Mateo Asɛmpa 28:1-20
28 Homeda no akyi, nnawɔtwe no da a edi kan ahemanakye no, Maria Magdalene ne Maria baako no kɔhwɛɛ ɔda no.+
2 Na hwɛ! Ná asaasewosow kɛse bi asi, efisɛ na Yehowa* bɔfo asian fi soro abepia ɔbo no afi hɔ, na na ɔte so.+
3 Ná ɔbɔfo no hyerɛn te sɛ anyinam, na n’ataade yɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.+
4 Ne ho hu nti, asraafo no ho popoe, na ɛyɛe sɛ nea wɔawuwu.
5 Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no sɛ: “Munnsuro, na minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu kum no+ no.
6 Onni ha, efisɛ wɔanyan no sɛnea ɔkae no.+ Mommra, mommɛhwɛ faako a na ɔda no.
7 Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wasɔre afi awufo mu. Na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea,+ na ɛhɔ na mubehu no. Hwɛ! Maka akyerɛ mo.”+
8 Enti wofii ɔda no ho ntɛm ara, na wɔde ehu ne anigye kɛse tuu mmirika sɛ wɔrekɔbɔ n’asuafo no amanneɛ.+
9 Na hwɛ! Yesu hyiaa wɔn, na ɔkae sɛ: “Asomdwoe nka mo!” Ɛnna wɔkɔɔ ne nkyɛn kosoo ne nan kotow no.
10 Na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wobehu me.”
11 Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, asraafo+ no bi kɔɔ kurow no mu, na wɔkɔkaa nea asi nyinaa kyerɛɛ asɔfo mpanyin no.
12 Na bere a asɔfo mpanyin no ne mpanyimfo no hyiae na wɔbɔɔ pɔw no, wɔmaa asraafo no sika* bebree
13 na wɔkae sɛ: “Monka sɛ, ‘Anadwo a yɛdedae no na n’asuafo no bae bewiaa no.’+
14 Na sɛ amrado no te a, yɛbɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu akyerɛ no,* enti munnsuro.”
15 Ɛnna wogyee sika* no, na wɔyɛɛ nea wɔakyerɛ wɔn no. Na asɛm yi trɛwee wɔ Yudafo mu de besi nnɛ.
16 Na asuafo 11 no kɔɔ Galilea,+ na wɔkɔɔ bepɔw a na Yesu akyerɛ sɛ wonkohyia wɔ so no so.+
17 Bere a wohuu no no, wɔkotow no. Nanso ebinom adwenem yɛɛ wɔn nãã.
18 Na Yesu baa wɔn nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama me.+
19 Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo,+ mommɔ wɔn asu+ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu,
20 monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.+ Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa kosi wiase yi* awiei bere.”+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Nt., “dwetɛ sika.”
^ Nt., “yɛne no bɛka.”
^ Nt., “nnwetɛbona.”
^ Anaa “bere yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.