Ɔde Kɔmaa Hebrifo 7:1-28
7 Saa Melkisedek yi, Salem hene, Ɔsorosoroni Nyankopɔn sɔfo no na okohyiaa Abraham hyiraa no bere a Abraham kokum ahemfo no a na ɔresan aba no.+
2 Na Abraham kyɛɛ biribiara mu du maa no baako. Nea edi kan no, ne din no kyerɛ, “Trenee Hene.” Afei nso, ɔyɛ Salem hene, a ɛkyerɛ, “Asomdwoe Hene.”
3 Onni papa nni maame, na onni abusua santen; ne nna nni mfiase na ne nkwa nni awiei. Mmom wɔayɛ no sɛ Onyankopɔn Ba no, enti ɔkɔ so di sɔfo afebɔɔ.+
4 Onipa yi a abusua ti* Abraham kyɛɛ asade* a eye paa no mu du maa no baako+ no, monhwɛ sɛnea ɔyɛ kɛse fa.
5 Nea ɛwom ne sɛ, sɛnea Mmara no kyerɛ no, mmarima a wofi Lewi mma mu+ a wonya asɔfodwuma no wɔ ahyɛde bi sɛ wogye ntotoso du du* fi ɔman no hɔ,+ kyerɛ sɛ, wogye fi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom sɛ ɔman no nso yɛ Abraham asefo.*
6 Nanso ɔbarima yi a omfi saa abusua no mu no gyee Abraham hɔ ntotoso du du,* na ohyiraa nea na wɔahyɛ no bɔ no.+
7 Akyinnye biara nni ho sɛ, nea ɔyɛ kɛse no, ɔno na ohyira nea ɔyɛ akumaa.
8 Asɛm baako no mu no, nnipa a wowu na wogye ntotoso du du,* nanso asɛm a ɛka ho no mu de, ɛyɛ obi a wodi ne ho adanse sɛ ɔte ase+ na ogye.
9 Na yebetumi aka sɛ, Lewi a ogye ntotoso du du* no mpo, ɔnam Abraham so tuaa ntotoso du du no bi.
10 Efisɛ na Lewi wɔ ne nanabarima asen mu* bere a Melkisedek kohyiaa Lewi nanabarima+ no.
11 Enti afei, sɛ Lewi asɔfodi no na ɛma nnipa wie pɛyɛ a+ (efisɛ na ɛyɛ biribi a ɛka Mmara a wɔde maa ɔman no ho), anka hia bɛn na ehia sɛ ɔsɔfo foforo a ɔte sɛ Melkisedek+ bɛba na mmom ɛnyɛ nea ɔte sɛ Aaron?
12 Esiane sɛ wɔresesa asɔfodi no nti, ehia sɛ wɔsesa Mmara no nso.+
13 Na ɔbarima a wɔaka nsɛm yi afa ne ho no, ofi abusuakuw foforo mu, abusuakuw a obiara mfii mu mmɛyɛɛ afɔremuka so adwuma da.+
14 Na emu da hɔ paa sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade fi,+ nanso Mose anka biribiara a ɛkyerɛ sɛ asɔfo befi saa abusuakuw no mu aba.
15 Na nea ɛma emu da hɔ kɛse koraa ne bere a ɔsɔfo foforo+ a ɔte sɛ Melkisedek+ bae no.
16 Ɔno de, ɛnyɛ abusuakuw a ofi mu na ɔnam so yɛ ɔsɔfo sɛnea mmara hwehwɛ no, na mmom ɔnam tumi a ɛma nkwa a entumi nsɛe so.+
17 Efisɛ wɔka de di ne ho adanse sɛ: “Woyɛ ɔsɔfo daa te sɛ Melkisedek.”+
18 Ɛno nti, esiane sɛ mmara a edi kan no yɛ mmerɛw na mfaso nni so+ nti, wɔde ato nkyɛn.
19 Efisɛ Mmara no amma biribiara anwie pɛyɛ,+ na mmom anidaso a ɛkyɛn ɛno+ a ɛbae no na ama biribiara awie pɛyɛ, na ɛno na yɛnam so bɛn Onyankopɔn.+
20 Afei nso, esiane sɛ wɔkaa ntam ansa na wɔreyɛ eyi nti
21 (efisɛ nea ɛwom ne sɛ, mmarima bi abɛyɛ asɔfo a wɔanka ntam wɔ wɔn ho, nanso oyi de, wɔkaa ntam faa ne ho ansa na ɔrebɛyɛ ɔsɔfo, na Onii a ɔkaa ntam no kae sɛ: “Yehowa* aka ntam, na ɔrensesa n’adwene.* Waka sɛ, ‘Woyɛ ɔsɔfo daa’”),+
22 Yesu abɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ apam a ɛkyɛn apam baako no bɛba mu.*+
23 Bio nso, na ɛsɛ sɛ nnipa pii bɛyɛ asɔfo+ efisɛ owu amma asɔfo no antoa so anni sɔfo daa.
24 Nanso ɔno de, esiane sɛ ɔte ase daa+ nti, ɔyɛ ɔsɔfo daa; obiara nni n’ade.
25 Ne saa nti, otumi nso gye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ ɔbɛsrɛ ama wɔn.+
26 Na eye sɛ yebenya ɔsɔfo panyin a ɔte saa a odi nokware, bɔne nni ne mu, efĩ nni ne ho,+ wɔatew no afi abɔnefo ho, na wɔama no so asen ɔsoro.*+
27 Enhia sɛ da biara odi kan bɔ afɔre+ ma n’ankasa bɔne, na owie a wabɔ bi nso ama ɔman no+ sɛnea saa asɔfo mpanyin no yɛe no, efisɛ ɔno de, ɔbɔɔ no prɛko bere a ɔde ne ho mae+ no.
28 Na Mmara no yii nnipa a wɔwɔ mmerɛwyɛ sɛ asɔfo mpanyin,+ nanso asɛm a wɔde kaa ntam+ wɔ Mmara no akyi no de, eyii ɔba a wɔama wawie pɛyɛ+ afebɔɔ.
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “tete agya; agya panyin.”
^ Anaa “nneɛma a onyae wɔ ɔko mu.”
^ Anaa “taet.”
^ Nt., “wɔn a wofi Abraham asen mu.”
^ Anaa “taet.”
^ Anaa “taet.”
^ Anaa “taet.”
^ Anaa “Efisɛ na Lewi yɛ ne nanabarima aseni a wonnya nwoo no.”
^ Anaa “ɔrennu ne ho.”
^ Anaa “Yesu abɛyɛ nea wɔde no adi agyinam ama apam a ɛkyɛn apam baako no.”
^ Ɛbɛyɛ sɛ nnipa tumidi anaa nnipa aban ho asɛm na ɛreka.