Yesaia 28:1-29

  • Efraim asabofo nnue! (1-6)

  • Yuda asɔfo ne adiyifo de wɔn ti pempem (7-13)

  • “Yɛne Owu ayɛ apam” (14-22)

    • Sion ntwea so bo a ne bo yɛ den (16)

    • Yehowa anwonwadwuma (21)

  • Mfatoho a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nteɛso yɛ papa (23-29)

28  Due! Efraim asabofo ahenkyɛw* kɛse,*+N’anuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren bi a ɛretwintwamA wɔde abɔ kurow a ɛda asaase pa subon no atifi, baabi a wɔn a nsã* de wɔn ayɛ nkoa no te no!  2  Hwɛ! Yehowa wɔ ɔhoɔdenfo bi a ɔyɛ ɔkatakyi. Na ɔbɛtow ato fam ahoɔden soTe sɛ asukɔtweaa a ɛretɔ a aprannaa nam mu, te sɛ mframa gyampantrudu a ɛsɛe ade,Te sɛ nsu a ɛretɔ denneennen a aprannaa nam mu a ayiri rebu fa so.  3  Efraim asabofo ahenkyɛw akɛse* no,Wobetiatia so.+  4  Na n’anuonyam fɛfɛɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwamA wɔde abɔ kurow a ɛda asaase pa subon no atifi no,Ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a edi kan ba ansa na ahohuru bere adu no. Sɛ obi hu a, ɔtew, na ntɛm ara na wamene. 5  Saa da no, asafo Yehowa bɛyɛ sɛ anuonyam ahenkyɛw ne nhwiren abotiri fɛfɛɛfɛ ama ne manfo a wɔaka no.+ 6  Na ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom ama nea ɔtena ase bu atɛn, na wama wɔn a wɔbɔ kurow pon ho ban fi atamfo nsam no ahoɔden.+  7  Eyinom nso, nsã* ama wɔafom kwan;Wɔn nsã a ɛbow ama wɔde wɔn ti pempem. Ɔsɔfo ne odiyifo nso, nsã a ɛbow ama wɔafom kwan;Nsã* ama wɔn adwene atu afra.Wɔn nsã a ɛbow ama wɔde wɔn ti pempem;Wɔn anisoadehu ma wɔfom kwan,Na wohinhim wɔ atemmu mu.+  8  Na ɛfe pɔtɔɔ ayɛ wɔn apon so ma;Baabiara nni hɔ a ebi nni.  9  Hena na obi bɛkyerɛ no nimdeɛ,Na hena na obi bɛma wate asɛm no ase? Wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe anaa?Anaasɛ wɔn a afei ara na wɔatew wɔn afi nufu ano? 10  Na ɛyɛ “mmara-mmara, mmara-mmara,Susuhama-susuhama, susuhama-susuhama,+Ɛha kakra, ɛhɔ kakra.” 11  Enti ɔnam wɔn a wɔpo dodow* ne ahɔho kasa so na ɛbɛkasa akyerɛ ɔman yi.+ 12  Bere bi ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahomegyebea ni. Momma nea wabrɛ nhome; ahotɔbea ni,” nanso wɔantie.+ 13  Enti wobebu Yehowa asɛm sɛ: “Mmara-mmara, mmara-mmara;Susuhama-susuhama, susuhama-susuhama;+Ɛha kakra, ɛhɔ kakra,” Sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔrenantew a,Wobehintiw na wɔabu ahwe wɔn akyi,Na wɔabubu wɔn na wɔatɔ afiri mu ama ayi wɔn.+ 14  Ɛno nti, muntie Yehowa asɛm, mo a mohoahoa mo ho,Mo a mudi ɔman yi so wɔ Yerusalem, 15  Na moaka sɛ: “Yɛne Owu ayɛ apam,+Na yɛne Ɔdamoa* ayɛ nhyehyɛe.* Sɛ nsu a ayiri na ɛrebu fa so no retwam a,Ɛremma yɛn so,Efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea,Na yɛde nkontompo ayɛ yɛn hintabea.”+ 16  Enti nea Awurade Tumfo, asafo Yehowa, aka ni: “Mede ɔbo a wɔasɔ ahwɛ+ reto fapem wɔ Sion,Ntwea so bo a ne bo yɛ den+ a wɔde ato fapem denneennen.+ Na obiara a onya mu gyidi no remmɔ hu.+ 17  Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama+Na mede trenee ayɛ prumo.*+ Asukɔtweaa bɛpra atoro guankɔbea no akɔ,Na nsu ayiri afa hintabea no. 18  Apam a mo ne Owu yɛe no begu,Na nhyehyɛe a mo ne Ɔdamoa* yɛe no rennyina.+ Sɛ nsu a ayiri na ɛrebu fa so no retwam a,Ebetwiw afa mo so. 19  Bere biara a ebetwam no,Ɛbɛfa mo akɔ;+Efisɛ ebetwam anɔpa biara;Awia ne anadwo nso, ebetwam. Ehu nko ara na ɛbɛma wɔate nea wɔtee no ase.”* 20  Mpa no yɛ tiaa, enti obi ntumi nteɛ ne nan mu wɔ so,Na ntama* no sua, enti entumi nkata ne ho nyinaa. 21  Na Yehowa bɛsɔre agyina sɛnea ɔyɛe wɔ Perasim Bepɔw so no;Ɔbɛwosow ne ho sɛnea ɔyɛe wɔ Gibeon bon mu* no,+Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ n’ade, n’anwonwade no,Na wadi ne dwuma, n’anwonwadwuma no.+ 22  Enti munnni fɛw,+Na wɔansan ammia mo hama no mu,Efisɛ mate afi Awurade Tumfo, asafo Yehowa hɔ sɛ,Wasi gyinae sɛ ɔbɛsɛe asaase no nyinaa pasaa.+ 23  Monyɛ aso na muntie me;Monyɛ komm na muntie nea mɛka. 24  Okuafo funtum asaase da mu nyinaa ansa na wagu aba anaa? Ofuntum asaase siesie so daa anaa?+ 25  Sɛ osiesie asaase no ani wie a,Ɔpete pɛprɛ wɔ so na odua nketenkete* wɔ so, ɛnte saa?Odua hwiit ne awi* ne baali* wɔ baabi a wɔatwa ato hɔ, ɛnte saa?Na odua kɔkɔte*+ wɔ ne hye so, ɛnte saa? 26  Ɔkyerɛ no ɔkwampa;*Ne Nyankopɔn kyerɛkyerɛ no.+ 27  Ɛnyɛ awiporow ade+ na wɔde porow pɛprɛ,Na ɛnyɛ teaseɛnam nan na wɔde fa nketenkete* so. Mmom abaa na wɔde boro pɛprɛ,Na poma na wɔde boro nketenkete. 28  Sɛ obi reboro hwiit* a ɔde bɛyɛ paanoo a, ɔboro ma ɛyɛ muhumuhu anaa? Daabi, ɔmmoro no afebɔɔ;+Na sɛ ɔde ne teaseɛnam a n’apɔnkɔ twe fa so a,Ɔmmoro mma ɛnyɛ muhumuhu.+ 29  Eyi nso fi asafo Yehowa hɔ,Nea n’agyinatu* yɛ nwonwa,Na ne nnwuma yɛ akɛse no.*+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bobesa.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛfa Efraim ahenkurow Samaria ho.
Anaa “ahantan abotiri; dwae abotiri.”
Anaa “ahantan abotiri; dwae abotiri.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “Bobesa.”
Nt., “ano a ɛpo dodow.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi nso akyerɛ, “anya anisoadehu baako.”
Ɛyɛ hama bi a dade hyɛ ano a wɔde susuw ɔdan hwɛ sɛ ɔdan no teɛ anaa.
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ wɔte ase a, ɛbɛma wɔn ho apopo.”
Kyerɛ sɛ, ntama a wɔanwene.
Anaa “asaasetraa so.”
Ɛyɛ biribi a yɛde yɛ aduan ma ɛyɛ huam.
Ɛte sɛ hwiit, na na wɔtaa dua wɔ tete Egypt.
Ɛyɛ afifide bi a ɛte sɛ ɛmo.
Ebinom nso frɛ no “atoko.”
Anaa “Ɔteɛ no so ɔkwampa so; Ɔtwe n’aso ɔkwampa so.”
Ɛyɛ biribi a yɛde yɛ aduan ma ɛyɛ huam.
Ebetumi aba sɛ ɛyɛ baali.
Anaa “n’atirimpɔw.”
Anaa “Na ne nyansa nni ano no.”