Yesaia 52:1-15

  • O Sion, nyan! (1-12)

    • Wɔn a wɔde asɛmpa ba no nan ase yɛ fɛ (7)

    • Sion awɛmfo bom bɔ ose (8)

    • Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsõ Yehowa anwenne ma wɔn ho tew (11)

  • Wɔbɛpagyaw Yehowa akoa (13-15)

    • Wɔsɛee n’anim (14)

52  O Sion,+ nyan! Nyan! Fa ahoɔden hyɛ!+ O Yerusalem, kurow kronkron, hyɛ w’ataade fɛfɛɛfɛ no!+ Efisɛ nea wontwaa no twetia* ne nea ne ho ntew biara renwura wo mu bio.+  2  O Yerusalem, poroporow wo ho mfuturu, sɔre na tena ase. O Sion babea a wɔakyere wo, san nhama a ɛkyekyere wo kɔn no.+  3  Na nea Yehowa aka ni: “Wɔantɔn mo annye hwee,+Na ɛnyɛ sika na wɔde begye mo.”+  4  Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Me man dii kan sian kɔɔ Egypt kɔtenaa hɔ sɛ ahɔho;+Na Asiria nso hyɛɛ wɔn so kwa.”  5  “Enti afei, dɛn na menyɛ wɔ ha?” Yehowa asɛm ni. “Efisɛ wɔfaa me man kwa. Wɔn a wodi wɔn so no kɔ so hoahoa wɔn ho,”+ Yehowa asɛm ni.“Na da biara da, da mũ nyinaa, wobu me din animtiaa.+  6  Ɛno nti, me man behu me din;+Ɛno nti, saa da no, wobehu sɛ me ara mene Nea ɔrekasa no. Hwɛ, ɛyɛ me!”  7  Nea ɔde asɛmpa nam mmepɔw so reba no, ne nan ase yɛ fɛ dodo!+Nea ɔka asomdwoe asɛm,+Nea ɔka adepa ho asɛmpa,Nea ɔka nkwagye asɛm,Nea ɔka kyerɛ Sion sɛ: “Wo Nyankopɔn abɛyɛ Ɔhene!”+  8  Tie! W’awɛmfo ama wɔn nne so. Wɔn nyinaa abom rebɔ ose,Efisɛ Yehowa boaboa Sion ano ba a, wobehu no pefee.*  9  Yerusalem kurow a asɛe, mo ani nnye, mommom mmɔ ose,+Efisɛ Yehowa akyekye ne man werɛ;+ wagye Yerusalem.+ 10  Yehowa ayi ne basa kronkron no ho wɔ aman nyinaa anim;+Asaase so nnipa nyinaa behu yɛn Nyankopɔn nkwagye.*+ 11  Montwe mo ho, montwe mo ho, mumfi hɔ,+ mommfa mo nsa nnka biribiara a ɛho ntew!+ Mumfi ne mu,+ montew mo ho,Mo a moso Yehowa anwenne.+ 12  Na ɛnyɛ ahopopo na mode befi hɔ,Na morenguan nso.Efisɛ Yehowa bedi mo anim akɔ,+Na Israel Nyankopɔn bedi mo akyi abɔ mo ho ban.+ 13  Hwɛ! M’akoa+ de ntease* bɛyɛ ade. Wɔbɛma no dibea a ɛwɔ soro,Wɔbɛma no gyinabea a ɛkorɔn, na wɔbɛma no so papaapa.+ 14  Nnipa pii a wohuu no no ho dwiriw wɔn,Efisɛ wɔsɛee n’anim sen onipa biara de,Na wɔsɛee ne nipaban sen onipa de; 15  Enti ɔno nso bɛma aman pii abɔ hu.+ Ahemfo bɛka wɔn ano atom* wɔ n’anim,+Efisɛ nea wɔnka nkyerɛɛ wɔn no, wobehu,Na nea wɔntee da no, wɔbɛte.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wontwaa ne dua.”
Anaa “ani kann.”
Anaa “nkonimdi.”
Anaa “nhumu.”
Anaa “Ahemfo renhu nea wɔnka.”