Yesaia 13:1-22

  • Babilon ho atemmusɛm (1-22)

    • Yehowa da no abɛn! (6)

    • Mediafo betu Babilon agu (17)

    • Obiara rentena Babilon bio da (20)

13  Babilon ho atemmusɛm+ a Amus ba Yesaia+ nyaa ho anisoadehu ni:  2  “Momma ahyɛnsode* bi so+ mfa nsi bepɔw petee so. Momma mo nne so mfrɛ wɔn, montow mo nsa mfrɛ wɔn,Na wɔmmra atitiriw pon ano.  3  Mede ahyɛde ama wɔn a mapaw wɔn no.*+ Mafrɛ me mmarima a wonim ko sɛ wɔnna m’abufuw adi,Me nkurɔfo a wɔde ahantan di ahurusi no.  4  Muntie! Nnipadɔm bi wɔ mmepɔw so;Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nnipa bebree! Muntie! Ahenni ahorow hooyɛ,Aman a wɔaboaboa wɔn ano+ dede! Asafo Yehowa reboaboa asraafodɔm ano ama ɔko.+  5  Wofi akyirikyiri asaase so reba,+Ɔsoro ano tɔnn,Yehowa ne n’abufuhyew akode,Sɛ wɔrebɛsɛe asaase nyinaa.+  6  Munsu nteɛteɛm, na Yehowa da no abɛn! Ɛbɛba sɛ ɔsɛe a efi ade nyinaa so Tumfo no hɔ.+  7  Ɛno nti, nsa nyinaa mu begow,Na ehu nti, onipa biara koma bɛnan.+  8  Nkurɔfo no adwene atu afra.+ Wɔasinsen, na wɔte yaw,Te sɛ ɔbea a awo aka no. Obiara de ehu hwɛ ne yɔnko anim,Na wɔn anim ayeyɛ bosabosaa.  9  Hwɛ! Yehowa da no reba,Ɛbɛyɛ anibere ne abufuhyew da; wɔrenhu obiara mmɔbɔ,Ɛbɛma asaase no adan ade a ɛyɛ hu,+Na ama asaase no so abɔnefo ase ahyew. 10  Efisɛ ɔsoro nsoromma ne wɔn nsorommakuw*+Renhyerɛn;Owia beduru sum bere a ɛrepue no ara,Na ɔsram renhyerɛn. 11  Mɛma asaase no atwa ne bɔne so aba,+Na mama amumɔyɛfo anya wɔn amumɔyɛ so akatua. Mɛma ahantanfo agyaewɔn dwae, Na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.+ 12  Mɛma ɔdasani ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ amapa,+Na nnipa ho ayɛ na asen Ofir sika kɔkɔɔ.+ 13  Ɛno nti na mɛma ɔsoro awosow, Na asaase ahinhim afi ne sibea,+ Asafo Yehowa abufuw nti, n’abufuhyew da no. 14  Obiara bɛdan ne ho akɔ ne nkurɔfo nkyɛn;Obiara beguan akɔ n’asaase so,+Te sɛ ɔtwe a wɔrepɛ no akyere no, anaa nguan a obiara mmoaboa wɔn ano. 15  Obiara a wobehu no no, wɔde ade bɛwɔ ne mu,Na obiara a wɔbɛkyere no no, ɔbɛtɔ sekan ano.+ 16  Wɔbɛtetew wɔn mma mu wɔ wɔn anim,+Wɔbɛfom wɔn afi,Na wɔato wɔn yerenom mmonnaa. 17  Hwɛ, merema Mediafo akɔ wɔn so.+Wɔn de, wommu dwetɛ,Na wɔn ani mmere sika kɔkɔɔ. 18  Wɔn agyan bɛtetew mmerante mu,+Wɔn yam renhyehye wɔn mma yafunu mu mma,Na wɔrenhu mmofra mmɔbɔ. 19  Na Babilon, ahenni nyinaa mu nuonyamfo,*+Afɛfɛde a Kaldeafo de kyerɛ wɔn ho no,+Ɛbɛyɛ te sɛ Sodom ne Gomora bere a Onyankopɔn kaa wɔn butuwii no.+ 20  Obiara rentena ne mu da,Na ɔbɛyɛ baabi a obiara rentumi ntena hɔ, awo ntoatoaso nyinaa mu.+ Arabni biara rensi ne ntamadan wɔ hɔ,Na nguanhwɛfo biara remma wɔn nguan nhome wɔ hɔ. 21  Sare so mmoa bɛda hɔ;Mpatu bɛhyɛ wɔn afi mu ma. Nsohori de hɔ bɛyɛ wɔn fi,+Na wuram mpɔnkye* behuruhuruw wɔ hɔ. 22  Mmoa a wosu te sɛ kraman besu wɔ n’aban mu,Na sakraman besu wɔ n’ahemfi fɛfɛɛfɛ mu. Ne bere abɛn, na wɔremfa nna no bi nka homma no.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “frankaa.”
Nt., “wɔn a matew wɔn ho no.”
Nt., “ne wɔn mu biara Kesil.” Ebia egyina hɔ ma Orion nsorommakuw ne nsoromma akuw a atwa ho ahyia no.
Anaa “hoɔfɛfo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “abosom a wɔte sɛ mpɔnkye.”