Genesis 37:1-36
37 Yakob kɔɔ so tenaa Kaanan asaase a ne papa kɔsoɛɛ so no so.+
2 Yakob ho nsɛm ni.
Bere a Yosef+ yɛ aberantewa a wadi mfe 17 no, na ɔne ne papa yerenom Bilha+ ne Silpa+ mma rehwɛ nguan.+ Yosef bɛkaa wɔn ho asɛmmɔne kyerɛɛ wɔn papa.
3 Saa bere no, na Israel dɔ Yosef sen ne mma no nyinaa,+ efisɛ na ɔyɛ ne nkwakoraabere mu ba, na ɔma wɔpam ataade soronko bi* maa no.
4 Bere a ne nuanom hui sɛ wɔn papa dɔ no sen wɔn nyinaa no, wɔfaa ne ho tan, na na wɔne no nkasa abodwo so.
5 Akyiri yi, Yosef soo dae, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom;+ ɛno maa ɔtan no yɛɛ kɛse.
6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, muntie dae bi a maso.
7 Nea ɛbae ne sɛ, na yɛwɔ wuram rekyekyere hwiit atifi atifi. Afei me hwiit a makyekyere no sɔre gyinae, na mo de no twaa me de no ho hyiae na ɛkotow no.”+
8 Ɛnna ne nuanom bisaa no sɛ: “Worebɛyɛ ɔhene adi yɛn so anaa?”+ Ne dae yi ne nsɛm a ɔkae no nti, wɔtan no sen kan no.
9 Ɛno akyi no, ɔsoo dae foforo, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Maso dae foforo. Saa dae yi de, mihui sɛ owia ne ɔsram ne nsoromma 11 rekotow me.”+
10 Ɔka kyerɛɛ ne papa ne ne nuanom, na ne papa kaa n’anim bisaa no sɛ: “Dae a woaso yi kyerɛ dɛn? Me ne wo maame ne wo nuanom nyinaa bɛba w’anim abɛkotow wo anaa?”
11 Afei ne nuanom ani beree no,+ nanso ne papa de asɛm no siee ne tirim.
12 Afei, ne nuanom de wɔn papa nguan kɔɔ adidi wɔ baabi a ɛbɛn Sekem.+
13 Akyiri yi, Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Sɛ́ wunim sɛ wo nuanom rehwɛ nguan wɔ Sekem mpɔtam hɔ? Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn.” Na obuae sɛ: “Mate, mɛkɔ!”
14 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔ na kɔhwɛ sɛnea wo nuanom ne mmoa no ho te, na bɛka kyerɛ me.” Enti ɔsomaa no fii Hebron+ Bon mu* kɔɔ Sekem.
15 Akyiri yi, ɔbarima bi hui sɛ wayera nenam wuram baabi. Ɛnna ɔbarima no bisaa no sɛ: “Dɛn na worehwehwɛ?”
16 Obuae sɛ: “Merehwehwɛ me nuanom. Mesrɛ wo, ɛhe na wɔde nguan no kɔ?”
17 Ɔbarima no kae sɛ: “Wɔafi ha kɔ. Metee sɛ wɔreka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ Dotan.’” Enti Yosef tiw ne nuanom, na okohuu wɔn wɔ Dotan.
18 Ne nuanom huu no wɔ akyirikyiri sɛ ɔreba, na wofii ase hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akum no.
19 Wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Monhwɛ, ɔdaesofo+ no na ɔreba no!
20 Mommra mma yenkum no nto nsubura yi bi mu, na yɛnkɔka sɛ aboa bi akyere no awe, na yɛnhwɛ nea ne dae no bɛkɔ akosi.”
21 Bere a Ruben+ tee no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegye no afi wɔn nsam. Enti ɔkae sɛ: “Mommma yennkum no.”+
22 Ruben ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnhwie mogya nngu.+ Mommfa mo nsa nnka no;*+ momfa no nto abura bi mu wɔ sare so ha.” Ná n’adwene nyinaa ne sɛ obegye no afi ne nuanom nsam de no asan akɔma ne papa.
23 Enti bere a Yosef duu ne nuanom nkyɛn ara pɛ na wɔworɔw n’ataade fɛfɛ a ɛhyɛ no no;+
24 afei wɔde no too abura no mu. Saa bere no na nsu biara nni abura no mu.
25 Afei wɔtenaa ase sɛ wɔredidi. Na bere a wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ Ismaelfo+ akwantufo bi fi Gilead reba. Ná wɔn yoma soso labdanum ne balsam aduhuam ne dua abona*+ a wɔde rekɔ Egypt.
26 Ɛnna Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Sɛ yekum yɛn nua yi na yɛkata so* a, mfaso bɛn na yebenya?+
27 Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no; momma yɛntɔn no+ mma Ismaelfo yi. Ɛyɛ dɛn ara a, ɔyɛ yɛn nua ne yɛn honam.” Enti wotiee wɔn nua no.
28 Afei bere a Midianfo+ aguadifo no rebetwam no, woyii Yosef fii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfo no gyee nnwetɛbona 20,+ na wɔde Yosef kɔɔ Egypt.
29 Akyiri yi, Ruben baa abura no ho, nanso na Yosef nni abura no mu. Ohuu saa no, osuan n’ataade mu.
30 Bere a ɔsan baa ne nuanom nkyɛn no, ɔteɛɛm sɛ: “Abofra no nni hɔ! Ɛdɛn koraa na mɛyɛ?”
31 Nea ɛbae ne sɛ, wɔfaa Yosef ataade no, na wokum apɔnkye de ataade no bɔɔ mogya no mu.
32 Na wɔde Yosef ataade no kɔmaa wɔn papa na wɔkae sɛ: “Yekohuu ataade yi wɔ baabi. Yɛsrɛ wo, hwɛ sɛ ɛyɛ wo ba no ataade anaa.”+
33 Na ɔdannan ataade no hwɛe, na ɔteɛɛm sɛ: “Ɛyɛ me ba no dea! Gyama aboa bi akyere no awe! Ɛbɛyɛ sɛ watetew Yosef mu!”
34 Ɛnna Yakob suan n’ataade mu, na ɔde awerɛhow ntama* sii n’asen suu ne ba no nna pii.
35 Ne mma mmarima ne ne mma mmea nyinaa yɛɛ biara sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wantie, na ɔkae sɛ: “Mede awerɛhow bɛkɔ me ba no nkyɛn wɔ Ɔdamoa* mu!”+ Na ne papa kɔɔ so ara suu no.
36 Midianfo no nso kɔtɔn no wɔ Egypt maa Potifar a ɔyɛ Farao mpanyimfo no mu baako,+ awɛmfo so panyin no.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Anaa “ataade tenten bi a ɛyɛ fɛ.”
^ Anaa “Asaasetraa so.”
^ Anaa “Monnyɛ no bɔne.”
^ Ná wɔde nsu a efi dua abona yi mu yɛ aduhuam.
^ Nt. “yɛkata ne mogya so.”
^ Anaa “atweaatam.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
^ Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.