Yesaia 6:1-13

  • Yehowa ho anisoadehu; ɔwɔ n’asɔrefi (1-4)

    • ‘Kronkron, kronkron, kronkron ne Yehowa’ (3)

  • Wɔtew Yesaia ano ho (5-7)

  • Wɔsoma Yesaia (8-10)

    • “Mini! Soma me!” (8)

  • “O Yehowa, enkosi da bɛn?” (11-13)

6  Afe a Ɔhene Usia wui+ no, mihuu Yehowa sɛ ɔte ahengua kokuroo a wɔama so bi so,+ na na n’ataade ano ayɛ asɔrefi hɔ ma. 2  Ná serafim gyinagyina ne nkyɛn; obiara wɔ ntaban asia. Obiara de abien kata n’anim na ɔde abien kata ne nan ho, na wɔn mu biara de abien nso tu.  3  Ɔbaako ka kyerɛ ɔbaako sɛ: “Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo Yehowa.+ N’anuonyam ahyɛ asaase nyinaa so ma.” 4  Na nteɛm no gyigyei* maa apongua no wosowee, na wusiw hyɛɛ ofie hɔ ma.+  5  Ɛnna mekae sɛ: “Minnue! Mawu awie,Efisɛ meyɛ onipa a m’ano ho ntew,Na mete nkurɔfo a wɔn ano ho ntew+ mu,Ɛnna mede m’ani ahu Ɔhene no, asafo Yehowa ankasa!” 6  Na serafim baako tu baa me nkyɛn, na na okura ogyasramma+ a ɔde ade a wɔde fa ogya akoyi afi afɔremuka no so+ wɔ ne nsam. 7  Ɔde kaa m’ano, na ɔkae sɛ: “Hwɛ! Ade yi aka w’ano, Wɔayi wo mfomso* afi hɔ,Na wɔapata ama wo bɔne.” 8  Afei metee Yehowa nne sɛ ɛrebisa sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?”+ Na migyee so sɛ: “Mini! Soma me!”+  9  Na ɔkae sɛ, “Kɔ, na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ: ‘Mobɛte ate ate,Nanso morente ase;Mubehu ahu ahu,Nanso morennya nimdeɛ biara.’+ 10  Ma ɔman yi koma mpirim,+Ma wɔn aso nyɛ den,+Na ka wɔn ani fomfam so,Na wɔamfa wɔn ani anhu ade,Na wɔamfa wɔn aso ante asɛm,Na wɔn koma ante ase,Na wɔansakra annya ayaresa.”+ 11  Ɛnna mibisae sɛ: “O Yehowa, enkosi da bɛn?” Na obuae sɛ: “Enkosi sɛ nkurow yi bɛsɛe adan amamfo a obi nte mu,Na afi ada mpan a nnipa nni mu,Na asaase no asɛe na ayɛ amamfo;+ 12  Enkosi sɛ Yehowa beyi nnipa akɔ akyirikyiri,+Na asaase no adan amamfo koraa. 13  “Nanso ɛbɛka du mu nkyem baako wɔ hɔ, na wɔbɛsan ahyew ɛno nso, te sɛ odupɔn ne odum a wɔatwa ama aka ne dunsin; aseni* kronkron no bɛyɛ dunsin no.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “nea ɔfrɛe no nne.”
Anaa “afodi.”
Anaa “aba.”