Yesaia 18:1-7
-
Etiopia ho atemmusɛm (1-7)
18 Due! Asaase a wɔte ntuboa ntaban nnyigyei wɔ so,Asaase a ɛwɔ Etiopia nsubɔnten ho.+
2 Ɛsoma nkurɔfo* fa po so,Ɛma wɔde ahyɛn a wɔde mmɛw* ayɛ fa nsu so, na ɛka sɛ:
“Monkɔ, asomafo* a mo ho yɛ hare,Monkɔ ɔman a emufo yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,Monkɔ nnipa a wosuro wɔn wɔ baabiara no nkyɛn,+Monkɔ ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim* no nkyɛn,Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.”
3 Mo a mote wiase ne mo a mote asaase so nyinaa,Nea mubehu no bɛyɛ te sɛ ahyɛnsode* a wɔde asi mmepɔw so,Na mobɛte nne bi te sɛ nea wɔrebɔ abɛn.
4 Nea Yehowa aka akyerɛ me ni:
“Mɛyɛ komm na mahwɛ m’atenae,*Te sɛ awia ketee ne emu ahohuru,Te sɛ obosu mununkum wɔ twabere mu ahohuru mu.
5 Ansa na twabere bedu no,Sɛ nhwiren gu wie na bobe no gyigye a,Wɔde kantankrankyi* betwitwa nea afefɛw wɔ ho no,Na wɔatwitwa ɛho nhama atow agu.
6 Wobegyaw wɔn afunu nyinaa ama mpeteNe asaase so mmoa.
Mpete bɛtena wɔn nam ho ahohuru bere,Na asaase so mmoa nyinaa atena ho twabere.
7 Saa bere no, wɔde akyɛde bɛbrɛ asafo Yehowa.Wɔde befi ɔman a emufo yɛ atenten na wɔn ho yɛ tromtrom no nkyɛn,Nnipa a wosuro wɔn wɔ baabiara no,Ɔman a wɔn ho yɛ den na wɔredi nkonim no,*Ɔman a nsubɔnten ahohoro wɔn asaase no.Na wɔde bɛba baabi a asafo Yehowa din wɔ, Sion Bepɔw so.”+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “abɔfo.”
^ Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
^ Anaa “abɔfo.”
^ Anaa “ɔman twintwann a otiatia aman so.”
^ Anaa “frankaa.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “Mɛyɛ komm na mafi m’atenae ahwɛ.”
^ Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ dade bi a ɛyɛ nnam a ɛhyɛ dua ano. Ɛte sɛ kookoo sosɔw.
^ Anaa “Ɔman twintwann a otiatia aman so.”