Yesaia 3:1-26

  • Yuda akwankyerɛfo ma ɔman no fom kwan (1-15)

  • Wobu Sion mma mmea a wɔde wɔn ho hyehyɛ mmarima no atɛn (16-26)

3  Hwɛ! Nokware Awurade asafo YehowaBeyi ade biara a ɛboa Yerusalem ne Yuda no afi hɔ:Aduan ne nsu nyinaa,+  2  Ɔsabarima ne ɔkofo,Ɔtemmufo ne odiyifo,+ nea nkurɔfo kɔ ne nkyɛn abisa ne ɔpanyin,  3  Aduonum so panyin,+ onuonyamfo, ne ɔfotufo,Nea waben asumansɛm mu ne nea waben kaberɛkyere mu.+  4  Mɛma mmarimaa ayɛ wɔn so atumfo,Na nea n’adwene nsi pi adi wɔn so.  5  Nnipa bɛhyɛ nnipa so,Obiara bɛhyɛ ne yɔnko so.+ Abarimaa bɛkasa atia ɔpanyin,Na onipahunu de onuonyamfo+ anim atwitwiw fam.  6  Obiara beso ne nua mu wɔ ne papa fi aka sɛ: “Wowɔ ataade, bedi yɛn so. Ma nea adwiriw agu yi mmɛhyɛ w’ase.”  7  Nanso saa da no, ɔbɛka sɛ: “Merenkyekyere mo akuru;*Minni aduan anaa ataade wɔ me fi. Monnyɛ me otumfo wɔ ɔman yi so.”  8  Yerusalem ahintiw,Na Yuda ahwe ase,Efisɛ wɔde wɔn kasa ne wɔn nneyɛe asɔre atia Yehowa;Wɔatew onuonyamfo no anim atua.*+  9  Wɔn anim yɛbea di adanse tia wɔn,*Wɔbɔ wɔn bɔne dawuru te sɛ Sodom;+Wɔmfa nsie. Wonnue,* efisɛ wɔde mmusu reba wɔn ho so! 10  Monka nkyerɛ atreneefo sɛ ebesi wɔn yiye;Wobenya wɔn nneyɛe so akatua.*+ 11  Ɔbɔnefo nnue! Mmusu bɛba no so,Efisɛ nea ɔde ne nsa ayɛ no, ɛno ara bi na wɔde bɛyɛ no! 12  Me man de, n’ahwɛfo hyɛ no so,Na mmea di no so. Me man, w’akwankyerɛfo ama woafom kwan,Na wɔama w’akwan ayɛ nwonworann.+ 13  Yehowa gyina hɔ sɛ ɔde n’asɛm bɛto gua,Wasɔre sɛ ɔrebebu aman atɛn. 14  Yehowa bebu ne man mpanyimfo ne emu atumfo atɛn. “Moahyew bobefuw* no,Na nneɛma a moawia afi ahiafo nkyɛn no wɔ mo fi.+ 15  Adɛn nti na mopɛtɛw me man,Na mode ahiafo anim twitwiw fam?”+ Awurade Tumfo asafo Yehowa asɛm ni. 16  Yehowa aka sɛ: “Esiane sɛ Sion mma mmea yɛ ahantan,Na wɔnantew momamoma wɔn mmati so,*Na wɔpa wɔn ani akyi, na woyi akyẽa,Na wɔma nkawa a egu wɔn nan gyigye nti, 17  Yehowa nso bɛma Sion mma mmea ti ho atutu akuru,*Na Yehowa ama wɔn moma so ayɛ kwaterekwa.+ 18  Saa da no, Yehowa beyi wɔn afɛfɛde afi wɔn ho:Nankɔn so nkawa ne abotiri ne agude a ɛte sɛ ɔsram,+ 19  Nsomuade, nkapo, ne nkataanim, 20  Abotiri, ne kawa a wɔde to nan, ne abɔso,*Aduhuam ntoa* ne nsɛbɛ, 21  Mpɛtea* ne hwenem nkawa, 22  Adehyetaade atenten, nguguso, nkatakɔnmu, ne sika nkotoku, 23  Nhwehwɛ+ ne nwera ntaade,Abotiri ne nkataanim. 24  “Afei ade a ɛbɔn besi balsam ngo+ ananmu;Hama besi abɔso ananmu;Eti a ɛho apa besi mmɛsa ananmu;+Awerɛhow ntama* besi ataade pa ananmu;+Na kutwã* besi ahoɔfɛ ananmu. 25  Wo mmarima bɛtotɔ sekan ano,Na w’akatakyi awuwu wɔ ɔko mu.+ 26  Kurow no ano apon besu adi awerɛhow,+Ɔbɛtena fam atwa adwo.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Merenyɛ mo yaresafo.”
Nt., “Wɔatew n’anuonyam anim atua.”
Anaa “bu wɔn fɔ.”
Anaa “Wɔn kra nnue.”
Nt., “Wobedi wɔn nneyɛe so aba.”
Anaa “bobeturo.”
Nt., “wɔnantew twetwe wɔn kɔn (wɔn mene).”
Anaa “adɔ ntwom.”
Anaa “abomu.”
Nt., “Akra adan.”
Anaa “Nkawa a yɛde hyɛ nsateaa.”
Anaa “Atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Kyerɛ sɛ, etwã a nkoa ne nneduafo nya bere a wɔde dade to gya mu hye wɔn de hyɛ wɔn nsow.