Deuteronomium 32:1-52

  • Mose dwom (1-47)

    • Yehowa ne Ɔbotan no (4)

    • Israel werɛ fii ne Botan no (18)

    • “Me na mitua bɔne so ka” (35)

    • “Amanaman, mo ne ne man ani nnye” (43)

  • Mose bewu wɔ Nebo Bepɔw so (48-52)

32  O ɔsoro, yɛ aso na menkasa;Ma asaase nso ntie m’anom asɛm.  2  Me nkyerɛkyerɛ bɛtɔ te sɛ osu,Na m’asɛm bɛsosɔ te sɛ obosu;Ɛbɛyɛ sɛ osu a ɛretɔ brɛoo gu sare soNe osu a ɛregugu afifideso yɔɔ.  3  Mɛbɔ Yehowa din.+ Yɛn Nyankopɔn no, monka n’anuonyam ho asɛm!+  4  Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ,+Na n’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+  5  Wɔn na wɔafa bɔne kwan so;+ Wɔnyɛ ne mma; mfomso no fi wɔn ankasa.+ Wɔyɛ awo ntoatoaso a akɔntɔn na akyea!+  6  Ɔman nkwaseafo a munnim nyansa,+Enti Yehowa paa na moyɛ no saa yi?+ Ɛnyɛ ɔno ne mo Agya a ɔde mo baa wiase?+Ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ mo na ɔmaa mo ase timii?  7  Monkae tete no,Monkae nea ɛtoo awo ntoatoaso a abɛsen kɔ no. Bisa wo papa, na ɔbɛkyerɛ wo,+Ne wo mpanyimfo, na wɔbɛka akyerɛ wo.  8  Bere a Ɔsorosoroni no de aman no agyapade maa wɔn,+Na ɔpaapaee Adam mma* mu no,+Ɔhwɛɛ Israel mma dodow+Twaa ɔman biara hye maa no.+  9  Yehowa man ne ne kyɛfa;+Yakob ne n’agyapade.+ 10  Ohuu no wɔ sare so,+Sare pradadaa a mmoa resu wɔ so.+ Otwaa ne ho hyiae na ɔhwɛɛ no so;+Ɔbɔɔ ne ho ban te sɛ n’ani kosua.+ 11  Sɛnea ɔkɔre wosow ne buw,Otu fa ne mma so,Ɔtrɛw ne ntaban mu, na ɔfa wɔnDe wɔn gu ne ntaban so no,+ 12  Saa ara na Yehowa nkutoo dii n’anim;*+Ná onyame foforo biara nka ne ho.+ 13  Ɔma ɔfaa asaase so nkoko so,+Na odii asaase no so nnɔbae.+ Ɔde ɛwo a efi ɔbotan mu maa no dii,Na ɔmaa no ngo a efi ɔbotan a ɛyɛ den mu. 14  Ɔmaa no nantwi bɔta ne nguan nufusu,Ne nguan a wodi mu paa,*Ne Basan adwennini, ne mpapo,Ne hwiit papa;*+Bobe mu nsu* na wonomee. 15  Bere a Yesurun* yɛɛ kɛse no, ɔyɛɛ asoɔden totow ne nan. Yesurun, woayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru, woabɔ ma.+ Enti ɔpoo Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,+Na obuu ne nkwagye Botan no animtiaa. 16  Wɔde anyame foforo hyɛɛ no abufuw;+Na wɔyɛɛ akyiwade maa ne bo fuwii.+ 17  Wɔbɔɔ afɔre maa ahonhommɔne,* na ɛnyɛ Onyankopɔn;+Anyame a wonnim wɔn,Anyame a wɔbae nkyɛe koraa,Anyame a na mo agyanom nnim wɔn. 18  Ɔbotan a ɔwoo wo no, wo werɛ fii no,+Na Onyankopɔn a ɔde wo baa wiase no, woankae no.+ 19  Bere a Yehowa huu saa no, ɔpoo wɔn,+Efisɛ ne mma mmarima ne ne mma mmea hyɛɛ no abufuw. 20  Enti ɔkae sɛ, ‘Ma minyi m’ani mfi wɔn so;+Ma menhwɛ sɛnea ebewie wɔn. Efisɛ wɔyɛ awo ntoatoaso nkontompofo,+Mma a nokware biara nni wɔn mu.+ 21  Wɔde anyamehunu ahyɛ me abufuw;+Wɔn abosonhunu nti me bo afuw;+ Me nso, mede ɔman hunu behuru wɔn bo;+Na mede ɔman agyimifo bɛhyɛ wɔn ahometew.+ 22  M’abufuw asɔ gya,+Na ɛbɛdɛw akosi Ɔdamoa* ase tɔnn.+Ɛbɛhyew asaase ne ɛso nneɛma,Na ɛde ogya ato mmepɔw nnyinaso mu. 23  Mɛma wɔn haw adɔɔso,Na wɔn so na mɛma m’agyan nyinaa akɔ. 24  Ɔkɔm bɛma wɔayɛ mmerɛw+Na atiridii ne ɔsɛe yawyaw amene wɔn.+ Mɛsoma nkekaboa akɔ wɔn so,+Ne awɔ a wɔwɔ mfuturu mu a wɔn ano wɔ bɔre. 25  Sekan bekunkum wɔn adɔfo wɔ abɔnten,+Na wɔbɛbɔ hu wɔ dan mu;+Mmerante ne mmabaa,Nkokoaa ne wɔn a wɔafuw dwen nyinaa, ehu bɛka wɔn.+ 26  Anka mɛka sɛ: “Mɛbɔ wɔn ahwete,Na mɛma wɔn din ayera afi nnipa mu,” 27  Nanso misuro nea atamfo bɛka,+Efisɛ anhwɛ a atamfo no bɛkyea asɛm no+ Na wɔaka sɛ: “Yɛakyerɛ yɛn tumi,+Ɛnyɛ Yehowa na ɔyɛe.” 28  Wɔyɛ ɔman a nyansa abɔ wɔn,*Na wɔne nhumu abɔ nsianho.+ 29  Sɛ wonim nyansa a,+ anka wobedwen asɛm yi ho,+ Anka wobedwen nea ɛbɛto wɔn no ho.+ 30  Ɔbaakofo bɛyɛ dɛn apam nnipa 1,000,Na ɛbɛyɛ dɛn na nnipa baanu atumi ama nnipa 10,000 aguan?+ Gye sɛ wɔn Botan no atɔn wɔn,+Na Yehowa ayi wɔn ama. 31  Wɔn botan no nte sɛ yɛn Botan no,+Na yɛn atamfo mpo nim saa.+ 32  Wɔn bobe yɛ Sodom bobe,Efi Gomora mfuw mu.+ Wɔn bobe aba yɛ awuduru;Wɔn bobe yɛ nwene.+ 33  Wɔn nsã yɛ ɔwɔ bɔre,Ɔprammiri bɔre a edi awu. 34  Makora so wɔ me nkyɛn,Na masɔ ano wɔ m’adekoradan mu.+ 35  Me na mitua bɔne so ka,* enti me na metua ka+Bere a wɔn nan awatiriw no,+Efisɛ mmusu a ɛreba wɔn so no abɛn,Na nea ɛda hɔ retwɛn wɔn no bɛba ntɛm.’ 36  Yehowa bebu ne nkurɔfo atɛn+Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,*+Efisɛ obehu sɛ wɔn ahoɔden asa,Na nnipahunu a wɔmfa wɔn nyɛ hwee nkutoo na wɔaka. 37  Afei ɔbɛka sɛ, ‘Wɔn anyame no wɔ he?+Ɔbotan a wɔde no yɛɛ guankɔbea no wɔ he? 38  Wɔn na wodii wɔn afɔrebɔ srade no,Na wɔnom wɔn afɔrebɔ nsã no.+ Ma wɔnsɔre mmoa mo. Momfa wɔn nyɛ mo guankɔbea. 39  Afei munhu sɛ mene Onyankopɔn+Na anyame biara nka me ho.+ Mikum, na migye nkwa.+ Mipira,+ na mesa,+Na obiara rentumi nnye obi mfi me nsam.+ 40  Mede me nsa kyerɛ ɔsoro ka ntam,Na meka sɛ: “Mete ase daa yi,”+ 41  Sɛ mesew me sekan hyɛnhyɛn no ano,Na misiesie me ho ma atemmu a,+Metua m’atamfo so ka+Na matwe wɔn a wɔtan me no aso. 42  Mɛma mogya abow m’agyan,Na me sekan bedi nam;Ɛbɛnom wɔn a wɔakunkum wɔn ne wɔn a wɔakyere wɔn no mogya,Na ebetwitwa wɔn a wodi atamfo anim no ti.’ 43  Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+Obetua n’atamfo so ka,+Obebisa ne nkoa mogya afi wɔn nsam,+Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfo asaase.”* 44  Afei Mose ne Nun ba Hosea*+ bɛkaa nnwom yi mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ ɔman no.+ 45  Bere a Mose kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo nyinaa wiei no, 46  ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma nsɛm a mede rebɔ mo kɔkɔ nnɛ yi nyinaa nna mo koma so,+ na moaka akyerɛ mo mma, na wɔadi Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.+ 47  Nsɛm yi nyɛ nsɛnhunu, na mmom ɛno na mo nkwa gyina so,+ na nsɛm yi na ɛbɛma moatena ase akyɛ wɔ asaase a moretwa Yordan akɔfa no so.” 48  Yehowa ka kyerɛɛ Mose saa da no ara sɛ: 49  “Foro kɔ Abarim mmepɔw yi so+ kogyina Nebo Bepɔw+ a ɛwɔ Moab asaase so no so, beae a ɛne Yeriko di nhwɛanim no, na hwɛ Kaanan asaase a mede rema Israelfo no.+ 50  Na wubewu wɔ bepɔw a worekɔ so no so, na wɔde wo bɛkɔ akɔka w’agyanom ho,* sɛnea wo nua Aaron wui wɔ Hor Bepɔw+ so na wɔde no kɔkaa n’agyanom ho no, 51  efisɛ mo baanu no anni me nokware wɔ Israelfo mu bere a mowɔ Meriba nsu+ a ɛwɔ Kades no ho wɔ Sina sare so no; moanyɛ me kronkron wɔ Israelfo no mu.+ 52  Wode w’ani behu asaase a mede rema Israelfo no wɔ akyirikyiri, nanso wo nan rensi hɔ.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “adasamma abusua.”
Kyerɛ sɛ, odii Yakob anim.
Nt., “nguan srade.”
Nt., “hwiit mu srade.”
Nt., “Bobe mu mogya.”
Ɛkyerɛ, “Nea Ɔteɛ.” Ɛyɛ abodin a wɔde maa Israel.
Anaa “adaemone.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ebetumi nso akyerɛ, “wɔasisiw wɔn aso wɔ afotu ho.”
Anaa “Aweredi wɔ me.”
Anaa “bɛyɛ no yaw.”
Anaa “ɔbɛtew ne man asaase ho.”
Ɛno ne Yosua din paa. Hosea yɛ edin Hosaia a wɔatwa no tiaa. Ɛkyerɛ “Yah Agye No.”
Ɛyɛ kasakoa a egyina hɔ ma owu.