Nnwom 77:1-20
Wɔde ma dwom kyerɛfo; Yedutan* so. Asaf+ dwom.
77 Mɛma me nne so asu afrɛ Onyankopɔn;Onyankopɔn na mesu afrɛ no, na obetie me.+
2 Mehwehwɛ Yehowa m’ahohia da.+
Edu anadwo a, mema me nsa so kyerɛ no saa ara,*
Nanso minnya* awerɛkyekye.
3 Sɛ mekae Onyankopɔn a, misi apini;+Meyɛ basaa na m’ahoɔden sa.*+ (Sela)
4 Wuso m’ani akyi, enti mintumi nka m’ani ngu so;Mayɛ hagyahagya, na mintumi nkasa.
5 Mekaee tete mmere,+Mfe a abɛsen kɔ no.
6 Edu anadwo a, mekae me dwom;*+Midwinnwen ho wɔ me komam,+Na metɔ me bo ase* hwehwɛ mu yiye.
7 Yehowa bɛtow yɛn akyene afebɔɔ anaa?+
Enti n’ani rennye yɛn ho bio?+
8 Ne dɔ* asa anaa?
Enti ne bɔhyɛ remma mu mma awo ntoatoaso nyinaa?
9 Onyankopɔn nkae n’adom bio anaa?+Anaasɛ n’abufuw ama ne mmɔborɔhunu asa? (Sela)
10 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so ka sɛ: “Nea ɛreteetee me*+ ne sɛ:
Ɔsorosoroni no nka yɛn ho bio”?*
11 Mɛkae Yah nnwuma;Anwonwadwuma a tete no woyɛe no, mɛkae.
12 Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho,Na wo nneyɛe nso, mesusuw ho.+
13 O Onyankopɔn, w’akwan yɛ kronkron.
O Onyankopɔn, onyame bɛn na ɔyɛ kɛse te sɛ wo?+
14 Wone nokware Nyankopɔn a woyɛ anwonwade.+
Woama amanaman no ahu wo tumi.+
15 Wode w’ahoɔden* agye wo man,+Yakob ne Yosef mma no. (Sela)
16 O Onyankopɔn, nsu huu wo;Nsu nyinaa huu wo, na ɛperee.+
Subun nso hurui kutukutu.
17 Osu tɔ fii mununkum mu;
Ewim yɛɛ tumm na aprannaa boboom.Wototow w’agyan ma ɛpaa yerɛwyerɛw.+
18 W’aprannaa mmobom+ yɛɛ sɛ teaseɛnam nnyigyei;Anyinam maa wiase yɛɛ hann;+Asaase hinhimii na ɛwosowee biribiri.+
19 Ɛpo mu na na wo kwan da,+Na w’anammɔn kwan nso, na ɛda nsu pii mu;Nanso obiara anhu baabi a wode w’anammɔn sisii.
20 Wudii wo man anim sɛ nguankuw;+Wode wɔn hyɛɛ Mose ne Aaron nsa.+

