Yesaia 21:1-17

  • Ɛpo sare ho atemmusɛm (1-10)

    • Migyina ɔwɛn aban so rewɛn (8)

    • “Babilon ahwe ase!” (9)

  • Duma ne asaase pradadaa ho atemmusɛm (11-17)

    • “Ɔwɛmfo, da bɛn na ade bɛkye?” (11)

21  Ɛpo sare* ho atemmusɛm ni:+ Ɛreba te sɛ ahum a etu wɔ anaafo;Efi sare so, efi asaase a ɛso yɛ hu so.+  2  Wɔayi anisoadehu bi a ɛyɛ hu akyerɛ me: Okontomponi redi nkontomposɛm,Na ɔsɛefo resɛe ade. O Elam, foro kɔ! O Media,+ kotwa ho hyia! Mɛma apinisi a ɔde aba nyinaa to atwa.+  3  Eyi nti me ho tutu me paa.*+ Mete yawTe sɛ ɔbea a ɔrewo. Me ho yeraw me, enti mente asɛm;M’adwene atu afra, enti minhu hwee.  4  Me koma bɔ paripari; ehu ama mebɔ birimbirim. Anwummere hann a m’ani gye ho no adan me ahopopo.  5  Momfa apon nsisi hɔ na monhyehyɛ nkongua! Munnidi na monnom!+ Adehye, monsɔre, monsra* ɔkyɛm no!  6  Na nea Yehowa ka kyerɛɛ me ni: “Kɔ, fa ɔwɛmfo kogyina baabi ma ɔnwɛn na ɔnka nea obehu.”  7  Na ohuu ɔko teaseɛnam a apɔnkɔ abien retwe,Ɔko teaseɛnam a mfurum retwe,Ɔko teaseɛnam a yoma retwe. Ogyen n’ani, na ɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so no dinn.  8  Na ɔteɛɛm te sɛ gyata sɛ: “O Yehowa, migyina ɔwɛn aban* so awia biara,Na baabi a migyina wɛn no, migyina hɔ anadwo biara.+  9  Hwɛ nea ɛreba: Nnipa a wɔtete ɔko teaseɛnam mu a apɔnkɔ abien retwe!”+ Ɛnna ɔteɛɛm kae sɛ: “Wahwe ase! Babilon ahwe ase!+ Wabubu n’anyame ahoni nyinaa agu fam!”+ 10  O me nkurɔfo a wɔaporow wɔn sɛ hwiit,Nea minya fii m’awiporowbea,*+Nea mate afi asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn, nkyɛn no, maka akyerɛ mo. 11  Duma* ho atemmusɛm ni: Obi fi Seir+ reteɛm bisa me sɛ: “Ɔwɛmfo, da bɛn na ade bɛkye? Ɔwɛmfo, da bɛn na ade bɛkye?” 12  Ɔwɛmfo no buae sɛ: “Ade rebɛkye, na ade nso bɛsa. Sɛ mubebisa a, mummisa. Monsan mmra!” 13  Asaase pradadaa ho atemmusɛm ni: Mobɛda asaase pradadaa so kwae mu anadwo,O Dedan+ akwantufo.* 14  Momfa nsu mmehyia nea osukɔm de no,Tema+ asaase sofo,Na momfa aduan mmrɛ nea ɔreguan. 15  Efisɛ wɔaguan afi sekan anim, sekan a wɔatwe anim,Wɔaguan afi agyan a wɔakuntun mu ne ɔko dennen anim. 16  Na nea Yehowa aka akyerɛ me ni: “Akyɛ koraa ne afe, te sɛ ɔpaani mfe,* Kedar+ anuonyam nyinaa bɛsa. 17  Na Kedar akatakyi mu agyantofo kakraa bi na wɔbɛka, efisɛ Israel Nyankopɔn Yehowa na waka.”

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ tete Babilonia mpɔtam.
Nt., “me dwonku mu tutu me.”
Anaa “momfa ngo nsra.”
Anaa “aban a wogyina so wɛn.”
Nt., “m’awiporowbea ba.”
Ɛkyerɛ, “Kommyɛ.”
Anaa “akwantufo ne wɔn mmoa.”
Anaa “wɔbɛkan no pɛpɛɛpɛ te sɛ nea ɔpaani yɛ no”; kyerɛ sɛ, afe baako pɛpɛɛpɛ.