Sefania 1:1-18

  • Yehowa atemmu da no abɛn (1-18)

    • Yehowa da no de mmirikatɛntɛ reba (14)

    • Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ rentumi nnye nkwa (18)

1  Yehowa asɛm baa Sefania* a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba no nkyɛn. Ɛbaa ne nkyɛn wɔ Amon ba+ Yosia+ a ɔyɛ Yuda hene no bere so. Asɛm no ni:   “Mɛpra biribiara afi asaase so akɔ; ɛrenka hwee wɔ so,” Yehowa asɛm ni.+   “Mɛpra onipa ne aboa akɔ. Mɛpra wim nnomaa ne po mu mpataa,+Ne hintidua*+ ne abɔnefo nyinaa akɔ.Na mɛpra nnipa afi asaase so,” Yehowa asɛm ni.   “Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda so,Ne Yerusalemfo nyinaa so,Na mɛpra Baal ho biribiara afi ha,+Na wɔrenkae akɔmfo* ne asɔfo no din bio.+   Mɛpra wɔn a wɔkɔ adan atifi kɔkotow ɔsoro asafo no akɔ.+Na wɔn a wɔkotow Yehowa na wɔka no ntam,+A wotwa wɔn ho ka Malkam ntam no,+ mɛpra wɔn akɔ;   Mɛpra wɔn a wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho no akɔ,+Ne wɔn a wɔnhwehwɛ Yehowa, ne wɔn a wɔnhwehwɛ n’akwankyerɛ nyinaa.”+   Monyɛ komm wɔ Awurade Tumfo Yehowa anim, efisɛ Yehowa da no abɛn.+ Yehowa asiesie afɔre, na watew wɔn a wafrɛ wɔn no ho.   “Sɛ da a Yehowa bɛbɔ afɔre no du a, mɛtwe adehye aso,Na matwe ahemfo mma+ ne wɔn a wɔhyɛ ahɔho ntaade nyinaa aso.   Saa da no, mɛtwe obiara a ɔforo bamma* aso,Na matwe wɔn a wɔde basabasayɛ ne nnaadaasɛm hyɛ wɔn wuranom afi ma no aso. 10  Saa da no,” Yehowa asɛm ni,“Wɔbɛte osũ denneennen wɔ Mpataa Pon no ano,+Na wɔbɛte osũ ne nteɛteɛm wɔ kurow no Fã a Ɛto So Abien no mu,+Na wɔbɛte ɔsɛe kɛse wɔ nkoko no so. 11  Maktesfo,* munsu nteɛteɛm,Efisɛ wɔakunkum aguadifo no nyinaa,*Na wɔasɛe wɔn a wɔkari dwetɛ no nyinaa. 12  Saa bere no, mɛtɔ me bo ase de nkanea ahwehwɛ Yerusalem kurow no mu.Na wɔn a wogye wɔn ho di* a wɔka wɔ wɔn komam sɛ,‘Yehowa renyɛ papa, na ɔrenyɛ bɔne’+ no, mɛtwe wɔn aso. 13  Nkurɔfo bɛfom wɔn ahonyade, na wɔn afi bɛsɛe pasaa.+ Wobesisi adan, nanso wɔrentena mu;Wɔbɛyeyɛ bobe mfuw,* nanso wɔrennya emu nsã nnom.+ 14  Yehowa da kɛse no abɛn!+ Abɛn, na ɛde mmirika reba!*+ Yehowa da no nnyigyei yɛ hu sɛ.+ Ɛhɔ na ɔsabarima bɛteɛteɛm.+ 15  Saa da no yɛ abufuhyew da,+Amanehunu ne ahoyeraw da,+Mframa kɛse ne ɔsɛe pasaa da,Esum ne kusuu da,+Omununkum ne esum kabii da,+ 16  Abɛn ne ɔko nteɛm da,+Na ɛbɛba nkurow a wɔabɔ ho ban ne ntwea so aban atenten so.+ 17  Mɛma nnipa ho ayeraw wɔn,Na wɔanantew sɛ anifuraefo,+Efisɛ Yehowa na wɔayɛ no bɔne.+ Na wobehwie wɔn mogya agu te sɛ mfuturu,Na wɔn honam* ayɛ sɛ tiafi.+ 18  Na wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ rentumi nnye wɔn Yehowa abufuw da no;+Na n’ani a abere sɛ ogya no bɛma asaase no nyinaa ahyew,+Efisɛ ɔde ɔsɛe kɛse bɛba; ɔsɛe a ɛyɛ hu paa na ɔde bekunkum wɔn a wɔtete asaase so nyinaa.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nea ɛkyerɛ ne “Yehowa De Asie (Wɔde Ahintaw).”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ abosonsom ho nneɛma.
Anaa “anyame foforo asɔfo.”
Anaa “pato.” Ebetumi akyerɛ baabi a ɔhene agua si.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Yerusalem kurow no fã a ɛbɛn Mpataa Pon no.
Anaa “wɔama aguadifo no nyinaa ayɛ komm.”
Nt., “wɔn a wɔte sɛ nsã a ada ase.”
Anaa “bobe nturo.”
Anaa “ɛde mmirikatɛntɛ reba!”
Nt., “nsono.”