Deuteronomium 10:1-22
10 “Saa bere no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sen abopon abien te sɛ kan de no+ na fa bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Afei fa dua yɛ adaka.
2 Abopon a edi kan a wububuu no no, mɛkyerɛw nsɛm a na ɛwɔ so no agu foforo no so, na wode agu adaka no mu.’
3 Enti mede ɔkanto dua yɛɛ adaka na misen abopon abien te sɛ kan de no. Afei mede abopon abien no kɔɔ bepɔw no so.+
4 Na ɔkyerɛw Mmara Nsɛm Du*+ no guu abopon no so sɛnea na ɛwɔ kan de no so no.+ Eyi ne nsɛm a Yehowa fi ogya mu ka kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so,+ bere a mobɔɔ gua no.+ Yehowa wiei no, ɔde maa me.
5 Afei misian fii bepɔw no so+ na mede abopon no beguu adaka a mayɛ no mu sɛnea Yehowa kae sɛ menyɛ no, na ɛhɔ ara na ɛwɔ.
6 “Ɛno akyi no, Israelfo tu fii Beerot Bene-Yaakan kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wui na wosiee no,+ na ne ba Eleasar sii n’ananmu dii sɔfo.+
7 Afei wofi hɔ kɔɔ Gudgoda, na wofi Gudgoda kɔɔ Yotbata,+ asaase a nsubɔnten sen wɔ so no.
8 “Saa bere no, Yehowa paw Lewi abusuakuw no+ sɛ wɔnsoa Yehowa apam adaka no+ na wonnyina Yehowa anim nsom no, na wɔmfa ne din nhyira nnipa+ sɛnea wɔayɛ de abesi nnɛ yi.
9 Eyi nti na wɔamma Lewi kyɛfa anaa agyapade wɔ ne nuanom mu no. Yehowa ne n’agyapade sɛnea Yehowa mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ no no.+
10 Midii nnafua 40, awia ne anadwo wɔ bepɔw no so te sɛ kan no,+ na saa bere no nso Yehowa tiee me,+ enti Yehowa ansɛe mo.
11 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre di ɔman no anim na wɔnyɛ ahoboa nkɔfa asaase a mekaa wɔn agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no.’+
12 “Afei Israel, dɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ fi wo hɔ?+ Ɛne sɛ wubesuro Yehowa wo Nyankopɔn+ na woanantew n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no, na wode wo koma nyinaa ne wo kra* nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+
13 na woadi Yehowa mmara ne n’ahyɛde a mede rema wo nnɛ yi so, na asi wo yiye.+
14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+
15 Nanso w’agyanom nkutoo na Yehowa kaa wɔn bataa ne ho yii ne dɔ adi kyerɛɛ wɔn, na wapaw mo a moyɛ wɔn asefo no+ afi aman nyinaa mu sɛnea yehu nnɛ yi.
16 Afei momma mo komam ntew*+ na munnyae asoɔden no.*+
17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfo pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyim+ na onnye adanmude.*
18 Obu atɛntrenee ma nnyanka ne akunafo,+ na ɔwɔ ɔdɔ ma ahɔho,+ na ɔma wɔn aduan ne nea wɔbɛhyɛ.
19 Mo nso munnya ɔdɔ mma ahɔho a wɔte mo mu, efisɛ na moyɛ ahɔho wɔ Egypt asaase so.+
20 “Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wusuro no, ɔno na ɛsɛ sɛ wosom no,+ ɔno na ɛsɛ sɛ wobata ne ho, na ne din na fa ka ntam.
21 Ɔno na ɛsɛ sɛ wuyi no ayɛ.+ Ɔno ne wo Nyankopɔn a wayɛ anwonwade akɛse a ɛyɛ hu a wode w’ani ahu yi.+
22 Nnipa* 70 na w’agyanom de wɔn kɔɔ Egypt,+ nanso seesei Yehowa wo Nyankopɔn ama woayɛ dɔm kɛse te sɛ ɔsoro nsoromma.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Nt., “Nsɛm Du.”
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “ɔsorosoro.”
^ Nt., “muntwa mo koma twetia.”
^ Anaa “monnkɔ so nnsen mo kɔn.”
^ Anaa “braeb.”
^ Anaa “Akra.”