Yesaia 1:1-31
1 Yuda ne Yerusalem ho anisoadehu a Amus ba Yesaia*+ nyae wɔ Yuda ahemfo+ Usia,+ Yotam,+ Ahas,+ ne Hesekia+ bere so no ni:
2 Ɔsoro tie, asaase yɛ aso,+Na Yehowa aka sɛ:
“Matete* mma ama wɔanyinyin,+Nanso wɔatew me so atua.+
3 Nantwi nim ne wura,*Na afurum nim ne wura adididaka;Nanso Israel nnim me,*+M’ankasa me man nni ntease.”
4 Nnebɔneyɛfo man, due,+Ɔman a bɔne adonnɔn no,Abɔnefo asefo, mma a wɔaporɔw!*
Wɔagyaw Yehowa;+Wɔabu Israel Kronkronni no animtiaa;Wɔadan wɔn akyi akyerɛ no.
5 Moda so ara retew atua? Seesei mo hefa bio na wɔmmɔ?+
Eti no nyinaa yare,Na koma mu no nyinaa yare.+
6 Efi ti kosi nan ase, baabiara nni hɔ a ɛte apɔw.*
Baabiara adan apirakuru, asoasoa na abeabea—Wommiae,* na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nsraa so.+
7 Mo asaase adan amamfo.
Wɔde ogya ahyew mo nkurow.
Ahɔho redi mo asaase so aba wɔ mo anim pɛɛ.+
Ɛte sɛ asaase a ahɔho abutuw no ama asɛe.+
8 Aka Sion babea wɔ hɔ, te sɛ apata* a esi bobefuw* mu,Te sɛ apata a ɛwɔ ɛfere afuw mu,Te sɛ kurow a atamfo aka emufo ahyɛ mu.+
9 Sɛ asafo Yehowa annyaw nkaefo kakra amma yɛn a,Anka yɛayɛ sɛ Sodom,Na yɛadan sɛ Gomora.+
10 Sodom+ atumfo atirimɔdenfo,* muntie Yehowa asɛm.
Gomorafo,+ monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara.*
11 Yehowa asɛm ni: “Mfaso bɛn na minya fi mo afɔre bebrebe no so?+
Adwennini hyew afɔre+ ne mmoa a wɔte apɔw srade+ afono me,Na anantwi+ ne nguan mma ne mpɔnkye+ mogya+ nso, m’ani nsɔ.
12 Sɛ moba m’anim a,+Hena na ɔhwehwɛ eyi fi mo hɔ,Sɛ mummetiatia m’adiwo?+
13 Mommfa aduan afɔre hunu mmma m’anim bio.
Mikyi mo aduhuam kɔkɔkɔkɔ.+
Mudi asram foforo+ ne home nna,+ na mobɔ gua;+Asumansɛm* a mode fra nhyiam titiriw no, minni ho koma.+
14 Mikyi* mo asram foforo ne mo afahyɛ ahorow no.
Ayɛ adesoa ama me;Mabrɛ ne ne soa.
15 Na sɛ motrɛw mo nsam a,Miyi m’ani hintaw mo.+
Ɛwom sɛ mobɔ mpae bebree de,+Nanso mintie;+Mogya ayɛ mo nsam ma.+
16 Monhohoro mo ho,* montew mo ho;+Munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’anim;Munnyae bɔne yɛ.+
17 Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee,+Monteɛ osisifo so,Munni agyanka asɛm mma no,Na monka bi mma okunafo.”+
18 Yehowa asɛm ni: “Afei mommra, na momma yɛntoto nneɛma yiye.+
Ɛwom, mo bɔne te sɛ koogyan,Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;+Ɛwom, ayɛ kɔɔ te sɛ kɔben,Nanso ɛbɛyɛ fitaa sɛ oguan nwi.
19 Sɛ mopɛ na mubetie a,Mubedi asaase no so nneɛma pa.+
20 Na sɛ moantie na motew atua a,Sekan bedi mo nam;+Yehowa na waka.”
21 Hwɛ sɛnea kurow nokwafo+ no adan tuutuuni!+
Ná atɛntrenee ayɛ no ma;+Ná trenee te ne mu,+Nanso afei de, awudifo nko ara na ɛte ne mu.+
22 Wo dwetɛ adan fĩ,+Na wo nsã* nso, wɔde nsu afra mu.
23 W’atumfo aso yɛ den na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+
Wɔn mu biara ani gye adanmude* ho, na wodi akyɛde akyi.+
Wommu atɛntrenee mma nnyanka,Na akunafo asɛm nnu wɔn anim da.+
24 Enti nokware Awurade asafo Yehowa,Israel Tumfo no asɛm ni:
“Hwɛ! Meyi m’atamfo afi me ho,Na metua wɔn a wɔtan me no ka.+
25 Mɛdan me nsa aba wo so,Na mɛnan wo ayi wo mu fĩ te sɛ nea mede samina* reyi fĩ,Na meyi wo mu fĩ nyinaa.+
26 Mɛsan de w’atemmufo ama wo te sɛ mfiase no,Na mɛsan de w’afotufo ama wo sɛ mfiase no.+
Ɛno akyi wɔbɛfrɛ wo Trenee Kuropɔn, Nokware Kurow.+
27 Wɔde atɛntrenee begye Sion,+Na wɔde trenee agye ne mma a wɔbɛsan aba no.
28 Wɔbɛsɛe atuatewfo ne abɔnefo nyinaa abom,+Na wɔn a wogyaw Yehowa no, wobeyi wɔn afi hɔ.+
29 Wɔn ani bewu nnua akɛse a mo ani gyee ho no ho,+Na nturo* a mopawee no nti, mo anim begu ase.+
30 Na mobɛyɛ sɛ dupɔn a n’ahaban apo,+Na moadan sɛ turo a ennya nsu.
31 Ɔbarima katakyi bɛyɛ sɛ asaawa,*Na n’adwuma ayɛ sɛ ogya a ɛretutu;*Abien no nyinaa bɛkɔ ogya mu,Na obiara nni hɔ a obedum no.”
Ase Hɔ Nsɛm
^ Ɛkyerɛ, “Yehowa Nkwagye.”
^ Anaa “Mayɛn.”
^ Anaa “nea ɔtɔɔ no.”
^ Anaa “ne wura.”
^ Anaa “wɔasɛe!”
^ Anaa “asɛm nni ho.’
^ Anaa “Wɔntotõe.”
^ Anaa “ɔsese.”
^ Anaa “bobeturo.”
^ Anaa “sodifo.”
^ Anaa “akwankyerɛ.”
^ Anaa “Nkonyaa.”
^ Anaa “Me kra kyi.”
^ Anaa “Munguare.”
^ Anaa “hwiit nsã.”
^ Anaa “braeb.”
^ Anaa “gyakisi.”
^ Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nnua ne nturo a wɔde som abosom.
^ Anaa “hama.”
^ Anaa “ogya a ɛreturuturuw.”