Yohane Kyerɛwtohɔ 19:1-42
19 Afei Pilato ma wɔfaa Yesu kɔbɔɔ no mmaa.+
2 Na asraafo no de nsɔe nwenee ahenkyɛw de hyɛɛ ne ti, na wɔde ataade afasebiri bi hyɛɛ no,+
3 na wɔbaa ne nkyɛn mpɛn pii bɛkae sɛ: “Asomdwoe nka wo, Yudafo Hene!”* Afei nso, wɔbobɔɔ n’asom.+
4 Ɛnna Pilato san pue kɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Monhwɛ! Mede no repue abrɛ mo, na moahu sɛ minhu ne ho mfomso biara.”+
5 Enti Yesu pue bae. Ná nsɔe ahenkyɛw no hyɛ no, na na ɔhyɛ ataade afasebiri no nso. Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ! Ɔbarima no ni!”
6 Nanso bere a asɔfo mpanyin ne asomfo no huu no no, wɔteɛteɛɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!”*+ Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkokum no,* na me de, minhu mfomso biara wɔ ne ho.”+
7 Yudafo no buaa no sɛ: “Yɛwɔ mmara, na sɛnea mmara no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ owu,+ efisɛ ɔfrɛɛ ne ho Onyankopɔn ba.”+
8 Bere a Pilato tee asɛm a wɔreka no, osuroe sen kan no mpo,
9 na ɔkɔɔ amrado fi hɔ bio, na obisaa Yesu sɛ: “Wufi he?” Nanso Yesu amma no mmuae biara.+
10 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Wummua me? Wunnim sɛ mewɔ tumi sɛ migyaa wo, na mewɔ tumi nso sɛ mikum wo?”*
11 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ wɔamma wo kwan amfi soro a, anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti, onipa a ɔde me maa wo no, ɔno mmom na ne bɔne so paa.”
12 Eyi nti, Pilato kɔɔ so hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso Yudafo no teɛteɛɛm sɛ: “Sɛ wugyaa ɔbarima yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia* Kaesare.”+
13 Bere a Pilato tee saa asɛm no, ɔde Yesu puei, na ɔtenaa atemmu agua so wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Abo-Nsɛwee, nea Hebri mu wɔfrɛ no Gabata no.
14 Ná ɛyɛ Ahoboaboa da+ ma Twam no, na na ɛbɛyɛ dɔn a ɛto so asia.* Na ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Monhwɛ! Mo hene ni!”
15 Nanso wɔteɛteɛɛm sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!”* Pilato bisaa wɔn sɛ: “Minkum mo hene no?”* Asɔfo mpanyin no buae sɛ: “Yenni ɔhene biara, gye Kaesare.”
16 Afei ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
Ɛnna wɔfaa Yesu kɔe.
17 Ɔno ara na ɔsoaa asɛndua* no pue kɔɔ baabi a wɔato din Tikora,+ nea Hebri mu wɔfrɛ hɔ Golgota no.+
18 Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu ne mmarima baanu bi asɛndua mu.+ Ná baako wɔ benkum, na baako wɔ nifa, ɛnna Yesu wɔ mfinimfini.+
19 Pilato san kyerɛw asɛm bi bɔɔ asɛndua* no ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nasaretni Yesu, Yudafo Hene no.”+
20 Yudafo bebree kenkan asɛm yi, efisɛ na baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no bɛn kurow no, na wɔkyerɛw no Hebri, Latin, ne Greek kasa mu.
21 Nanso Yudafo asɔfo mpanyin no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: “Nkyerɛw sɛ ‘Yudafo Hene,’ na mmom kyerɛw sɛ, ɔno na ɔkae sɛ, ‘Mene Yudafo Hene.’”
22 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea makyerɛw no, makyerɛw.”
23 Bere a asraafo no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa n’ataade nguguso kyɛɛ mu anan, na ɔsraani biara faa baako. Afei nso, wɔfaa n’ataade a ɛwɔ ase no. Nanso na n’ataade a ɛwɔ ase no nni mpamee; na wɔanwene fi soro abesi fam.
24 Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mommma yɛnntetew mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ nea ɛbɛyɛ ne dea.”+ Eyi maa kyerɛwsɛm yi baa mu. Ɛka sɛ: “Wɔkyekyɛɛ me ntaade mu fae, na wɔbɔɔ m’ataade so ntonto.”+ Enti asraafo no yɛɛ eyi ampa.
25 Ná Yesu maame+ ne Yesu maame nua ne Klopa yere Maria ne Maria Magdalene+ gyinagyina Yesu asɛndua* no ho.
26 Enti bere a Yesu huu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no+ sɛ wogyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Ɔbea, hwɛ! Wo babarima ni!”
27 Na ɔka kyerɛɛ osuani no nso sɛ: “Hwɛ! Wo maame ni!” Na efi saa bere no, osuani no de no kɔɔ n’ankasa fi.
28 Eyi akyi no, bere a Yesu hui sɛ biribiara aba awiei no, nea ɛbɛyɛ a kyerɛwsɛm no bɛba mu nti, ɔkae sɛ: “Osukɔm de me.”+
29 Ná ahina bi si hɔ a nsã* a emu kaw ayɛ no ma. Enti wɔde sapɔw* a nsã* a emu kaw ayɛ no ma tuaa sommɛ* so de kɔɔ n’ano.+
30 Bere a nsã* a emu kaw no kaa Yesu ano no, ɔkae sɛ: “Asa!”+ Ɛnna osii ne ti ase, na owui.*+
31 Ná ɛyɛ Ahoboaboa da,+ na na Yudafo no mpɛ sɛ amu no bɛsensɛn asɛndua no so+ Homeda no (efisɛ na saa Homeda no yɛ Homeda kɛse).+ Enti wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma wommubu wɔn nan mu, na wonyiyi amu no mfi hɔ.
32 Enti asraafo no bae, na wobebubuu ɔbarima a odi kan no nan mu. Afei wobubuu ɔbarima a ɔka ho a wɔbɔɔ ɔne no asɛndua mu no nso nan mu.
33 Nso bere a woduu Yesu nkyɛn no, wohui sɛ wawu dedaw, enti wɔammubu ne nan mu.
34 Nanso asraafo no mu baako de peaw wɔɔ ne mfe,+ na ɛhɔ ara na mogya ne nsu bae.
35 Onipa a ɔde n’ani hui no, ɔno na wadi adanse yi, na n’adanse no yɛ nokware, na onim sɛ nea ɔka no yɛ nokware, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nso mubegye adi.+
36 Nokwasɛm ne sɛ, eyinom sii na kyerɛwsɛm yi aba mu: “Wɔremmu ne dompe baako mpo mu.”+
37 Afei ɛmaa kyerɛwsɛm foforo yi nso baa mu: “Wɔbɛhwɛ nea wɔde ade wɔɔ no no.”+
38 Na eyinom akyi no, Yosef a ofi Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani, a Yudafo no ho suro nti,+ wamma nkurɔfo anhu sɛ ɔyɛ osuani no, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma ɔmfa Yesu amu no nkɔ. Pilato maa no kwan, enti ɔbɛfaa amu no kɔe.+
39 Nikodemo,+ ɔbarima a bere bi ɔkɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso baa hɔ, na ɔde kurobow ne pɛprɛ a wɔde afra* bae. Ná emu duru bɛyɛ nkaribo ɔha.*+
40 Enti wɔfaa Yesu amu no, na wɔde nnuhuam no guu nwera mu de kyekyeree no+ sɛnea Yudafo yɛ wɔn amu ansa na wɔakosie no.*
41 Yɛreka yi, na turo bi wɔ baabi a wokum no no,* na na ɔda foforo+ bi wɔ turo no mu a wɔmfaa obiara ntoo mu da.
42 Ɛhɔ na wɔde Yesu kɔtoe, efisɛ na ɛyɛ Yudafo no Ahoboaboa da,+ na na ɔda no nso bɛn hɔ.
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “Yudafo Hene, mo!”
^ Anaa “Fa no sɛn dua so kum no! Fa no sɛn dua so kum no!”
^ Anaa “momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu.”
^ Anaa “mebɔ wo asɛndua mu?”
^ Anaa “sɔre tia.”
^ Kyerɛ sɛ, bɛyɛ awia 12.
^ Anaa “Fa no sɛn dua so kum no!”
^ Anaa “Memmɔ mo hene no asɛndua mu?”
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “bobesa.”
^ Ɛyɛ sapɔw bi a etumi nonom nsu.
^ Anaa “bobesa.”
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “bobesa.”
^ Anaa “ɛnna ogyaa ne honhom mu.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “wɔabobɔw.”
^ Anaa “sɛnea Yudafo afunsie ho amanne te.”
^ Anaa “wɔbɔɔ no asɛndua mu no.”