Yesaia 31:1-9

  • Onyankopɔn ne boafo, ɛnyɛ nnipa (1-9)

    • Egypt apɔnkɔ yɛ honam (3)

31  Wonnue, wɔn a wɔkɔ Egypt kɔpɛ mmoa,+Na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,+Na wɔde wɔn werɛ hyɛ ɔko nteaseɛnam mu esiane sɛ ɛdɔɔso nti,Na wɔde wɔn werɛ hyɛ apɔnkɔ a wɔde kɔ ɔko* mu esiane sɛ wɔn ho yɛ den nti. Nanso Israel Kronkronni no de, wɔmfa wɔn ho nto no so,Na wɔnhwehwɛ Yehowa akyi kwan.  2  Nanso onim nyansa, na ɔde amanehunu bɛba,Na nea waka no, ɔrentwe nsan. Ɔbɛsɔre atia nnebɔneyɛfo fiNe wɔn a wɔboa abɔnefo.+  3  Egyptfo yɛ nnipa kɛkɛ; wɔnyɛ Onyankopɔn.Wɔn apɔnkɔ yɛ honam, na ɛnyɛ honhom.+ Sɛ Yehowa teɛ ne nsa a,Ɔboafo biara bɛwatiriw,Na obiara a wɔaboa no no bɛhwe ase;Wɔn nyinaa bɛbom asɛe.  4  Na nea Yehowa aka akyerɛ me ni: “Sɛ gyata, gyata* a ne ho yɛ den kyere aboa a, ɔbobom.Na sɛ wɔfrɛfrɛ nguanhwɛfo pii sɛ wɔmmɛpam no a,Wɔn nteɛteɛm mmɔ no hu,Na wɔn dede nhunahuna no.Saa ara na asafo Yehowa bɛba abɛkoAma Sion Bepɔw ne ne koko no.  5  Sɛnea nnomaa tow hoo no, saa ara na Asafo Yehowa bɛko ama Yerusalem.+ Ɔbɛko ama no, na wagye no nkwa. Ɔde ne ho bɛkyɛ no, na wagye no.” 6  “O Israelfo, monsan mmra Nea mohyɛɛ da sɔre tiaa no no nkyɛn.+ 7  Efisɛ saa da no, dwetɛ anyamehunu ne sika kɔkɔɔ anyame a mfaso nni so a mode mo nsa ayɛ ama moayɛ bɔne no, obiara bɛtow ne de agu.  8  Na Asiriani no bɛtɔ sekan ano, nanso ɛnyɛ onipa de;Na sekan a ɛnyɛ onipa de na ɛbɛsɛe no.+ Sekan no nti, obeguan,Na wɔde ne mmerante bɛyɛ nkoadwuma.  9  Ehu nti, ne botan betwam akɔ,Na ahyɛnsode no nti, ne mpanyimfo koma betu.”Yehowa a ne hann* wɔ Sion, a ne fononoo wɔ Yerusalem no asɛm ni.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nnipa a wɔtete apɔnkɔ so.”
Anaa “gyatanini.”
Anaa “gya.”