Genesis 38:1-30
-
Yuda ne Tamar (1-30)
38 Emu hɔ baabi no, Yuda fii ne nuanom nkyɛn kosii ne ntamadan wɔ baabi a ɛbɛn ɔbarima bi a ofi Adulam a ne din de Hira.
2 Ɛhɔ na Yuda huu Kaananni+ bea bi a ne papa din de Sua, enti ɔwaree no, na ɔne no dae.
3 Ɔbea no nyinsɛnee, na akyiri yi, ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Er.+
4 Onyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Onan.
5 Ɔsan woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Sela. Ɔwoe no, na ɔwɔ* Aksib.+
6 Akyiri yi, Yuda ware maa ne ba panyin Er; ná wɔfrɛ ɔbea no Tamar.+
7 Nanso Yuda ba panyin Er anyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani, enti Yehowa kum no.
8 Ɛno nti Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: “Ware wo nua yere, na wo ma wo nua no.”+
9 Nanso na Onan nim sɛ mma a ɔbɛwo wɔn no renyɛ ne dea.+ Enti sɛ ɔne ne nua yere no da a, na wama ne ho nsu asen agu fam asɛe, na wamma ne nua no annya mma.+
10 Nea ɔyɛe no, na ɛyɛ bɔne wɔ Yehowa ani so, enti okum ɔno nso.+
11 Yuda ka kyerɛɛ n’asebea Tamar sɛ: “Kɔtena wo papa fi na yɛ okunafo kosi sɛ me ba Sela benyin.” Nanso Yuda kae wɔ ne tirim sɛ: “Anhwɛ a na ɔno nso awu te sɛ ne nuanom.”+ Ɛnna Tamar kɔtenaa ne papa fi.
12 Bere bi akyi no, Yuda yere a ɔyɛ Sua+ babea no wui, na Yuda yɛɛ n’ayi. Akyiri yi, ɔne n’adamfo Hira a ofi Adulam+ no kɔɔ wɔn a wotwitwa ne nguan ho nwi no hɔ wɔ Timna.+
13 Obi bɛka kyerɛɛ Tamar sɛ: “Hwɛ, w’asebarima rekɔ Timna akotwitwa ne nguan ho nwi.”
14 Ɛnna oyii ataade a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ okunafo no guu hɔ, na ɔde ntama kataa ne kɔn mu de nkataanim kataa n’anim, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so, efisɛ na wahu sɛ Sela anyin nanso wɔmfaa no mmaa no aware.+
15 Bere a Yuda ani bɔɔ no so no, osusuwii sɛ ɔyɛ tuutuuni, efisɛ na wakata n’anim.
16 Enti ɔman kɔɔ ne nkyɛn kae sɛ: “Mesrɛ wo, ma me ne wo nna.” Ná onnim sɛ ɛyɛ n’asebea.+ Ɛnna ɔbea no kae sɛ: “Dɛn na wode bɛma me ansa na wo ne me ada?”
17 Ɛnna Yuda kae sɛ: “Mɛsoma ma wɔde apɔnkye ba abrɛ wo.” Na ɔbea no bisaa no sɛ: “Dɛn na wode bedi agyinam ansa na wode aba?”
18 Na ɔkae sɛ: “Dɛn na memfa nni agyinam?” Obuae sɛ: “W’ahyɛnsode kawa+ ne wo hama ne wo poma.” Ɛnna ɔde maa no, na ɔne no dae ma onyinsɛnee.
19 Afei ɔsɔre koyii ne nkataanim no guu hɔ, na ɔhyɛɛ ne kuna ataade no.
20 Afei Yuda somaa n’adamfo a ofi Adulam+ no sɛ ɔmfa apɔnkye ba no nkɔ na onkogye nea ɔde dii agyinam no mfi ɔbea no hɔ mmra, nanso wanhu no.
21 Obisabisaa nnipa a wɔwɔ kurom hɔ no sɛ: “Tuutuuni* bea a ɔtaa tena Enaim kwankyɛn no wɔ he?” Ɛnna wɔkae sɛ: “Tuutuuni biara mmaa ha da.”
22 Afei ɔsan n’akyi kɔbɔɔ Yuda amanneɛ sɛ: “Manhu ɔbea no, na kurom hɔfo nso se, ‘Tuutuuni biara mmaa ha da.’”
23 Ɛnna Yuda kae sɛ: “Ma ɔmfa na yɛn anim angu ase. Me de, mede apɔnkye no somae, hu na woanhu no.”
24 Afei bɛyɛ abosome abiɛsa akyi no, obi ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “W’asebea Tamar adan tuutuuni, na ɛnam so ma wanyinsɛn.” Ɛnna Yuda kae sɛ: “Momfa no mmra na wɔnhyew no.”+
25 Bere a wɔde no reba no, ɔsoma kɔɔ n’asebarima hɔ kɔkae sɛ: “Ɔbarima a nneɛma yi yɛ ne dea no, ɔno na ɔne me anyinsɛn.” Ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ wo, hwɛ sɛ ahyɛnsode kawa ne hama ne poma yi yɛ hena dea.”+
26 Ɛnna Yuda hwɛe, na ɔkae sɛ: “Ɔbea yi yɛ ɔtreneeni sen me, efisɛ mamfa no amma me ba Sela.”+ Na ɔne no anna bio.
27 Afei n’awo duu so no, na nta na ɛwɔ ne yam.
28 Ɔrewo no, mmofra no baako yii ne nsa puei, na nea ogye awo no de hama kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa, na ɔkae sɛ: “Oyi na odii kan bae.”
29 Nanso bere a ɔtwee ne nsa kɔɔ mu no, ɛhɔ ara na ne nua no fii adi; enti nea ɔregye awo no kae sɛ: “Hwɛ sɛ woapae apue!” Enti wɔtoo no din Peres.*+
30 Afei ne nua a wɔde hama kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa no dii akyi bae, na wɔtoo no din Sera.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Kyerɛ sɛ, Yuda.
^ Nt., “Asɔrefi tuutuuni.”
^ Ɛkyerɛ, “Pae,” ebetumi aba sɛ ɛkyerɛ awotwaa a ɔpaee no no.