Mateo Asɛmpa 3:1-17
3 Nna no mu no, Yohane+ Suboni bɛkaa asɛm+ wɔ Yudea sare so.
2 Ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahenni no abɛn.”+
3 Nokwarem no, oyi ne nea wɔnam odiyifo Yesaia+ so kaa ne ho asɛm sɛ: “Obi reteɛm wɔ sare so sɛ: ‘Munsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.’”+
4 Ná Yohane hyɛ ataade a wɔde yoma nwi ayɛ, na na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen.+ Aduan a na odi yɛ mmebɛw ne ɛwo.*+
5 Na nnipa fi Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Yordan mantam nyinaa mu kɔɔ ne nkyɛn,+
6 na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu,*+ na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne.
7 Bere a ohuu Farisifo ne Sadukifo+ bebree sɛ wɔreba baabi a ɔrebɔ asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nhurutoa* mma,+ hena na ɔka kyerɛɛ mo sɛ munguan abufuw a ɛreba no?+
8 Ɛnde monsow aba a ɛkyerɛ sɛ moasakra mo adwene.
9 Ɛnsɛ sɛ mokeka kyerɛ mo ho sɛ, ‘Yɛn agya ne Abraham.’+ Na mereka akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn betumi ama Abraham anya mma afi abo yi mu.
10 Abonnua no da nnua no ntini ho dedaw. Enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa de agu ogya mu.+
11 Me de, esiane mo adwensakra nti,+ mede nsu na ɛbɔ mo asu. Nanso nea odi m’akyi reba no wɔ tumi sen me, na memfata sɛ mɛworɔw ne mpaboa.+ Ɔno na ɔde honhom kronkron ne ogya+ bɛbɔ mo asu.+
12 Ne sofi a ɔde huw hwiit so kura ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea hɔ fitafita, na waboaboa ne hwiit ano agu adekoradan mu, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya+ a ennum da bɛhyew.”
13 Afei Yesu fii Galilea baa Yohane nkyɛn wɔ Yordan ho sɛ ɔmmɔ no asu.+
14 Nanso Yohane yɛe sɛ obesiw no kwan, na obisae sɛ: “Me a ehia sɛ wobɔ me asu no, wo mmom na woreba me nkyɛn?”
15 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Saa bere yi de pene so, na ɛno ne ɔkwampa a yɛbɛfa so adi nea ɛteɛ nyinaa so.” Enti wansiw no kwan bio.
16 Bere a ɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ntɛm ara na Yesu fii nsu no mu puei, na hwɛ! ɔsoro buei,+ na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian aba no so te sɛ aburuburuw.+
17 Na hwɛ! Nne bi fi soro+ kae sɛ: “Oyi ne me Ba,+ nea medɔ no na magye no atom.”+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Kyerɛ sɛ, wuram ɛwo.
^ Anaa “ɔde wɔn nuu Asubɔnten Yordan mu; ɔde wɔn wuraa Asubɔnten Yordan mu.”
^ Wɔyɛ awɔ bi a wɔn ano wɔ bɔre paa.