Yesaia 65:1-25

  • Yehowa atemmu a etia abosonsomfo (1-16)

    • Onyame a ɔma nkurɔfo ti yɛ yiye ne Nkrabea nyame (11)

    • “Me nkoa bedidi” (13)

  • Ɔsoro foforo ne asaase foforo (17-25)

    • Wobesisi adan; wɔbɛyeyɛ bobe mfuw (21)

    • Obiara renyɛ adwuma mmrɛ ngu kwa (23)

65  “Wɔn a wɔammisa m’ase no, mama wɔahwehwɛ me;Wɔn a wɔanhwehwɛ me no, mama wɔahu me.+ Ɔman a wɔammɔ me din no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Mini, mini!’+  2  Matrɛw me nsam da mu nyinaa ama ɔman asoɔdenfo,+Wɔn a wɔnam ɔkwammɔne so+A wodi wɔn ankasa adwene akyi;+  3  Ɔman a wogyina m’anim daa hyɛ me abufuw,+Na wɔbɔ afɔre wɔ nturo mu,+ na wɔhyew afɔrebɔde wɔ birikisi so.  4  Wɔtete amusiei,+Na wɔda baabi a ahintaw* ma ade kye;Wɔwe prakonam,+Na akyiwade nkwan* wɔ wɔn nkuku mu.+  5  Wɔka sɛ, ‘Gyina nkyɛn; mmɛn me,Efisɛ meyɛ kronkron sen wo.’* Eyinom yɛ wusiw wɔ me hwenem, ogya a ɛdɛw daa.  6  Hwɛ! Wɔakyerɛw wɔ m’anim;Merentena hɔ komm,Na mmom metua wɔn ka,+Mede wɔn akatua nyinaa bɛma wɔn.*  7  Metua wɔn bɔne ne wɔn agyanom bɔne so ka,”+ Yehowa na waka. “Esiane sɛ wɔhyew afɔrebɔde wɔ mmepɔw so,Na woguu me ho fĩ wɔ nkoko so+ nti,Medi kan asusuw wɔn akatua nyinaa ama wɔn.”*  8  Asɛm a Yehowa aka ni: “Sɛnea wonya bobesa foforo fi bobe* mu a,Obi ka sɛ, ‘Nsɛe no, efisɛ adepa* bi wom’ no, Saa ara na me nkoa nti mɛyɛ;Merensɛe wɔn nyinaa.+  9  Mede aseni* bi befi Yakob mu aba,Na Yuda mu na meyi nea me mmepɔw bɛyɛ ne dea;+Wɔn a mayi wɔn no bɛfa,Na me nkoa atena hɔ.+ 10  Saron+ bɛyɛ nguan adidibeaNa Akor Bon*+ ayɛ anantwi ahomegyebeaAma me nkurɔfo a wɔhwehwɛ me no. 11  Nanso moka wɔn a wɔagyaw Yehowa hɔ no ho,+Wɔn a wɔn werɛ afi me bepɔw kronkron no,+Wɔn a wɔtow pon ma onyame a ɔma nkurɔfo ti yɛ yiyeNe wɔn a wɔhyɛ nsã* a wɔafrafra wɔ kuruwa mu ma Nkrabea nyame. 12  Enti mede mo bɛma sekan,+ Na mo nyinaa bɛkotow ama wɔakum mo,+Efisɛ mefrɛe, nanso moannye so,Mekasae, nanso moantie;+Mokɔɔ so yɛɛ bɔne wɔ m’ani so,Na mopaw nea m’ani nnye ho.”+ 13  Eyi nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Hwɛ! Me nkoa bedidi, na mo de, ɔkɔm bɛde mo.+ Hwɛ! Me nkoa benya nsu anom,+ na mo de, osukɔm bɛde mo. Hwɛ! Me nkoa ani begye,+ na mo de, mo ani bewu.+ 14  Hwɛ! Koma mu anigye nti, me nkoa bedi ahurusi,Na mo de, koma mu yaw nti, mubesu,Na honhom a abubu nti, mubesu ateɛteɛ mu. 15  Mubegyaw din, na wɔn a mapaw wɔn no de bɛka ntam,Na Awurade Tumfo Yehowa bekunkum mo mmaako mmaako,Na ɔno ara ne nkoa de, ɔde din foforo bɛfrɛ wɔn,+ 16  Sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara a ɔhwehwɛ nhyira wɔ asaase so no,Nokware* Nyankopɔn no behyira no.Na obiara a ɔka ntam wɔ asaase so no,Ɔde nokware* Nyankopɔn no bɛka ntam.+ Na wɔrenkae kan amanehunu no;M’ani renhu bio.+ 17  Na hwɛ! Merebɔ ɔsoro foforo ne asaase foforo;+Na wɔrenkae kan nneɛma no bio,Na ɛremma komam bio.+ 18  Enti munni ahurusi na momma mo ani nnye daa, ade a merebɔ no nti. Na hwɛ! Merebɔ Yerusalem ama ɛde anigye aba,Na merebɔ emufo ama wɔde ahurusi aba.+ 19  M’ani begye Yerusalem ho na madi me man ho ahurusi;+Wɔrente sɛ obi resu anaa obi rebɔ bena wɔ mu bio.”+ 20  “Wɔrenhu akokoaa a wannyin ankyɛ bio,Anaa akwakoraa a wanni ne nna anwie. Sɛ obi di mfe ɔha na owu a, wobebu no sɛ ɔyɛ abarimaa.Na ɔbɔnefo de, sɛ odi mfe ɔha mpo a, wɔbɛdome no.* 21  Wobesisi adan atena mu,+Na wɔayeyɛ bobefuw* adi mu aba.+ 22  Wɔrensisi adan mma obi foforo mmɛtena mu,Na wɔrennua mma obi mmedi. Efisɛ me man nna bɛyɛ sɛ dua nna,+Na wɔn a mapaw wɔn no bedi wɔn nsa ano adwuma amee. 23  Wɔrenyɛ adwuma* mmrɛ ngu kwa,+Na mma a wɔbɛwo wɔn no, mmusu renka wɔn,Efisɛ wɔyɛ mma* a Yehowa ahyira wɔn,+Wɔne wɔn asefo.+ 24  Ansa na wɔbɛfrɛ mpo, na magye so;Na wogu so rekasa no, metie. 25  Pataku ne oguan ba bɛbom adidi,Na gyata awe wura sɛ nantwi,+Na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan. Wɔrenyɛ bɔne, na wɔrensɛe ade, me bepɔw kronkron no nyinaa so,”+ Yehowa na waka.

Ase Hɔ Nsɛm

^ Ebetumi nso akyerɛ, “awɛnee.”
^ Anaa “nkwan a ɛho ntew.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “Na mamma woanyɛ kronkron.”
^ Nt., “Mede akatua no begu wɔn kokom.”
^ Nt., “Medi kan asusuw wɔn akatua de agu wɔn kokom.”
^ Kyerɛ sɛ, bobe siaw.
^ Nt., “nhyira.”
^ Nt., “aba.”
^ Anaa “Asaasetraa.”
^ Anaa “bobesa.”
^ Anaa “Nokwaredi.” Nt., “Amen.”
^ Anaa “Nokwaredi.” Nt., “Amen.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “Sɛ obi anni mfe ɔha na owu a, wobebu no sɛ wɔadome no.”
^ Anaa “bobeturo.”
^ Anaa “adwumaden.”
^ Nt., “aba.”