Ɔde Kɔmaa Galatifo 3:1-29
3 O Galatifo a munni ntease, mo a wɔma muhuu pefee sɛ wɔabɔ Yesu Kristo asɛndua mu+ no, hena na ogyigyee mo kɔɔ bɔne mu saa?+
2 Ade baako a mepɛ sɛ mibisa mo* ne sɛ: Honhom a munyae no, monam mmara nnwuma so na enyae, anaasɛ monam asɛm a mutiei na mugye dii no so na enyae?+
3 Enti munni ntease koraa saa? Mfiase no, momaa honhom no kyerɛɛ mo kwan;* afei de ɔhonam na mode rewie anaa?+
4 Amane bebrebe a muhui no, mfaso biara amma so anaa? Minnye nni sɛ mfaso biara amma so.
5 Ɛnde nea ɔma munya honhom, na ɔyɛ anwonwade+ wɔ mo mu no, mmara nnwuma a moyɛ nti na ɔyɛ saa anaasɛ asɛm a motee na mugye dii no ntia?
6 Saa ara na Abraham “gyee Yehowa* dii, na wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.”+
7 Munim paa sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi no, wɔn na wɔyɛ Abraham mma.+
8 Afei esiane sɛ Kyerɛwnsɛm no ka too hɔ sɛ ɛnam gyidi so na Onyankopɔn bebu amanaman mufo bem nti, Onyankopɔn dii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: “Aman nyinaa nam wo so benya nhyira.”+
9 Enti wɔn a wɔwɔ gyidi no, wɔne Abraham a onyaa gyidi no+ nyinaa nya nhyira.
10 Wɔn a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma so nyinaa hyɛ nnome ase; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Nnome nka obiara a ɔmfa nea wɔakyerɛw wɔ Mmara nhoma yi mu nyinaa nyɛ adwuma na onni so daa.”+
11 Afei nso, ɛda adi pefee sɛ ɛkaa mmara nko a, anka wɔremmu obiara sɛ ɔteɛ wɔ Onyankopɔn anim,+ efisɛ “ɔtreneeni de, gyidi na ɛbɛma wanya nkwa.”+
12 Mmara no nnyina gyidi so, na mmom “obiara a odi so no nam so benya nkwa.”+
13 Kristo tɔɔ yɛn+ gyee yɛn+ fii Mmara nnome ase, na osii yɛn ananmu bɛyɛɛ nea wɔadome no, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Obiara a wɔasɛn no dua so no, nnome wɔ no so.”+
14 Ná atirimpɔw no ne sɛ Abraham nhyira bɛfa Yesu Kristo so aba amanaman no so,+ na yɛnam yɛn gyidi so anya honhom a wɔde ahyɛ bɔ+ no.
15 Anuanom, mede mfatoho a ɛfa nnipa asetena ho reka asɛm: Sɛ wɔhyɛ apam bi mu den na sɛ apam no yɛ onipa de mpo a, obiara ntumi mmɔ ngu anaa ɔmfa bi nka ho.
16 Abraham ne n’aseni* na wɔhyɛɛ wɔn bɔ.+ Ɛnka sɛ, “w’asefo,”* a ɛkyerɛ nnipa bebree, na mmom ɛka sɛ, “w’aseni,”* a ɛkyerɛ baako, kyerɛ sɛ, Kristo.+
17 Bio nso meka eyi: Apam a Onyankopɔn ahyɛ mu den no de, Mmara a mfe 430 akyi ɛbae+ no ntumi mmɔ ngu, na ɛrentumi ntwa bɔhyɛ no mu.
18 Na sɛ agyapade no gyina mmara so a, ɛnde ɛnyɛ bɔhyɛ bio; nanso Onyankopɔn nam bɔhyɛ so na ɔde agyapade no adom Abraham.+
19 Ɛnde Mmara no bɛyɛɛ dɛn? Wɔde kaa ho na mmarato ada adi+ akosi sɛ aseni* a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba;+ na wɔnam abɔfo so+ de faa ntamgyinafo bi so+ maa nnipa.
20 Ɔbaakofo ka asɛm a, ntamgyinafo mma mu. Saa ara na ɛte wɔ Onyankopɔn fam; bɔhyɛ no yɛ ɔno nkutoo anom asɛm.
21 Enti Mmara no tia Onyankopɔn bɔhyɛ anaa? Daabida! Na sɛ mmara a etumi ma nkwa na wɔde maa nnipa a, ɛnde anka trenee nam mmara so na ɛbɛba.
22 Nanso Kyerɛwnsɛm no de nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonya gyidi no benya bɔhyɛ a egyina Yesu Kristo mu gyidi so.
23 Nanso ansa na gyidi no reba no, wɔde mmara wɛn yɛn de yɛn siei, na yɛtwɛn gyidi a na wɔrebeyi no adi no.+
24 Enti Mmara no bɛyɛɛ yɛn kwankyerɛfo a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so+ sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi nti wobebu yɛn bem.+
25 Afei a gyidi no aba no,+ yenni kwankyerɛfo ase bio.+
26 Nea ɛte ne sɛ, Kristo Yesu mu gyidi a mowɔ+ nti mo nyinaa yɛ Onyankopɔn mma.+
27 Na mo a wɔbɔɔ mo asu kɔɔ Kristo mu nyinaa, moahyɛ Kristo.+
28 Yudani nni hɔ na Greeceni nni hɔ,+ akoa nni hɔ na ɔdehye nni hɔ,+ ɔbarima nni hɔ na ɔbea nni hɔ;+ efisɛ mo nyinaa yɛ onipa baako wɔ Kristo Yesu mu.+
29 Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnde na moyɛ Abraham asefo*+ ampa, adedifo*+ a mo nsa bɛka Onyankopɔn bɔhyɛ.+
Ase Hɔ Nsɛm
^ Nt., “misua fi mo hɔ.”
^ Nt., “mode honhom fii ase.”
^ Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.
^ Nt., “w’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.
^ Nt., “n’aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.
^ Nt., “aba.” Hebri kasa mu no, wɔka no sɛ ade baako, nanso etumi gyina hɔ ma dodow kabea.
^ Nt., “aba.”
^ Anaa “adehye.”