Mmebusɛm 7:1-27

  • Di Onyankopɔn mmara so na nya nkwa (1-5)

  • Aberante gyimifo bi; ɔbea bi de n’ano dɛdɛɛdɛ nyaa no (6-27)

    • ‘Ɔte sɛ nantwi a wɔrekokum no’ (22)

7  Me ba, di m’anom asɛm so,Na fa me mmara nsɛm sie.+  2  Di me mmara nsɛm so na nya nkwa;+Bɔ m’akwankyerɛ* ho ban te sɛ w’ani kosua.  3  Fa kyekyere wo nsateaa,Na kyerɛw wɔ wo koma pon so.+  4  Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Me nuabea ne wo,” Na frɛ ntease sɛ, “me busuani.”  5  Ɛbɛbɔ wo ho ban afi ɔbea a waman* ho,+Na abɔ wo ho ban afi ɔbea a ne bra asɛe* a n’ano yɛ dɛ* ho.+  6  Mehwɛɛ me fi mfɛnsere mu,Me fi nkantankantan mu, mehwɛɛ fam;  7  Mehwɛɛ agyimifo,Na mihuu aberante bi a onnim nyansa* wɔ mmabun no mu.+  8  Ɔkɔfaa baabi a ɛbɛn ɔbea no nkwanta so,Na ɔfaa ɔbea no fi kwan so,  9  Anwummere a anim rebiribiri,+Bere a ade resa na esum reba no. 10  Ɛnna mihui sɛ ɔbea bi rehyia no.Wasiesie ne ho te sɛ tuutuuni,*+ na ɔwɔ nnaadaa koma. 11  Ɔyɛ peterepetere, na wasorow.+ Ɔntena* fie. 12  Wobɛhwɛ na ɔnam abɔnten, wobɛhwɛ na ogyina gua so,Ɔtetɛw mmantwea baabiara.+ 13  Ɔyeree aberante no, na ofew n’ano;Watõtõ n’ani awe, enti ɔka kyerɛɛ aberante no sɛ: 14  “Mabɔ asomdwoe afɔre.+ Ɛnnɛ matua me bɔhyɛ ade. 15  Ɛno nti na mapue abehyia wo yi.Mebae sɛ merebɛhwehwɛ wo, ɛnna mahu wo yi! 16  Mede mpa-so-tam kamakama asɛw me mpa so,Egypt ntama a ɛyɛ fɛ.+ 17  Mede kurobow ne pɛprɛ ne sinamon apetepete me mpa so.+ 18  Bra, ma yenni ɔdɔ nkosi anɔpa;Ma yɛmfa ɔdɔ nsɛpɛw yɛn ho. 19  Efisɛ me kunu nni fie;Watu kwan kɔ akyirikyiri. 20  Wafa sika kotoku akura.Ɔremma kosi da a ɔsram bɛyɛ kurukuruwa.” 21  Ɔde n’adɔkɔdɔkɔsɛm bebree no daadaa aberante no.+ Ɔde n’ano dɛdɛɛdɛ no nyaa no. 22  Otu dii n’akyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a wɔrekokum no,Te sɛ ɔkwasea a wɔde no rekɔbɔ dua mu* atwe n’aso,+ 23  Kosii sɛ agyan wɔɔ ne mmerɛbo mu;Sɛnea anomaa tu mmirika kɔtɔ afiri mu no, onnim sɛ ne nkwa* na ɔde reto asiane mu.+ 24  Enti afei me mma, muntie me;Monyɛ aso ntie m’anom nsɛm. 25  Mma wo koma mmman nnkɔfa n’akwan so. Mfom nkɔfa n’anammɔnkwan so.+ 26  Efisɛ wama wɔakunkum nnipa pii,+Na wɔn a wadi wɔn awu no dɔɔso.+ 27  Ne fi kɔ Ɔdamoa* mu;Esian kɔ owu mpia mu.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “me mmara.”
Nt., “ɔbea nanani.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “ɔbea hɔho.” Hwɛ Mme 2:16.
Anaa “ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm.”
Nt., “ne koma nni hɔ.”
Anaa “Wafura tuutuufo ntama.”
Nt., “Ne nan nnyina faako.”
Anaa “wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn rekogu no.”
Anaa “kra.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.