Yesaia 60:1-22
60 “O ɔbea, sɔre+ na hyerɛn, efisɛ wo hann apue.
Yehowa anuonyam ahyerɛn wo so.+
2 Hwɛ! Esum bɛkata asaase so,Na esum kabii akata amanaman so;Nanso wo de, Yehowa bɛhyerɛn wo so,Na wobehu n’anuonyam wɔ wo so.
3 Aman bɛba wo hann ho,+Na ahemfo+ aba w’anuonyam a ɛhyerɛn no ho.*+
4 Ma w’ani so, na hwɛ wo ho nyinaa hyia!
Wɔaboaboa wɔn nyinaa ano; wɔreba wo nkyɛn.
Wo mma mmarima fi akyirikyiri; ba ara na wɔreba,+Na wɔde wo mma mmea bɛbobɔ wɔn nkyɛnmu.+
5 Saa bere no, wubehu na w’ani agye,+Na wo koma behuruhuruw na adi ahurusi,Efisɛ wɔbɛma ɛpo mu ahonyade aba wo nkyɛn,Na amanaman ahode bɛba wo nkyɛn.+
6 Yoma bɛyɛ manyamanya akata w’asaase* so,Midian ne Efa+ yomanini nkumaa.
Wɔn a wofi Saba nyinaa bɛba;Wɔbɛsoa sika kɔkɔɔ ne ɛhyɛ.*
Wɔbɛka Yehowa ayeyi akyerɛ.+
7 Wɔbɛboaboa Kedar+ nguan nyinaa ano abrɛ wo.
Na Nebaiot+ adwennini bɛsom wo.
Megye wɔn atom ama wɔaba m’afɔremuka so,+Na mɛma m’anuonyam fi* no ayɛ fɛ.+
8 Henanom na wotu ba sɛ omununkum yi,Te sɛ mmuruburuw a wɔreba wɔn buw mu yi?
9 Me na nsupɔw de wɔn ani bɛto me so,+Na Tarsis ahyɛn bedi anim,*Na ɛde wo mma afi akyirikyiri aba,+Wɔne wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ.Wɔde rebrɛ Yehowa wo Nyankopɔn din ne Israel Kronkronni no,Efisɛ ɔno na ɔbɛhyɛ wo anuonyam.*+
10 Ahɔho bɛto w’afasu,Na wɔn ahemfo bɛsom wo.+M’abufuw mu na mebɔɔ wo,Nanso m’adom mu na mehu wo mmɔbɔ.+
11 Wobebuebue w’apon ato hɔ daa;+Wɔrentoto mu awia anaa anadwo.Wɔde aman ahode bɛbrɛ wo,Na wɔn ahemfo bedi anim.+
12 Ɔman anaa ahenni biara a ɛrensom wo no bɛsɛe;Na wɔbɛsɛe aman no pasapasa.+
13 Lebanon anuonyam bɛba wo nkyɛn,+Ɔpopaw dua ne ɔsɛsɛ dua ne kwabɔhɔrɔ dua nyinaa bɛbom aba,+Na ɛbɛma me tenabea kronkron ayɛ fɛ;Mɛhyɛ baabi a me nan si no anuonyam.+
14 Wɔn a wɔteetee wo no, wɔn mma bɛba abɛkotow w’anim;Wɔn a wɔmfa wo nyɛ hwee no, wɔn nyinaa bɛkotow wo nan ase,Na wɔbɛfrɛ wo Yehowa kurow,Israel Kronkronni no Sion.+
15 Wo a anka wɔagyaw wo koraa, na wɔtan wo, a obiara mfa wo kwan so no,+Mɛma nkurɔfo de wo ahoahoa wɔn ho daa,Na wo nti, awo ntoatoaso nyinaa bedi ahurusi.+
16 Wobɛnom amanaman nufusu,+Na woanum ahemfo nufu;+Na wubehu sɛ me, Yehowa, mene w’Agyenkwa,Na Yakob Tumfo no ne wo Gyefo.+
17 Mede sika kɔkɔɔ besi kɔbere ananmu,Na mede dwetɛ asi dade ananmu,Na kɔbere asi dua ananmu,Na dade asi abo ananmu.Na mɛpaw asomdwoe sɛ wo hwɛfo,Na trenee ayɛ w’adwuma so panyin.*+
18 Wɔrente basabasayɛ wɔ w’asaase so bio,Na wɔrente ɔsɛe ne amamfoyɛ wɔ w’asaase so.+
Wobɛfrɛ w’afasu sɛ Nkwagye+ na woafrɛ wo nkurow apon sɛ Ayeyi.
19 Ɛnyɛ owia na ɛbɛma wo hann awiabere bio,Na ɛnyɛ ɔsram hann na ɛbɛhyerɛn wo so.Mmom Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+Na wo Nyankopɔn bɛyɛ w’ahoɔfɛ.+
20 W’awia rentɔ bio,Na wo sram rennum bio,Efisɛ Yehowa bɛyɛ wo hann daa,+Na w’awerɛhow nna bɛba awiei.+
21 Wo man nyinaa bɛyɛ atreneefo,Na wɔbɛfa asaase no adi so daa.
Wɔyɛ nea miduae a afefɛw,Me nsa ano adwuma+ a ɛbɛma me ho ayɛ fɛ.+
22 Nea ɔyɛ ketewa no bɛdan apem,Na nea osua adan ɔman a ɛyɛ den.*
Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.”
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “aba w’adekyee hann a ɛhyerɛn no ho.”
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Nt., “wo.”
^ Anaa “me fi fɛfɛɛfɛ.”
^ Anaa “bɛyɛ sɛ kan no.”
^ Anaa “ɔbɛma wo ho ayɛ fɛ.”
^ Anaa “nea ɔkyerɛ wo adwuma a wobɛyɛ.”
^ Anaa “ɔman kɛse.”