Nnwom 60:1-12

  • Onyankopɔn di atamfo so nkonim

    • Nkwagye a efi onipa hɔ de, mfaso nni so (11)

    • “Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden” (12)

Wɔde ma dwom kyerɛfo; ɔkwan a wɔfa so to no: “Sukooko Nkae.” Miktam.* Dawid dwom. Wɔde kyerɛkyerɛ. Saa bere no, na ɔne Aram-Naharaim ne Aram-Soba ako ma Yoab abekunkum Edomfo 12,000 wɔ Nkyene Bon no mu.+ 60  O Onyankopɔn, wotow yɛn kyenee, na wotow hyɛɛ yɛn so.+ Wo bo fuw yɛn. Nanso afei de, gye yɛn tom bio.  2  Womaa asaase wosowee, womaa emu paapaee. Keka si anim bio, na ɛretetew apansam.  3  Woama wo man ahu amane. Woama yɛanom nsã* ama yɛn ti sisi fam.+  4  Wɔn a wosuro wo no, ma wɔn ahyɛnsode*Na wɔatumi aguan agyan. (Sela)  5  Nea ɛbɛyɛ a w’adɔfo benya ogye no,Fa wo nsa nifa gye yɛn, na tie yɛn adesrɛ.+  6  Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no aka* sɛ: “Medi ahurusi, mede Sekem bɛma wɔn sɛ wɔn kyɛfa,+Na mesusuw Sukot Bon* ama wɔn.+  7  Gilead yɛ me dea, Manase+ nso wɔ me,Na Efraim yɛ dade kyɛw* a ɛhyɛ me;Yuda yɛ m’ahempoma.*+  8  Moab yɛ ade a mehohoro me nsa wom.*+ Edom na mɛtow me mpaboa ato.+ Mɛbɔ ose wɔ Filistia ho.”+  9  Hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔatwa ho ahyia* no mu? Hena na obedi m’anim akodu Edom?+ 10  O Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woatow yɛn akyene?Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔko bio no?+ 11  Gye yɛn fi ahohia mu,Efisɛ nkwagye a efi onipa hɔ de, mfaso nni so.+ 12  Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden,+Na ɔno na obetiatia yɛn atamfo so.+

Ase Hɔ Nsɛm

^ Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “bobesa.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “woama wɔn ahyɛnsode.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn aka wɔ ne kronkronbea.”
^ Anaa “Asaasetraa.”
^ Hebri asɛmfua no kyerɛ poma tenten bi a ɛkyerɛ hokwan a onipa titiriw bi wɔ sɛ ɔhyehyɛ mmara ma nkurɔfo.
^ Nt., “abannennen.”
^ Nt., “me guasɛn a mehohoro me nsa anaa me nan ho wom.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “kurow a wɔagye ho ban.”