɔrentumi mma Onyankopɔn agyede.”
^ Anaa “pata.”
^ Anaa “onipa kra.”
^ Anaa “ɔdamoa.”
^ Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “begye me kra.”
^ Anaa “ne kra.”

