Yesaia 34:1-17
34 Aman, mommra mmetie;Amanaman, monyɛ aso.
Ma asaase ne ɛso nneɛma nyinaa ntie,Wiase ne nea ɛwom nyinaa.
2 Efisɛ Yehowa bo afuw aman nyinaa,+Na ne bo afuw wɔn asraafodɔm nyinaa.+
Ɔbɛsɛe wɔn;Ɔbɛma wɔakum wɔn.+
3 Wɔn nkurɔfo a wɔakunkum wɔn no, wɔbɛtow wɔn agu,Na wɔn afunu bɛbɔn kankaankan;+Na wɔn mogya bɛhono mmepɔw.*+
4 Ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw,Na wɔbɛbobɔw ɔsoro sɛ nhoma mmobɔwee.
Wɔn asafo nyinaa bɛtetew agu,Sɛnea bobe so ahaban a awo tetew guNa borɔdɔma a atwintwam tetew gu no.
5 “Me sekan ano bɛfɔw wɔ ɔsoro.+
Ebesian aba Edom so abebu no atɛn,+Ɛbɛba nnipa a mabu wɔn atɛn sɛ mɛsɛe wɔn no so.
6 Yehowa wɔ sekan bi; mogya bɛyɛ ho nyinaa.
Srade bɛyɛ ho nyinaa,+Adwennini nkumaa mogya ne mpɔnkye mogya bɛyɛ ho nyinaa,Adwennini asaabo ho srade bɛyɛ ho nyinaa.
Yehowa wɔ afɔre bi bɔ wɔ Bosra;Ɔwɔ okunkɛse wɔ Edom asaase so.+
7 Na ɛkoɔ* ne wɔn besian akɔ,Anantwinini nkumaa ne wɔn a wɔn ho yɛ den nyinaa.
Mogya bɛfɔw wɔn asaase,Na srade afɔw wɔn dɔte twɔnn.”
8 Yehowa wɔ da a ɔde betua n’atamfo ka,*+Asotwe afe a obedi ama Sion.+
9 Ne* nsuten bɛdan kootaa,Na ne dɔte adan sɔfe*Na n’asaase bɛyɛ sɛ kootaa a ɛrehyew.
10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum;Na ne wusiw bɛkɔ soro daa daa.
Kurow no bɛkɔ so ayɛ amamfo wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu,Na obiara rentwam wɔ hɔ bio da.+
11 Na nsu so dabodabo ne kɔtɔkɔ begye hɔ afa,Na patu asotenten ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ.
Na ɔde ɔsɛe susuhamaNe amamfoyɛ prumo* bɛto so.
12 N’adehye no mu biara nni hɔ a wɔde no bedi hene,Na n’abirɛmpɔn nyinaa bɛyera koraa.
13 Nsɔe befifi n’abantenten so,Na nsasono ne kokora afifi n’abannennen mu.
Ɔbɛyɛ sakraman fi,+Ne nsohori tenabea.
14 Ɛhɔ na sare so mmoa ne mmoa a wosu te sɛ kraman behyia,Na wuram apɔnkye* besu afrɛ ne yɔnko.
Yiw, anadwo anomaa* bɛba abedwudwo ne ho na ɔde hɔ ayɛ n’ahomegyebea.
15 Ɛhɔ na ɔkyereben bɛyɛ ne buw na watow ne nkosua,Na ɛhɔ na obesow na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwini ase.
Yiw, ɛhɔ na asansa bɛboaboa wɔn ano, obiara ne ne hokafo.
16 Monhwehwɛ Yehowa nhoma mu na monkenkan no den:
Baako mpo renyera;Obiara benya ɔhokafo,Efisɛ ahyɛde no fi Yehowa anom,Na ne honhom na aboa wɔn ano.
17 Ɔno na wabɔ ntonto ama wɔn,Na n’ankasa nsa na asusuw wɔn kyɛfa ama wɔn.*
Ɛbɛyɛ wɔn agyapade afebɔɔ,Na wɔbɛtena so awo ntoatoaso nyinaa mu.
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “wɔn mogya bɛtene afa mmepɔw so.”
^ Anaa “wuram nantwi.”
^ Anaa “Yehowa wɔ aweredi da.”
^ Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Bosra, Edom ahenkurow.
^ Anaa “sufre.” Ade bi a ɛte sɛ atuduru a wɔde gu ogya mu ma ɛdɛw.
^ Ɛyɛ hama bi a dade hyɛ ano a wɔde susuw ɔdan hwɛ sɛ ɔdan no teɛ anaa.
^ Ebetumi nso akyerɛ, “abosom a wɔte sɛ mpɔnkye.”
^ Anomaa bi a ɔte sɛ patu.
^ Nt., “ɔde susuhama akyɛ ama wɔn.”