Mmebusɛm 8:1-36
8 Ɛnyɛ nyansa na ɛreteɛm yi?
Na ɛnyɛ nhumu na ama ne nne so yi?+
2 Egyina baabi a ɛwɔ soro+ wɔ kwan ho,Wɔ nkwanta so.
3 Egyina kurow apon ano,Wɔ abobow ano,Ɛkɔ so teɛm denneennen sɛ:+
4 “Mo, nnipa, mo na merefrɛ mo;Mema me nne so frɛ obiara.*
5 Mo, agyimifo, momma mo ani ntew;+Mo, nkwaseafo, munnya ntease koma.
6 Muntie, efisɛ nea mereka no ho hia,Na m’ano ka nea ɛteɛ.
7 Efisɛ m’ano ka nokware; ɛka no brɛoo,Na m’ano kyi abɔnefosɛm.
8 M’anom nsɛm nyinaa yɛ trenee.
Nkontomposɛm ne nsɛm a akyinkyim biara nni mu.
9 Ne nyinaa teɛ* ma wɔn a wɔwɔ nhumu,Na eye ma wɔn a wɔanya nimdeɛ.
10 Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ,Na momfa nimdeɛ, na ɛnyɛ sika kɔkɔɔ amapa,+
11 Efisɛ nyansa ye sen ɛpo mu abohene,*Na ade a ɛsom bo biara ne no nsɛ.
12 Me, nyansa, me ne anitew na ɛte;Manya nimdeɛ ne adwempa.+
13 Nea Yehowa suro kyerɛ ne sɛ wobɛtan bɔne.+
Mikyi ahomaso+ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne nkontomposɛm.+
14 Mewɔ afotu pa ne nyansa;*+Ntease+ ne tumi+ yɛ me dea.
15 Me na ahemfo nam me so di tumi,Na atumfo nam me so hyɛ adetrenee ho mmara.+
16 Me na adehye nam me so di tumi,Na atitiriw nam me so bu atɛn wɔ trenee mu.
17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me,Na wɔn a wɔhwehwɛ me no behu me.+
18 Mewɔ ahonyade ne anuonyam,Ahode* a ɛwɔ hɔ daa ne trenee.
19 M’aba ye sen sika kɔkɔɔ, ɛsen sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ mpo,Na nea mede ma no, ɛsen dwetɛ amapa.+
20 Menantew trenee kwan so,Atɛntrenee anammɔnkwan mfinimfini;
21 Mede agyapade a ɛsom bo ma wɔn a wɔdɔ me,Na mede nneɛma hyɛ wɔn adekoradan ma.
22 Yehowa bɔɔ me de fii ne kwan* ase,+Ne nnwuma a efi teteete no mu nea edi kan.+
23 Ɔde me sii hɔ fii teteete,+Mfiase pɛɛ, ansa koraa na asaase reba.+
24 Bere a subun biara nni hɔ no,+ na wɔawo me,*Bere a nsuti biara nni hɔ a nsu pii tene fi mu no.
25 Ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ,Na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me,
26 Bere a onnya nyɛɛ asaase ne kwae a ɛwɔ so,Na omfii ase nyɛɛ asaase so dɔte no.
27 Bere a osiesiee ɔsoro no,+ na mewɔ hɔ;Bere a otwaa nsu ani kanko,*+
28 Bere a ɔde mununkum sensɛn ɔsoro,*Na ɔyɛɛ subun no asuti,
29 Bere a ɔhyɛɛ mmara maa ɛpoSɛ ɛnsɛ sɛ emu nsu bu ne mmara so,+Bere a ɔtoo asaase fapem no,*
30 Ná mewɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a onim adwuma paa.+
Me na na ɔpɛ m’asɛm yiye+ daa nyinaa;M’ani gyee n’anim daa.+
31 M’ani gyee n’asaase a ɔyɛe sɛ nnipa ntena so no ho,Na nnipa mma* na na wɔda me koma so.
32 Enti afei me mma, muntie me;Yiw, anigye ne wɔn a wɔfa m’akwan so.
33 Tie nteɛso+ na hu nyansa,Na mmu w’ani ngu so da.
34 Anigye ne onipa a otie me:Daa nyinaa, ɔba m’abobow ano anɔpatutuutu,Ɔtwɛn wɔ me pon ano;*
35 Efisɛ nea ohu me no benya nkwa,+Na Yehowa begye no atom.
36 Nanso nea obu n’ani gu me so no, opira ne ho,*Na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Nt., “nnipa mma.”
^ Anaa “mu da hɔ.”
^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “nyansa a wɔde bɔ bra.”
^ Anaa “Agyapade.”
^ Anaa “n’adwuma.”
^ Anaa “wɔakyem yayaayaw awo me.”
^ Anaa “Bere a ɔyɛɛ baabi a ayɛ sɛ nea wim ne po reyɛ abom no.”
^ Nt., “ɔde tim hɔ pintinn.”
^ Anaa “otwaa asaase hye no.”
^ Anaa “adasamma.”
^ Anaa “m’apongua ho.”
^ Anaa “opira ne kra.”