Yesaia 4:1-6
4 Saa da no, mmea baason besuso ɔbarima baako mu+ aka akyerɛ no sɛ:
“Yebedi yɛn ankasa aduanAhyɛ yɛn ankasa ataade;Nea ehia ara ne sɛ wode wo din bɛto yɛn soNa apra yɛn aniwu* afi hɔ.”+
2 Ɛda no, nea Yehowa bɛma afifi* no bɛyɛ fɛ na anya anuonyam, na Israelfo a wɔanya wɔn ti adidi mu no de asaase no so aba bɛhoahoa wɔn ho, na ɛbɛyɛ wɔn fɛ.+
3 Obiara a ɔbɛka Sion a wobegyaw no Yerusalem no, wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔwɔ Yerusalem a wɔakyerɛw wɔn din sɛ wɔntena nkwa mu+ no nyinaa.
4 Sɛ Yehowa de atemmu honhom ne ogya honhom*+ hohoro Sion mma mmea ho fĩ*+ na ɔhohoro Yerusalem mogyahwiegu nso fi ne mu a,
5 Yehowa bɛma omununkum ne wusiw akata Sion Bepɔw no so nyinaa ne ne nhyiambea so awia, na ogyaframa ahyerɛn hɔ anadwo,+ efisɛ nea ɛwɔ anuonyam no nyinaa benya ahobammɔ.
6 Na apata* bi bɛwɔ hɔ. Awiabere a ahohuru wom no, ɛbɛma onwini,+ na ahum ne osutɔbere mu nso, ayɛ guankɔbea ne hintabea.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Kyerɛ sɛ, sigyadi ne boninyɛ ho aniwu.
^ Anaa “Yehowa dubaa.”
^ Anaa “honhom a ɛredɛw.”
^ Nt., “tiafi.”
^ Anaa “ɔsese.”