Yesaia 27:1-13

  • Yehowa kum Lewiatan (1)

  • Wɔde Israel toto bobefuw ho wɔ dwom mu (2-13)

27  Saa da no, Yehowa de ne sekan kɛse denneennen a edi awu no+Bɛba Lewiatan* so, ɔwɔ a ne ho yɛ hare no.Ɔde bɛba Lewiatan so, ɔwɔ a okyinkyim ne ho no,Na obekum aboa kɛse a ɔwɔ po mu no.  2  Ɛda no, monto dwom mma no* sɛ: “Bobefuw* a emu nsã* puw ahuru!+  3  Me, Yehowa, me na mehwɛ no.+ Migugu no so nsu bere nyinaa.+ Mehwɛ no awia ne anadwo,Na obi anyɛ no bɔne.+  4  Abufuw biara nni me mu.+ Hena na ɔde nsɔe ne nwura bɛba m’anim wɔ ɔko mu? Metiatia so na mede ogya ato ne nyinaa mu.  5  Gye sɛ oso m’abannennen mu denneennen. Ma ɔne me mmɛka asomdwoesɛm;Asomdwoesɛm na ɔne me mmɛka.”  6  Nna bi bɛba a Yakob begye ntini,Israel bɛfefɛw agu nhwiren,+Na wɔde nnɔbae bɛhyɛ asaase no so ma.+  7  Ɛsɛ sɛ wɔhwe no sɛnea ne hwefo hwee no no anaa? Ɛsɛ sɛ wokum no sɛnea wokum ne nkurɔfo no anaa?  8  Sɛ worepam no akɔ a, wobɛteɛm ne no adi asi. Obehuw mframa dennen apia no akɔ, ɛda a apuei mframa bɛbɔ no.+  9  Enti saa kwan yi na wɔnam so bɛpata Yakob bɔne,+Na sɛ woyi ne bɔne kɔ a, aba a ebefi mu aba nyinaa ni: Ɔbɛma afɔremuka abo no nyinaaAyɛ sɛ akado a wɔayam,Na wɔrennyaw abosonnua* anaa ade biara a wɔde hyew aduhuam.+ 10  Efisɛ kurow dennen no bɛda mpan;Wɔbɛma mmoa adidibea ada hɔ kwa, na wɔagyaw ato hɔ sɛ sare.+ Ɛhɔ na nantwi ba bedidi na wabutuwAwe ne mmãã.+ 11  Sɛ ne nnubaa no wo a,Mmea bɛba abebubuAkɔsɔ gya. Efisɛ ɔman yi nni ntease.+ Ɛno nti wɔn Yɛfo no yam renhyehye no mma wɔn,Na wɔn Nwemfo no renhu wɔn mmɔbɔ.+ 12  Saa da no, Yehowa bɛporow aba no afi Asubɔnten no* ano akosi Egypt Subon+ ano. Na mo Israelfo nso, wɔbɛtase mo mmaako mmaako.+ 13  Ɛda no, wɔbɛbɔ abɛn kɛse bi,+ na wɔn a wɔayera wɔ Asiria asaase so+ ne wɔn a wɔabɔ wɔn apansam Egypt asaase so+ no bɛba abɛkotow Yehowa wɔ bepɔw kronkron no so wɔ Yerusalem.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Israel ho. Ɛha yi wɔka ne ho asɛm sɛ ɔbea bi a wɔde no toto bobefuw ho.
Anaa “Bobeturo.”
Anaa “bobesa.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, Eufrate.