Yesaia 63:1-19
63 Hena na ofi Edom+ reba yi,Nea ɔhyɛ ataade a ɛhyerɛn* fi Bosra+ reba,Nea n’ataade yɛ fɛ,
Na ɔde tumi mmoroso reyi akyẽa yi?“Ɛyɛ me, Nea ɔkasa trenee mu,
Nea ɔwɔ tumi kɛse a ɔde gye nkwa no.”
2 Adɛn nti na w’ataade ayɛ kɔɔ,Na adɛn nti na w’ataade te sɛ obi a otiatia amoa a wokyĩ nsã wom mu yi?+
3 “Me nko ara na mitiatiaa amoa a wokyĩ nsã wom no mu.
Ná ɔmanfo no mu biara nka me ho.
M’abufuw mu na mitiatiaa wɔn so,Na m’anibere mu na mitiatiaa wɔn so.*+
Wɔn mogya bɔ petee me ntaade muMaa me ntaade nyinaa mu sɛee.
4 Ɛda a mede betua bɔne so ka no,+ masi ho gyinae wɔ me komam,Na afe a mede begye me nkurɔfo no adu.
5 Mehwɛe, nanso na ɔboafo biara nni hɔ;Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obiara ammɛboa.
Enti me basa na egyee me nkwa,*+Na m’ankasa m’abufuw na ɛboaa me.
6 Mitiatiaa amanaman so m’abufuw mu,Mema wɔnom m’abufuw bowee,+Na mihwiee wɔn mogya guu fam.”
7 Mɛka Yehowa dɔ a enni huammɔ akyerɛ,Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyi no.Mɛka akyerɛ, esiane nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fi,Sɛnea ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a enni huammɔ te no.
8 Na ɔkae sɛ: “Wɔyɛ me man ampa, mma a wɔrenni huammɔ.”*+
Enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.+
9 Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.+
Na ɔno ara ne bɔfo* gyee wɔn.+
Ne dɔ ne n’ahummɔbɔ nti, ogyee wɔn,+Na ɔmaa wɔn so turuu wɔn tete mmere no nyinaa.+
10 Nanso wɔtew atua+ na wɔmaa ne honhom kronkron no werɛ howee.+
Enti ɔdan bɛyɛɛ wɔn tamfo,+Na ɔko tiaa wɔn.+
11 Na wɔkaee tete mmere no,N’akoa Mose bere so:
“Nea oyii wɔn ne ne nguan so ahwɛfo+ fii po mu no wɔ he?+
Na nea ɔde Ne honhom kronkron hyɛɛ ne mu no wɔ he?+
12 Nea ɔmaa Ne basa a ɛwɔ anuonyam no dii Mose nsa nifa so kɔe,+Na ɔpaee nsu no mu wɔ wɔn anim+De gyee din+ a ɛwɔ hɔ daa no wɔ he?
13 Nea ɔma wɔnantew nsu a ɛrebu fa so* muSɛnea ɔpɔnkɔ nantew sare so,Na wɔanhintiw no, ɔwɔ he?
14 Sɛnea mmoa sian kɔ asaasetraa so kɔhome no,Saa ara na Yehowa honhom ma wɔhomee.”+
Saa na wudii wo man animDe gyee din a anuonyam wom maa wo ho.+
15 Fi soro hwɛ,Fi wo tenabea kronkron a ɛwɔ anuonyam* hɔ na hwɛ.
W’ahokeka ne w’ahoɔden kɛse,W’ayamhyehye+ ne wo mmɔborɔhunu+ no wɔ he?
Woatwe afi me ho.
16 Wone yɛn Agya;+Ebia Abraham nnim yɛnNa ebia Israel renkae yɛn,Nanso wo, Yehowa, wone yɛn Agya.
Wo din ne yɛn Gyefo+ fi tete.
17 O Yehowa, adɛn nti na woma yɛman fi w’akwan so?
Adɛn nti na woma yɛn koma pirim na yensuro wo yi?+
Wo nkoa nti san bra,Mmusua a wɔyɛ w’agyapade nti.+
18 Ebedii wo man kronkron no nsam bere tiaa bi.
Yɛn atamfo atiatia wo tenabea kronkron so.+
19 Bere tenten ni, yɛayɛ sɛ nnipa a wunnii yɛn so da,Te sɛ wɔn a wɔmfaa wo din mfrɛɛ wɔn da.

