Ɔde Kɔmaa Romafo 5:1-21

  • Wɔnam Kristo so asiesie yɛne Onyankopɔn ntam (1-11)

  • Owu nam Adam so na ɛbae; nkwa nam Kristo so na ɛbae (12-21)

    • Bɔne ne owu trɛw kaa obiara (12)

    • Adetrenee baako (18)

5  Enti, seesei a gyidi nti wɔabu yɛn sɛ yɛyɛ atreneefo+ yi, momma yɛmfa yɛn Awurade Yesu Kristo so na yɛne Onyankopɔn ntena asomdwoe mu.*+ 2  Yesu mu gyidi nti, yɛasan anya kwan abɛn Onyankopɔn, na yɛanya saa adom yi. Saa adom no na yɛwɔ mu* seesei.+ Na anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya Onyankopɔn anuonyam nti, momma yenni ahurusi.* 3  Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom sɛ yɛwɔ amanehunu mu+ a, momma yenni ahurusi,* efisɛ yenim sɛ amanehunu de animia ba;+ 4  animia nso de Onyankopɔn mpeneso ba;+ Onyankopɔn mpeneso nso de anidaso ba,+ 5  na anidaso no nni huammɔ;+ efisɛ wɔnam honhom kronkron a wɔde ama yɛn+ no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn koma mu. 6  Nokwarem no, bere a yɛda so yɛ mmerɛw no,+ Kristo wu maa nnipa abɔnefo wɔ bere a na wɔahyɛ no mu. 7  Ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama onipa trenee; na onipa pa de, ebia obi besi ne bo sɛ obewu ama no. 8  Nanso Onyankopɔn ama yɛahu sɛ ɔdɔ yɛn, efisɛ bere a yɛda so yɛ abɔnefo no, Kristo wu maa yɛn.+ 9  Ɛnde seesei a wɔnam ne mogya so abu yɛn atreneefo+ no, sɛnea ɛte biara, wɔnam no so begye yɛn afi abufuw mu.+ 10  Na sɛ bere a na yɛyɛ atamfo no, wɔnam ne Ba no wu so siesiee yɛne Onyankopɔn ntam+ a, ɛnde afei a wɔasiesie yɛne no ntam yi, wɔnam ne nkwa so begye yɛn aboro so. 11  Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yɛn Awurade Yesu Kristo a seesei yɛnam no so asiesie yɛne Onyankopɔn ntam no nti, yɛredi Onyankopɔn mu ahurusi nso.+ 12  Ɛno nti, ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae,+ na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.+ 13  Ná bɔne wɔ wiase ansa na Mmara no reba, nanso sɛ mmara nni hɔ a, wommu obiara fɔ wɔ bɔne ho.+ 14  Ne nyinaa mu no, owu dii hene fii Adam so besii Mose so, na wɔn a wɔanyɛ bɔne sɛnea Adam yɛɛ bɔne no mpo, edii wɔn so hene. Ná Adam te sɛ nea ɔbɛba no.+ 15  Nanso akyɛde no nte sɛ mfomso no. Efisɛ onipa baako mfomso nti, nnipa bebree wui, nanso Onyankopɔn adom ne n’akyɛde a ɔnam onipa baako, Yesu Kristo adom so+ de ama no de, aboro so* ama nnipa bebree!+ 16  Bio nso, nea efi akyɛde no mu bae ne nea efi bɔne a onipa baako no yɛe mu bae no nyɛ pɛ.+ Efisɛ mfomso baako ma wobuu nnipa bebree fɔ,+ nanso akyɛde a edii mfomso pii akyi bae no ma wobuu nnipa bebree atreneefo.+ 17  Na sɛ onipa baako no mfomso nti, owu nam saa onipa no so dii hene+ a, ɛnde nea ɛsen saa no, wɔn a wonya adom ne trenee akyɛde+ boro so no nam ɔbaakofo, Yesu Kristo+ so bedi hene+ wɔ nkwa mu. 18  Enti afei, sɛnea mfomso baako de afobu baa nnipa ahorow nyinaa so+ no, saa ara na adetrenee baako ma wobu nnipa ahorow nyinaa+ atreneefo ma nkwa.+ 19  Na sɛnea onipa baako no asoɔden maa nnipa bebree bɛyɛɛ abɔnefo+ no, saa ara na ɔbaakofo no setie bɛma nnipa bebree ayɛ atreneefo.+ 20  Na Mmara no bae sɛnea ɛbɛyɛ a mfomso bɛdɔɔso.+ Nanso bere a bɔne dɔɔso no, adom dɔɔso boroo so. 21  Adɛn nti na ɛbaa saa? Ɛbaa saa, na sɛnea bɔne ne owu dii hene+ no, adom nso nam trenee so adi hene, na ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so akowie daa nkwa mu.+

Ase Hɔ Nsɛm

^ Ebetumi nso akyerɛ, “yɛn Awurade Yesu Kristo nti, yɛne Onyankopɔn wɔ asomdwoe.”
^ Anaa “yegyina mu.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “yedi ahurusi.”
^ Ebetumi nso akyerɛ, “yedi ahurusi.”
^ Anaa “abu so.”