Yesaia 50:1-11

  • Israelfo bɔne de ɔhaw ba (1-3)

  • Yehowa akoa a ɔyɛ osetie (4-11)

    • Asuafo tɛkrɛma ne wɔn aso (4)

50  Nea Yehowa aka ni: “Awaregyae krataa a mede gyaa mo maame aware no wɔ he?+ Na hena na mede no ka a enti metɔn mo maa no? Hwɛ! Mo ara mo mfomso nti+ na wɔtɔn mo,Na mo ara mo mmarato nti na wɔpam mo maame.+  2  Adɛn nti na mebae no na obiara nni ha? Na adɛn nti na mefrɛe no obiara annye so?+ Me nsa yɛ tiaa dodo sɛ ebegye mo anaa?Anaa minni tumi a mede beyi mo?+ Hwɛ! Mede m’animka ma ɛpo yow;+Mema nsubɔnten dan anweatam.+ Emu nam porɔw, nsu a enni mu nti,Na osukɔm nti, wowuwu.  3  Mede sum kata ɔsoro,+Na mede awerɛhow ntama* yɛ ne nkataho.”  4  Awurade Tumfo Yehowa ama me asuafo tɛkrɛma,*+Na mahu asɛm a ɛfata* a mede bebua nea wabrɛ.*+ Onyan me anɔpa biara;Onyan m’aso ma mitie te sɛ asuafo.+  5  Awurade Tumfo Yehowa abue m’aso, Na mantew atua.+ Mansan m’akyi.+  6  Medan m’akyi maa wɔn a wɔhwee me,Na mede m’afono maa wɔn ma wotutuu ho nwi nyinaa.* Mamfa m’anim anhintaw animguase ne ntasu.+  7  Nanso Awurade Tumfo Yehowa bɛboa me.+ Enti m’anim rengu ase. Ɛno nti, mama m’anim ayɛ sɛ ɔbo a ɛyɛ den,+Na minim sɛ m’ani renwu.  8  Nea obu me bem no bɛn me. Hena na obetumi abɔ me sobo?*+ Ɔmma yɛnsɔre nnyina hɔ.* Hena na ɔne me wɔ asɛm? Ma ɔmmɛn me.  9  Hwɛ! Awurade Tumfo Yehowa bɛboa me. Hena na obebu me fɔ? Hwɛ! Wɔn nyinaa begow sɛ ntamagow. Nwewemmoa bɛwe wɔn ama wɔasa. 10  Mo mu hena na osuro Yehowa,Na otie n’akoa asɛm?+ Hena na wafa esum kabii mu a hann biara nni hɔ? Ma ɔmfa ne ho nto Yehowa din so, na ɔmfa ne werɛ nhyɛ ne Nyankopɔn mu. 11  “Hwɛ! Mo a moasɔ gya,A moma ogya dɛw nyinaa,Monnantew mo gya no hann mu,Ogya a moama ɛredɛw no. Nea mubenya afi me nsam ni: Ɔyaw mu na mobɛdeda hɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “tɛkrɛma a wɔatete no yiye.”
Ebetumi nso akyerɛ, “mede bɛhyɛ nea wabrɛ den.”
Nt., “asɛm.”
Anaa “ma wotutuu m’abogyesɛ.”
Anaa “obetumi ne me adi asi?”
Anaa “yennyina hɔ anim ne anim.”