Luka Asɛmpa 24:1-53
24 Na nnawɔtwe no da a edi kan no, wɔde aduhuam a wɔasiesie no kɔɔ ɔda no so anɔpatutuutu.+
2 Nanso wohui sɛ wɔapia ɔbo no afi ɔda no ano,+
3 na bere a wɔkɔɔ mu no, wɔanhu Awurade Yesu amu no.+
4 Eyi maa wɔn adwene tu frae. Na hwɛ! mmarima baanu a wɔhyehyɛ ntaade hyɛnhyɛn begyinaa wɔn nkyɛn.
5 Ehu kaa mmea no, na wosisii wɔn ti ase. Enti mmarima no bisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na morehwehwɛ nea ɔte ase no wɔ awufo mu?+
6 Onni ha, na mmom wɔanyan no. Mokae nea ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔda so wɔ Galilea no?
7 Ɔkae sɛ, ɛsɛ sɛ woyi onipa Ba no hyɛ abɔnefo nsa na wɔbɔ no asɛndua mu, na da a ɛto so abiɛsa no wasɔre.”+
8 Enti wɔkaee ne nsɛm no,+
9 na wɔsan fii ɔda no so, na wɔkɔkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Dubaako no ne wɔn a aka no nyinaa.+
10 Ná mmea no ne Maria Magdalene, ne Yoana, ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmea a aka a wɔka wɔn ho no kaa eyinom kyerɛɛ asomafo no.
11 Nanso, nsɛm yi yɛɛ wɔn sɛ anansesɛm* bi, na wɔannye mmea no anni.
12 Nanso Petro sɔree, na otuu mmirika kɔɔ ɔda no so, na bere a ɔbɔɔ ne mu ase no, ohuu nwera no nko ara. Enti ofii hɔ kɔe; ɔrekɔ nyinaa, na nea asi no nsen ne tirim.
13 Na hwɛ! saa da no ara, na asuafo no baanu rekɔ Emaus a ɛyɛ akuraa bi ase. Efi hɔ rekɔ Yerusalem bɛyɛ akwansin ason,*
14 na na wɔrebɔ nea asi no nyinaa ho nkɔmmɔ.
15 Bere a wɔrebɔ nkɔmmɔ na wɔredwinnwen nea asi no ho no, Yesu ankasa bɛtoo wɔn, na ofii ase ne wɔn bɔɔ anan nantewee.
16 Nanso wɔanhu sɛ ɛyɛ ɔno.+
17 Obisaa wɔn sɛ: “Dɛn asɛm na monam kwan so redi ho nkɔmmɔ denneennen yi?” Na wogyinae, na na wɔn werɛ ahow.
18 Wɔn mu baako a ne din de Kleopa ka kyerɛɛ no sɛ: “Enti nea akɔ so nnansa yi wɔ Yerusalem no, wontee? Adɛn, woyɛ ɔhɔho?”*
19 Na obisaa wɔn sɛ: “Asɛm bɛn na asi?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɛfa Nasaretni+ Yesu ho no, nea ɔbɛyɛɛ odiyifo wɔ Onyankopɔn ne ɔman no nyinaa anim no. Ná ɔwɔ tumi wɔ ne nnwuma ne ne kasa mu.+
20 Yɛn asɔfo mpanyin ne atumfo no yii no mae ma wobuu no kumfɔ,+ na wɔbɔɔ no asɛndua mu.
21 Ná yɛwɔ anidaso sɛ saa ɔbarima yi ne nea na ɔreba abegye Israel+ no. Na eyinom nyinaa akyi no, ɛnnɛ ne da a ɛto so abiɛsa a nsɛm yi sisii.
22 Bio nso, mmea bi a wɔka yɛn ho nso abɛma yɛn ho adwiriw yɛn, efisɛ wɔkɔɔ ɔda no so anɔpatutuutu+
23 nanso wɔanhu n’amu no. Wɔkae nso sɛ wɔakohu abɔfo bi wɔ hɔ, na abɔfo no se Yesu te ase.
24 Na wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no binom kɔɔ ɔda no so,+ na wokohui sɛ, nea mmea no bɛkae no te saa pɛpɛɛpɛ, nanso wɔanhu Yesu.”
25 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “O mo a munni ntease, mo a ɛyɛ den ma mo sɛ mode mo koma begye* nea adiyifo no kae nyinaa adi!
26 Ná ehia sɛ Kristo no hu saa amane yi nyinaa+ na ɔkɔ n’anuonyam mu.+ Ɛnte saa?”
27 Na ne ho nsɛm a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nyinaa, ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn; ɔhyɛɛ ase fii nea Mose ne Adiyifo no nyinaa+ kyerɛwee so.
28 Awiei koraa no, wɔbɛn akuraa a na wɔrekɔ ase no, na ɔyɛe sɛ nea ɔretoa so akɔ n’anim.
29 Nanso wɔsrɛɛ no ara sɛ: “Tena yɛn nkyɛn, efisɛ owia rekɔtɔ, na ade reyɛ asa.” Enti ɔne wɔn kɔe, na ɔtenaa wɔn nkyɛn.
30 Na bere a ɔne wɔn redidi* no, ɔfaa paanoo, ohyiraa so, na obubuu mu. Na ofii ase de maa wɔn.+
31 Ɛnna wɔn ani buei, na wohui sɛ ɛyɛ ɔno; nanso ɔyera fii wɔn nkyɛn.+
32 Na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Bere a ɔne yɛn rekasa wɔ ɔkwan so, na ɔrekyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye* akyerɛ yɛn no, anka* yɛn koma anaa?”
33 Na saa bere no ara, wɔsɔree, na wɔsan kɔɔ Yerusalem, na wokohuu Dubaako no ne wɔn a wɔka wɔn ho no sɛ wɔahyiam.
34 Ná wɔreka sɛ: “Ampa, wɔanyan Awurade, na oyii ne ho adi kyerɛɛ Simon!”+
35 Ɛnna wɔn nso kaa nsɛm a esii wɔ kwan so, ne sɛnea obubuu paanoo a ɛma wohui sɛ ɛyɛ ɔno no.+
36 Bere a wogu so reka eyinom nyinaa no, ɔno ankasa begyinaa wɔn mfinimfini ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoe nka mo.”+
37 Nanso esiane sɛ na ehu aka wɔn na wosuro nti, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔahu honhom bi.
38 Enti obisaa wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo koma atu, na adɛn nti na mo koma nsi mo pi?
39 Monhwɛ me nsa ne me nan, na munhu sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, efisɛ honhom nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”
40 Bere a ɔkaa eyi no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.
41 Nanso anigye ne ahodwiriw nti, na wɔda so ara nnye nni. Enti obisaa wɔn sɛ: “Mowɔ aduan wɔ hɔ?”
42 Ɛnna wɔmaa no apataa sin bi a wɔatoto,
43 na ogye wee wɔ wɔn anim.
44 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Eyi ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo bere a na meda so ka mo ho no.+ Meka kyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ biribiara a wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose Mmara ne Adiyifo no ne Nnwom no mu no ba mu.”+
45 Afei obuee wɔn adwene mu yiye ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.+
46 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea wɔakyerɛw ni: Kristo no behu amane, na da a ɛto so abiɛsa no wasɔre afi awufo mu,+
47 na ne din na wobegyina so aka akyerɛ amanaman+ nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn;+ Yerusalem na wobefi ase afi.+
48 Mo na mobɛyɛ nneɛma yi ho adansefo.+
49 Na hwɛ! meresoma nea m’Agya ahyɛ ho bɔ no aba mo so. Enti montena kurow no mu nkosi sɛ mubenya tumi afi soro.”+
50 Na odii wɔn anim de wɔn puei, na ɔde wɔn kɔe ara koduu Betania, na ɔmaa ne nsa so hyiraa wɔn.
51 Bere a ogu so rehyira wɔn no, ɔne wɔn ntam twee, na wɔmaa no so kɔɔ soro.+
52 Na wɔkotow no, na wɔsan de anigye kɛse baa Yerusalem.+
53 Na daa na wɔwɔ asɔrefi hɔ reyi Onyankopɔn ayɛ.+

