Genesis 5:1-32

  • Efi Adam so kosi Noa so (1-32)

    • Adam woo mma mmarima ne mma mmea (4)

    • Enok ne Onyankopɔn nantewee (21-24)

5  Eyi ne Adam ho nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ. Da a Onyankopɔn bɔɔ Adam no, ɔyɛɛ no Onyankopɔn sɛso.+ 2  Ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.+ Da a ɔbɔɔ wɔn no,+ ohyiraa wɔn, na edin a ɔde frɛɛ wɔn ne Onipa.* 3  Adam dii mfe 130 no, ɔwoo ɔba a ɔte sɛ ɔno wɔ ne suban so, na ɔtoo no din Set.+ 4  Adam woo Set no, odii mfe 800 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 5  Enti mfe a Adam dii nyinaa yɛ 930, na owui.+ 6  Set dii mfe 105 no, ɔwoo Enos.+ 7  Set woo Enos no, odii mfe 807 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 8  Enti mfe a Set dii nyinaa yɛ 912, na owui. 9  Enos dii mfe 90 no, ɔwoo Kenan. 10  Enos woo Kenan no, odii mfe 815 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 11  Enti mfe a Enos dii nyinaa yɛ 905, na owui. 12  Kenan dii mfe 70 no, ɔwoo Mahalalel.+ 13  Kenan woo Mahalalel no, odii mfe 840 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 14  Enti mfe a Kenan dii nyinaa yɛ 910, na owui. 15  Mahalalel dii mfe 65 no, ɔwoo Yared.+ 16  Mahalalel woo Yared no, odii mfe 830 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 17  Enti mfe a Mahalalel dii nyinaa yɛ 895, na owui. 18  Yared dii mfe 162 no, ɔwoo Enok.+ 19  Yared woo Enok no, odii mfe 800 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 20  Enti mfe a Yared dii nyinaa yɛ 962, na owui. 21  Enok dii mfe 65 no, ɔwoo Metusala.+ 22  Enok woo Metusala no, ɔkɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no* nantewee mfe 300. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 23  Enti mfe a Enok dii nyinaa yɛ 365. 24  Enok kɔɔ so ne nokware Nyankopɔn no nantewee.+ Eduu bere bi no wɔanhu no bio, efisɛ Onyankopɔn faa no kɔe.+ 25  Metusala dii mfe 187 no, ɔwoo Lamek.+ 26  Metusala woo Lamek no, odii mfe 782 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 27  Enti mfe a Metusala dii nyinaa yɛ 969, na owui. 28  Lamek dii mfe 182 no, ɔwoo ɔbabarima. 29  Ɔtoo no din Noa,*+ na ɔkae sɛ: “Oyi na ɔbɛkyekye yɛn werɛ, efisɛ asaase a Yehowa domee no nti, yɛyɛ adwuma brɛ na yɛte yaw wɔ yɛn nsa ano adwuma mu.”+ 30  Lamek woo Noa no, odii mfe 595 kaa ho. Ɔwoo mma mmarima ne mma mmea. 31  Enti mfe a Lamek dii nyinaa yɛ 777, na owui. 32  Noa dii mfe 500 no, ɔwoo Sem,+ Ham,+ ne Yafet.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Adam; Ɔdasani.”
Nt., “Onyankopɔn no.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi akyerɛ “Ɔhome; Awerɛkyekye.”