Nnwom 62:1-12

  • Onyankopɔn hɔ na nkwagye fi

    • “Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn no” (1,5)

    • ‘Monka mo koma mu nsɛm nkyerɛ Onyankopɔn’ (8)

    • Nnipa te sɛ hwenem mframa (9)

    • Mfa wo ho nto ahonyade so (10)

Wɔde ma dwom kyerɛfo; Yedutan* de. Dawid dwom. 62  Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn* no. Ne hɔ na me nkwagye fi.+  2  Ampa ara, ɔno ne me botan ne me nkwagye, me guankɔbea;*+Merenhinhim mmoro so da.+  3  Mubetu mo ani asi onipa a morepɛ no akum no no so akosi da bɛn?+ Mo nyinaa mo ho yɛ hu te sɛ ɔfasu a akyea na ɛredwiriw agu.*  4  Wotu agyina sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi n’ase ayi no ahwe fam;*Atoro na wɔn ani gye ho. Wɔde wɔn ano hyira nnipa, nanso wɔn koma mu de, wɔdome wɔn.+ (Sela)  5  Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn no,*+Efisɛ ɔno ne m’anidaso.+  6  Ampa ara, ɔno ne me botan ne me nkwagye, me guankɔbea;Merenhinhim da.+  7  Me nkwagye ne m’anuonyam gyina Onyankopɔn so. Onyankopɔn ne me botantim ne me guankɔbea.+  8  Momfa mo ho nto no so daa. Monka mo koma mu nsɛm nkyerɛ no.+ Onyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.+ (Sela)  9  Nnipa mma te sɛ hwenem mframa,Adasamma yɛ guankɔbea hunu.+ Sɛ wɔkari wɔn nyinaa wɔ nsenia* mu a, wɔn mu yɛ hare sen hwenem mframa.+ 10  Mommfa mo ho nnto apoobɔ so,Na mommfa korɔn nnyɛ mo anidaso. Sɛ mo ahonyade dɔɔso a, mommfa mo adwene nnsi so.+ 11  Onyankopɔn aka, na mate asɛm yi mprenu: Ɛne sɛ, Onyankopɔn nsam na tumi wɔ.+ 12  O Yehowa, ɔdɔ a enni huammɔ nso yɛ wo dea,+Na wo na wutua obiara ka sɛnea ne nnwuma te.+

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “me kra retwɛn.”
Anaa “abantenten.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Mo nyinaa moatow ahyɛ no so, na moama wayɛ te sɛ ɔfasu a akyea, anaa ɔfasu a wɔde abo ayɛ a ɛrebedwiriw agu.”
Anaa “ama n’anuonyam abɔ no.”
Anaa “O me kra, yɛ komm twɛn Onyankopɔn.”
Ade a wɔde susuw biribi mu duru.